Daniel 11 – ASCB & KSS

Asante Twi Contemporary Bible

Daniel 11:1-45

1Na Mediani Dario ahennie afe a ɛdi ɛkan no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛgyina nʼakyi na mabɔ ne ho ban.)

Anafoɔ Fam Ne Atifi Fam Ahemfo

2“Na afei, mɛka mu nokorɛ akyerɛ wo: ahemfo mmiɛnsa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, deɛ ɔtɔ so ɛnan a ɔbɛnya ne ho akyɛn nkaeɛ no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden bɛhwanyane obiara atia Hela ahennie. 3Afei, ɔhene kɛseɛ bi bɛsɔre wɔ tumi mu a ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ. 4Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu ɛnan. Ɛrenkɔ nʼasefoɔ nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, ɛfiri sɛ, wɔbɛtutu nʼaheman no ase de ama afoforɔ.

5“Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asene no na ɔde tumi a ɛyɛ den bɛdi ahemman no so. 6Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnkofoɔ. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ba baa bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabaa no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmerɛ no mu no, ɔhene babaa, adehyeɛ a wɔka ne ho, nʼagya ne deɛ ɔgyinaa nʼakyi nyinaa no, wɔbɛyi wɔn ama.

7“Obi a ɔfiri anafoɔ fam babaa abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dom bɛba abɛhyɛne ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim. 8Ɔbɛfa wɔn anyame, nsɛsodeɛ a wɔde dadeɛ ayɛ ne wɔn ademudeɛ a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfeɛ bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afiri ɔhene a ɔwɔ atifi fam ho. 9Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛto ahyɛ ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no so, nanso ɔbɛsane nʼakyi akɔ nʼankasa asase so. 10Ne mmammarima bɛsiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde akodɔm kɛseɛ bɛkɔ te sɛ nsuo a ayiri, akɔko ara akɔduru atamfoɔ no aban no ho.

11“Afei, ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de abufuo kɛseɛ bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ akodɔm kɛseɛ, na ɔbɛdi wɔn so nkonim. 12Sɛ wɔde akodɔm no kɔ a, ahantan bɛhyɛ anafoɔ fam ɔhene no mu ma, na ɔbɛkunkum mpempem, nanso, ne nkonimdie no, ɛnkyɛre. 13Ɔhene a ɔwɔ atifi fam nso bɛboa akodɔm foforɔ a wɔdɔɔso sene kane deɛ no, na mfirinhyia bebree akyi no, ɔde akodɔm kɛseɛ a wɔwɔ akodeɛ bɛtu ɔsa.

14“Saa mmerɛ no mu, bebree bɛsɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam. Wɔn a wɔdi akakabensɛm wɔ wʼankasa wo nkurɔfoɔ mu no bɛte atua sɛdeɛ ɛteɛ wɔ anisoadehunu no mu no, nanso wɔrenni nkonim. 15Afei, ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abɛsisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wagye ho ban. Akodɔm a wɔwɔ anafoɔ fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano. 16Ntohyɛsoni no bɛyɛ deɛ ɔpɛ na obiara ntumi nnyina nʼanim. Ɔbɛgye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na ɔbɛnya tumi a ɔde bɛsɛe no. 17Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahennie no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babaa bɛma no awadeɛ, na ɔnam so agu nʼahennie no, nanso nʼatirimpɔ yi renyɛ yie na ɛremmoa no. 18Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi emu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomasoɔ bɛba awieeɛ na wadane abɔ no. 19Yei akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhunu no bio.

20“Deɛ ɔbɛdi nʼadeɛ no bɛsoma ɔtogyeni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya deɛ ɛbɛma nʼahennie no animuonyam atena hɔ. Mfirinhyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛmfiri abufuo anaa ɔko mu.

21“Obi a wɔmmu no na ɔnnyɛ ɔdehyeɛ na ɔbɛdi nʼadeɛ. Ɔbɛto ahyɛ ahennie no so ɛberɛ a ɛso nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye. 22Afei ɔbɛtɔre akodɔm a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ no ase. Wɔbɛsɛe akodɔm no ne ɔhene babarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no. 23Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa ɛkwan so bɛnya nnipa kakra bi na wapere tumi. 24Sɛ amantam a wɔyɛ adefoɔ no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛto ahyɛ wɔn so, na deɛ nʼagyanom ne ne nananom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ afodeɛ ne ahonyadeɛ ama nʼakyidifoɔ. Ɔbɛbɔ abantuo ho pɔ, nanso ɛbɛyɛ nna tiawa bi mu.

25“Ɔbɛnya akodɔm kɛseɛ na wanya ahoɔden ne akokoɔduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de akodɔm a wɔdɔɔso na wɔyɛ den bɛtu ɔsa, nanso, ɔrentumi nnyina, ɛsiane ɛpɔ ahodoɔ a wɔabɔ de atia no enti. 26Wɔn a ɔhene bɔ wɔn akɔnhoma no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwan nʼase; wɔbɛtwi afa ɔhene no asraafoɔ no so, na bebree nso bɛtotɔ wɔ ɔko mu. 27Ahemfo mmienu a bɔne adi wɔn tiri mu dɛm bɛtena ɛpono baako ho, adi atorɔ akyerɛ wɔn ho wɔn ho, nanso ɛnkɔsi hwee, ɛfiri sɛ, awieeɛ no bɛba ne ɛberɛ a wɔahyɛ no. 28Ɔhene a ɔwɔ atifi fam no de ahonyadeɛ bebree bɛsane akɔ ne ɔman mu, nanso, nʼakoma rempɛ apam kronkron no. Ɔbɛyɛ biribi atia apam kronkron no na wasane akɔ ne ɔman mu.

29“Ɛberɛ a wɔahyɛ no duru a, ɔbɛto ahyɛ anafoɔ aman so bio, nanso saa ɛberɛ yi deɛ, ɛrenyɛ yie mma no sɛ kane no. 30Ahyɛn a wɔfiri aman a ɛwɔ mpoano wɔ atɔeɛ fam no bɛko atia no, na nʼabasa mu bɛbu. Enti ɔbɛsane nʼakyi na ɔde nʼabufuo akɔwie apam kronkron no so, na ɔne wɔn a wɔpo apam kronkron no bɛyɛ baako.

31“Na nʼasraadɔm bɛsɔre. Wɔbɛgu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daadaa afɔrebɔ no. Wɔde abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba bɛsi anan mu. 32Ɔde nnaadaa bɛkɔ so asɛe wɔn a wɔbu apam no so, nanso wɔn a wɔnim wɔn Onyankopɔn no bɛsɔre atia no dendeenden.

33“Anyansafoɔ bɛkyerɛkyerɛ bebree, nanso, berɛ bi mu no, wɔbɛtotɔ akofena ano, wɔbɛhye wɔn, wɔbɛfa wɔn nnommum anaa wɔbɛfom wɔn nneɛma. 34Sɛ wɔhwe ase a, wɔbɛnya mmoa kakra, na bebree a wɔnni nokorɛ bɛkɔ akɔdɔm wɔn. 35Anyansafoɔ no mu bi bɛsuntisunti. Ɛnam so bɛma wɔasiesie wɔn, ahohoro wɔn ho fi na wɔayɛ wɔn a wɔn ho nni nkekaawa akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ ɛbɛba ɛberɛ a wɔahyɛ no.

Ɔhene A Ɔma Ne Ho So

36“Ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, ɔbɛma ne ho so, ayɛ ne ho kɛseɛ asene onyame biara, na waka deɛ obi ntee da afa anyame mu Onyame no ho. Ɔbɛnya nkɔsoɔ akɔsi sɛ abufuo berɛ no bɛba awieeɛ, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ deɛ wɔahyɛ ato hɔ no ba mu. 37Ɔbɛbu nʼagyanom anyame animtia. Ɔremfa mmaa no nyame a wɔdɔ no anaa onyame foforɔ biara nyɛ hwee, na mmom ɔbɛma ne ho so aboro wɔn nyinaa so. 38Ɔde aban no nyame, nyame a nʼagyanom nnim bɛsi wɔn anan mu; ɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔdemmoɔ ne akyɛdeɛ a ɛsom bo bɛdi no ni. 39Ɔde mmoa a ɔnya firi ananafoɔ nyame hɔ no bɛto ahyɛ aban a ɛyɛ den pa ara so, na wɔn a wɔgye no to mu no, ɔbɛhyɛ wɔn animuonyam. Ɔbɛyɛ wɔn sodifoɔ wɔ nnipa bebree so, na ɔbɛkyekyɛ asase no mu de ayɛ akatua.

40“Awieeɛ no duru a, ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ne no bɛko, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nso de nteaseɛnam, apɔnkɔsotefoɔ ne ɛpo so akodɔm bebree ahyia no. Ɔbɛto ahyɛ aman bebree so na watwi afa wɔn so te sɛ nsuyire. 41Ɔbɛto ahyɛ Asase Fɛɛfɛ no so. Aman bebree bɛhwehwe ase, nanso wɔbɛgye Edom, Moab ne Amon mu fa kɛseɛ afiri ne nsa mu. 42Ɔde ne tumi bɛkɔ aman bebree so; na Misraim remfiri mu mfi. 43Ɔde ne nsa bɛto ademudeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne Misraim ahonyadeɛ nyinaa so, na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ ayɛ nʼasomfoɔ. 44Nanso, amaneɛ a ɔbɛte afiri apueeɛ ne atifi fam bɛbɔ no hu, na ɔde abufuhyeɛ bɛfiri akɔ akɔsɛe bebree atɔre wɔn ase. 45Ɔbɛsi nʼadehye ntomadan wɔ ɛpo no ne bepɔ kronkron fɛfɛ no ntam. Na nʼawieeɛ bɛba a ɔrennya mmoa biara.

Kurdi Sorani Standard

دانیال 11:1-45

1لە ساڵی یەکەمی داریوشی مادی، لەگەڵی وەستام تاکو پشتگیری لێ بکەم و بیپارێزم.

پاشاکانی باشوور و باکوور

2«ئێستاش ڕاستیت پێ دەڵێم: سێ پاشای دیکە لە فارس پەیدا دەبن، پاشان چوارەمیان لە هەموویان دەوڵەمەندتر دەبێت. سامانەکەی بۆ بەدەستهێنانی هێز بەکاردەهێنێت، هەمووان لە دژی شانشینی یۆنان دەورووژێنێت. 3ئینجا پاشایەکی بە توانا پەیدا دەبێت و زۆر زاڵ دەبێت، چی پێ خۆش بێت دەیکات. 4بەڵام ئیمپراتۆریەتەکە لەوپەڕی هێزیدا تێکدەشکێت و بەسەر چوار لای زەویدا دابەش دەبێت، بەڵام نەک بۆ نەوەکانی، بەڵکو بۆ خەڵکی دیکە دەبێت، دەسەڵاتی پێشتری نامێنێت، چونکە ئیمپراتۆریەتەکەی بنبڕ دەبێت.

5«دوای ئەمە پاشای باشوور11‏:5 پاشای باشوور: مەبەستی لە پاشای میسر.‏ بەهێز دەبێت، بەڵام یەکێک لە میرەکانی لەو بەهێزتر دەبێت و بە دەسەڵاتێکی گەورەوە زاڵ دەبێت. 6پاش چەند ساڵێک پەیمان دەبەستن، کچی پاشای باشوور بۆ پەیمان بەستنەکە دێتە لای پاشای باکوور، بەڵام کچەکە هێزی نامێنێت، پاشای باشووریش نە خۆی و نە هێزی بەردەوام نابن. لەو کاتەدا کچەکە و باوکی و ئەوانەی هێنایان و لەگەڵ ئەوەش کە پشتگیری دەکرد بە دەستەوە دەدرێن.

7«ئینجا یەکێک لە بنەماڵەی کچەکە لە شوێنی ئەو هەڵدەستێتەوە. بەر لە سوپای پاشای باکوور دەگرێت و دەچێتە ناو قەڵاکەی، لێیان دەدات و سەرکەوتوو دەبێت. 8بت و پەیکەرە داڕێژراوەکان و قاپوقاچاغە بەنرخەکانیان کە لە زێڕ و زیو دروستکرابوون دەباتە میسر. دوای ئەمە ماوەی چەند ساڵێک واز لە پاشای باکوور دەهێنێت. 9ئینجا پاشای باکوور هێرش دەباتە سەر شانشینی پاشای باشوور، بەڵام دەگەڕێتەوە خاکەکەی خۆی. 10کوڕەکانی دەوروژێن و ئاپۆرەی سوپایەکی گەورە کۆدەکەنەوە کە وەک لافاوێکی بەهێز ڕادەماڵێت، بڵاو دەبێتەوە و بەردەوام دەبێت، هەتا شەڕ دەهێنێتە سەر قەڵای پاشای باشوور.

11«ئیتر پاشای باشوور ڕقی هەڵدەستێت و هێرش دەکاتە سەر پاشای باکوور، کە وا خەریکە سوپایەکی زۆر گەورەی کۆدەکاتەوە، بەڵام دەشکێنرێت. 12کاتێک سوپاکە ڕادەماڵرێت، پاشای باشوور بەفیز دەبێت و دەیان هەزار دەکوژێت، بەڵام سەرناکەوێت، 13چونکە پاشای باکوور دەگەڕێتەوە، سوپایەکی زۆرتر لەوەی جاری یەکەم کۆدەکاتەوە، پاش چەند ساڵێک بە سوپایەکی گەورە و چەک و تفاقێکی زۆرەوە پێشدەکەوێت.

14«لەو کاتەدا خەڵکانێکی زۆر لە دژی پاشای باشوور ڕادەپەڕن، بۆ بەدیهێنانی بینینەکە توندڕەوەکان لە گەلەکەت یاخی دەبن، بەڵام دەکەون. 15ئینجا پاشای باکوور دێت و مەتەرێزێک لێدەدات و شارە قەڵابەندەکە داگیر دەکات. هێزەکانی باشوور لەبەردەمیدا خۆیان ڕاناگرن، تەنانەت باشترین سەربازیشیان بەرگە ناگرێت. 16پاشای باکوور ئەوەی بیەوێ دەیکات، کەسیش نابێت بەرەنگاری بێتەوە. لەناو خاکە دڵگیرەکەدا11‏:16 مەبەستی لە خاکی ئیسرائیلە.‏ ڕادەوەستێت و هەمووی لەژێر دەستی ئەودا دەبێت. 17مکوڕ دەبێت لەسەر ئەوەی بە هەموو دەسەڵاتی پاشایەتییەکەیەوە بێت و پەیمان لەگەڵ پاشای باشوور ببەستێت. کچەکەی دەداتێ بۆ ئەوەی پاشایەتی باشوور تێکبدات، بەڵام پیلانەکانی سەرناکەون و سوودمەند نابن. 18پاشان ڕوو دەکاتە کەنارەکان و زۆریان داگیر دەکات، بەڵام فەرماندەیەک کۆتایی بە لووتبەرزییەکەی دەهێنێت، بەڵکو لووتبەرزییەکەی بەسەر خۆیدا دەداتەوە. 19ئینجا دەگەڕێتەوە قەڵاکانی خاکەکەی خۆی، بەڵام ساتمە دەکات و دەکەوێت، ئیتر نامێنێت.

20«جێنشینەکەی باجگرێک دەنێرێت بۆ بەردەوام بوونی شکۆمەندی پاشایەتییەکەی. لە ماوەیەکی کورتدا تێکدەشکێت، بەڵام نە بە تووڕەیی و نە بە جەنگ.

21«ئینجا ناکەس بەچەیەک شوێنی دەگێڕێتەوە کە شکۆمەندی پاشایەتی نەدراوەتێ. کاتێک خەڵکی بە ئاسوودەیی دەژین لەناکاو دێت و بە فێڵ دەست بەسەر پاشایەتییەکەدا دەگرێت. 22چەندین سوپای زەبەلاح لە بەرامبەر ئەو تێکدەشکێن و ڕادەماڵرێن، هەروەها میری پەیمانیش. 23هەرکە پەیمانێک دەبەستێت، فێڵ لە هاوپەیمانەکەی دەکات، بە خەڵکێکی کەمەوە دەگاتە دەسەڵات. 24کاتێک هەرێمە دەوڵەمەندەکان لە ئارامیدان بەسەریاندا دەدات، ئەوە دەکات کە نە باوک و نە باپیرانی کردوویانە. تاڵانی و دەستکەوت و سامان بەسەر شوێنکەوتووانیدا دابەش دەکات. پیلان بۆ داگیرکردنی قەڵاکان دادەڕێژێت، بەڵام تەنها بۆ ماوەیەک دەبێت.

25«بە سوپایەکی گەورە و بە ئازایەتییەوە هێزەکەی لە دژی پاشای باشوور دەوروژێنێت، پاشای باشووریش بە سوپایەکی گەورە و بەهێزەوە خۆی بۆ جەنگ ئامادە دەکات، بەڵام بەرگە ناگرێت، چونکە پیلان لە دژی دەگێڕن. 26ئەوانەی لە خواردنە خۆشەکانی دەخۆن، دەیشکێنن و سوپاکەی ڕادەماڵرێت، زۆر کەس دەکوژرێن. 27ئەم دوو پاشایەش دڵیان لەلای خراپەیە، لەسەر یەک مێز دادەنیشن و درۆ بۆ یەکتری دەکەن، بەڵام سەرناکەون، چونکە کۆتایی لە کاتی دیاریکراودا دێت. 28پاشای باکوور بە دەستکەوتێکی زۆرەوە دەگەڕێتەوە خاکەکەی خۆی، بەڵام لە دڵەوە لە دژی پەیمانە پیرۆزەکەیە. دژایەتییەکە دەکات، ئینجا دەگەڕێتەوە خاکەکەی خۆی.

29«لە کاتی دیاریکراودا دەگەڕێتەوە و هێرش دەباتەوە بۆ باشوور، بەڵام ئەم جارەیان وەک جاری یەکەم نابێت. 30لە کەنارەکانی ڕۆژئاواوە کەشتییەکان دێنە سەری، ئینجا کۆڵدەدات. دەگەڕێتەوە و لە پەیمانە پیرۆزەکە تووڕە دەبێت، ئەوانەش پاداشت دەکات کە وازیان لە پەیمانە پیرۆزەکە هێناوە.

31«سوپاکەی ئەو دێن و پیرۆزگای قەڵابەند گڵاو دەکەن، قوربانی ڕۆژانە دادەماڵن و قێزەونی وێرانکەر دادەنێن. 32ئەوانەی پەیمان دەشکێنن بە فێڵ هەڵیاندەخەڵەتێنێت، بەڵام ئەو گەلەی خودای خۆیان دەناسن بەهێز دەبن و دژایەتی ئەو دەکەن.

33«تێگەیشتووان خەڵکێکی زۆر فێر دەکەن، هەرچەندە بۆ ماوەیەک بە شمشێر و ئاگر دەکوژرێن یان تاڵان و ڕاپێچ دەکرێن. 34کاتێک دەکەون بە کەمی یارمەتی دەدرێن، زۆر کەسیش بەبێ دڵسۆزی دەچنە ڕیزیان. 35هەندێک لە تێگەیشتووان ساتمە11‏:35 پێ هەڵکەوتن یان تووشبوون بە بەڵایەک کە لە کەوتن نزیکیان بکاتەوە.‏ دەکەن، بۆ پوختەبوون و پاکبوونەوە و بێ لەکە بوونیان هەتا کاتی کۆتایی، چونکە لە کاتی دیاریکراو دێت.

ئەو پاشایەی خۆی بە گەورە دەزانێت

36«پاشا بە ویستی خۆی دەکات. خۆی بە گەورە و بە زل دەزانێت لەسەر هەموو خودایەک، کفری ترسناک لە دژی خودای خودایان دەکات. هەتا کاتی تەواوبوونی تووڕەییەکە سەرکەوتوو دەبێت، چونکە ئەوەی بڕیاری لەسەر دراوە هەر دەبێت پیادە بکرێت. 37نە گوێ بە خوداوەندەکانی باوباپیرانی دەدات و نە بەوەی ژن دایهێناوە11‏:37 لەوانە مەبەستی لە تەمووزی خوداوەند بێت، کە لە ئەندێشەی ئەو سەردەمە ئەو خوداوەندە توانای منداڵ بەخشینی هەبووە بە ژنان.‏، گوێ بە هیچ خوداوەندێک نادات. بەڵکو خۆی لە هەموویان بە گەورەتر دەزانێت. 38لە جیاتی ئەوان ڕێز لە خوداوەندی قەڵاکان دەگرێت، خوداوەندێکە کە باوباپیرانی نەیانناسیوە، بە زێڕ و زیو و بەردی گرانبەها و دیاری بە نرخ ڕێزی لێ دەگرێت. 39بە یارمەتی ئەو خوداوەندە بێگانەیە پەلاماری قەڵا پتەوەکان دەدات. زۆر ڕێز لەوانە دەگرێت کە دەچنە ژێر باڵی. دەیانکاتە فەرمانڕەوای خەڵکێکی زۆر، خاکەکە بە پاداشت دابەش دەکات.

40«لە کاتی کۆتاییدا پاشای باشوور جەنگی لەگەڵدا بەرپا دەکات، پاشای باکووریش بە گالیسکە و سوار و بە کەشتیگەلی زۆرەوە وەک ڕەشەبا لە دژی هەڵدەکات. پەلاماری چەندین وڵات دەدات، وەک لافاو ڕایاندەماڵێت. 41هەروەها پەلاماری خاکە دڵگیرەکە دەدات. زۆر کەس دەکوژرێن، بەڵام ئەدۆم و مۆئاب و میرەکانی عەمۆنییەکان لە دەستی دەرباز دەبن. 42دەسەڵاتی خۆی بەسەر زۆر وڵاتدا بڵاو دەکاتەوە، میسریش ڕزگاری نابێت. 43دەست بەسەر گەنجینەکانی زێڕ و زیو و هەموو سامانی میسردا دەگرێت، لیبییەکان و کوشییەکانیش ملکەچی دەبن. 44بەڵام چەند هەواڵێکی ترسناکی لە ڕۆژهەڵات و باکوورەوە پێ دەگات و ئەو دەهەژێنێت، بە تووڕەییەکی زۆرەوە بەڕێدەکەوێت بۆ کاولکردن و قڕکردنی خەڵکانێکی زۆر. 45چادری شاهانەی لەنێوان دەریاکان و کێوی دڵگیری پیرۆز هەڵدەدات. بەڵام دەگاتە کۆتایی خۆی، کەسیش یارمەتی نادات.