Atemmufoɔ 18 – ASCB & NUB

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 18:1-31

Dan Abusuakuo Mu Ahonisom

1Saa ɛberɛ no mu na Israel nni ɔhene. Na Dan abusuakuo rehwehwɛ baabi atena, ɛfiri sɛ, na wɔntumi mpamoo nnipa a wɔte asase a wɔde maa wɔn no so. 2Enti, mmarima a wɔfiri Dan abusuakuo yii akofoɔ enum a na wɔte Sora ne Estaol sɛ wɔnkɔpɛ asase a wɔbɛtumi atena so.

Ɛberɛ a saa akofoɔ yi duruu Efraim bepɔ asase so no, wɔkɔɔ Mika fie kɔdaa hɔ anadwo no. 3Wɔtiee Lewini aberanteɛ no sɛdeɛ ɔkasa no, wɔde no kɔɔ nkyɛn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔde wo baa ha na ɛdeɛn na woreyɛ? Na adɛn enti na wowɔ ha?” 4Ɔkaa nhyehyɛeɛ a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfoɔ ma Mika.

5Na wɔkaa sɛ, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantuo yi bɛsi yie anaasɛ ɛrensi yie.”

6Ɔsɔfoɔ no kaa sɛ, “Monkɔ no asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, Awurade bɛdi mo anim wɔ mo akwantuo no mu.”

7Na mmarima baanum no kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wɔhunuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfoɔ na ɛte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoeɛ ne banbɔ. Na nnipa no wɔ sika, ɛfiri sɛ, na wɔn asase no yɛ asase bereɛ. Na wɔne Sidon ntam twe yie, na wɔnni adɔmfoɔ a wɔbɛn.

8Ɛberɛ a wɔsane kɔɔ Sora ne Estaol no, wɔn nuanom bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mohunuiɛ?”

9Na wɔbuaa sɛ, “Momma yɛnkɔto nhyɛ wɔn so! Yɛahunu asase no na ɛyɛ pa ara. Monntwentwɛn mo nan ase koraa, monkɔfa asase no. 10Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu nnipa a hwee mfa wɔn ho wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn asase bereɛ yantamm a biribiara wɔ so.”

11Enti, akofoɔ ahansia a wɔfiri Dan abusuakuo mu sii mu firii Sora ne Estaol. 12Wɔkyeree nsraban wɔ beaeɛ bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔeɛ fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan bɛsi ɛnnɛ. 13Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔ asase no so, baa Mika fie.

14Enti, mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Asɔreeɛ bi wɔ ha a asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni, nsɛsodeɛ a wɔasene ne ohoni a wɔagu ho wɔ hɔ. Monim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” 15Enti, mmarima baanum no kɔɔ Mika fie, baabi a Lewini aberanteɛ no teɛ na wɔkyeaa no fɛ so. 16Saa ɛberɛ no na akofoɔ ahansia a wɔfiri Dan abusuakuo mu no gyinagyina abɔntenpono no ano pɛɛ, 17na akwansrafoɔ baanum no kɔɔ asɔreeɛ hɔ, kɔfaa nsɛsodeɛ a wɔasene, asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni ne ohoni a wɔagu no.

18Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ no hunuu sɛ mmarima no retwe akronkronneɛ no afiri Mika asɔreeɛ hɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi?”

19Wɔbuaa no sɛ, “Mua wʼano! Di yɛn akyi na bɛyɛ yɛn nyinaa agya ne yɛn ɔsɔfoɔ. Wonnye nni sɛ ɛyɛ sɛ wobɛyɛ Israel abusuakuo bi ɔsɔfoɔ sene sɛ wobɛyɛ onipa baako fidua mu ɔsɔfoɔ?” 20Ɔsɔfoɔ aberanteɛ no ani gyeeɛ sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Enti ɔfaa asɔfotadeɛ kronkron no, abusua ahoni ne nsɛsodeɛ a wɔasene no. 21Wɔsiim bio de wɔn mma, nyɛmmoa ne wɔn agyapadeɛ, dii wɔn anim.

22Ɛberɛ a Dan abusuakuo mu nnipa no afiri Mika fie kɔ akyirikyiri no, Mika ne nʼafipamfoɔ mu bi tii wɔn. 23Wɔbɛn wɔn no wɔteateaam. Na Dan mmarima no danee wɔn ani kaa sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ? Adɛn enti na woafrɛ nnipa yi aboa ano na moretaa yɛn sei?”

24Mika buaa sɛ, “Wobisa sɛ ɛdeɛn na worehwehwɛ a na wokyerɛ sɛn? Moafa mʼanyame nyinaa ne me ɔsɔfoɔ, na menni hwee bio!”

25Dan mmarima no buaa sɛ, “Hwɛ deɛ woka no yie! Yɛn mu bi bo nkyɛre fu, anhwɛ a wɔn bo bɛfu na wɔakum wo ne wʼabusuafoɔ.” 26Enti, Dan mmarima no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Mika hunuu sɛ nnipa no dɔɔso a enti ɔntumi nto nhyɛ wɔn so no, ɔdanee ne ho kɔɔ efie.

27Dan mmarima faa Mika ahoni ne ne ɔsɔfoɔ no de wɔn baa kuro Lais a emu nnipa wɔ asomdwoeɛ ne banbɔ no mu. Wɔto hyɛɛ emu nnipa no so, kunkumm wɔn nyinaa, hyee kuro no dworobɛɛ. 28Na obiara nni hɔ a ɔbɛgye kuro no mufoɔ, ɛfiri sɛ, na deɛ wɔte no ne Sidon mu twe na wɔnni adɔmfoɔ a wɔbɛn nso. Saa asɛm yi sii bɔnhwa a ɛbɛn Bet-Rehob no mu.

Afei, Dan abusuakuo no mma sane kyekyeree kuro no, na wɔtenaa hɔ. 29Wɔde kuro no too Dan a ɔyɛ wɔn tete agya Israel no ba, na kane no wɔfrɛ hɔ Lais.

30Afei, wɔgyinaa nsɛsodeɛ a wɔasene no na wɔfaa Gersom babarima Yonatan a ɔyɛ Manase aseni sɛ wɔn ɔsɔfoɔ. Saa fie yi mu nnipa kɔɔ so yɛɛ asɔfoɔ maa Dan abusuakuo kɔsii Otukorɔ berɛ. 31Enti Dan abusuakuo no toaa so somm nsɛsodeɛ a ɛyɛ Mika dea no wɔ ɛberɛ tenten a na Onyankopɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no wɔ Silo.

Swedish Contemporary Bible

Domarboken 18:1-31

Mikas avgudar blir stulna

1Det fanns inte någon kung i Israel vid den här tiden. Daniterna försökte fortfarande hitta en plats att slå sig ner på, för de hade ännu inte fått ett eget område bland Israels stammar. 2De valde ut fem tappra män från Sora och Eshtaol att spionera på landet där de skulle bo. De representerade varje släkt i stammen och uppmanades att gå och utforska landet. När de kom till Efraims bergsbygd, stannade de i Mikas hem över natten. 3De lade märke till den unge levitens dialekt och tog honom avsides och frågade: ”Vem förde dig hit? Vad gör du här? Varför har du kommit hit?” 4Då berättade han för dem om vad Mika gjort för honom och att han var dennes personlige präst.

5”Då kan du väl fråga Gud om vår resa kommer att lyckas”, bad de honom. 6”Ja”, svarade prästen. ”Ni kan lugnt gå. Herren kommer att ta hand om er.”

7De fem männen fortsatte och kom till Lajish där de lade märke till hur trygga alla verkade vara. Människorna där uppträdde precis som de lugna och säkra sidonierna. Dessutom saknades ingenting i landet utan de var rika. De levde lugnt och fredligt och bodde långt från Sidon och hade mycket liten eller ingen kontakt med andra människor.

8De fem spionerna återvände så småningom till sitt folk i Sora och Eshtaol. ”Nå, hur var det? Vad säger ni?” frågade man dem.

9Männen svarade: ”Låt oss gå till anfall! Vi har sett landet och det är rikt. Det är bara för oss att inta det. Tveka inte! Inta det! 10När ni kommer dit, kommer ni till ett folk som lever i trygghet och ett land där det finns gott om plats. Gud har gett oss detta land där ingenting saknas.”

11Så drog sexhundra beväpnade män ur Dans stam ut från Sora och Eshtaol. 12De slog läger vid Kirjat-Jearim i Juda och den platsen kallas än i dag för Dans läger. Det ligger väster om Kirjat-Jearim. 13Sedan fortsatte de till Efraims bergsbygd och kom till Mikas hus.

14De fem som varit och spionerat i landet sa till de övriga: ”Det finns en efod därinne, husgudar och en snidad och gjuten gudabild. Det är ju självklart vad ni ska göra!”

15De gick fram till den unge leviten Mikas hus och hälsade på honom. 16De sexhundra beväpnade daniterna ställde sig vid ingången. 17Sedan gick de fem fram som varit och spionerat där och lade beslag på den snidade gudabilden, efoden, husgudarna och den gjutna gudabilden. Prästen stod vid ingången tillsammans med de sexhundra beväpnade männen.

18De fem gick in i Mikas hus och tog den snidade gudabilden, efoden, husgudarna och den gjutna gudabilden. ”Vad gör ni?” frågade prästen.

19”Var tyst och följ med oss”, sa de. ”Bli fader och präst åt oss i stället! Är det inte bättre för dig att vara präst åt en hel stam i Israel än åt bara en enda man i hans privata hus?”

20Prästen blev då mycket glad åt att få följa med dem och han tog med efoden, husgudarna och den snidade avgudabilden. 21De fortsatte sedan sin vandring med barnen, boskapen och de mest värdefulla ägodelarna främst i kolonnen.

22När de hunnit en bit på väg från Mikas hem, kom Mika och hans grannar efter dem 23och ropade till dem att stanna. Daniterna vände sig då till honom och frågade: ”Vad menar du med att förfölja oss på det här sättet?” 24Mika svarade: ”Ni har tagit med er alla mina gudar som jag låtit göra och min präst och jag har ingenting kvar. Sedan undrar ni vad det är fråga om!”

25”Vi vill inte höra ett ord till från dig”, svarade männen. ”Annars kan det hända att någon ilsknar till och dödar dig och er allesammans.”

26De fortsatte sin färd och när Mika såg att de var starkare än han, vände han om hem.

27De nådde snart fram till Lajish med föremålen som Mika hade gjort och med hans präst. De dödade det intet ont anande folket med svärd och brände sedan ner staden. 28Ingen kom för att hjälpa invånarna i staden, för de bodde alldeles för långt borta från Sidon och de hade inte kontakt med andra människor.

Staden låg i dalen nära Bet-Rechov. Dans män byggde upp staden igen och bosatte sig där. 29Staden fick namnet Dan efter deras förfader, Israels son, men ursprungligen hette den Lajish.

30De satte upp avgudabilden och utvalde Jonatan, Gershoms son och Moses18:30 I en del handskrifter och tidiga översättningar Manasse, som var en avfällig kung (2 Kung 21:1-7), möjligen ändrad av fromma skrivare som inte kunde förknippa namnet Mose med en avgudakult. sonson, att tillsammans med sina söner bli deras präster ända till dess att folket blev förvisat 31och Mikas avgudastaty, som de ställde upp, tillbads av Dans stam så länge Guds helgedom var kvar i Shilo.