Atemmufoɔ 16 – ASCB & HOF

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 16:1-31

Samson Tutu Gasa Apono

1Ɛda bi, Samson kɔɔ Filistifoɔ kuropɔn Gasa mu, na ɔne ɔbaa dwamanfoɔ bi kɔdaa anadwo no. 2Ankyɛre na kuro mma no tee sɛ Samson wɔ hɔ, enti Gasa mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔtwɛnee kuro no ɛpono ano anadwo mu no nyinaa. Wɔyɛɛ komm anadwo no kaa sɛ, “Adeɛ kye a yɛbɛkum no.”

3Na Samson daa hɔ ara kɔsii dasuo mu. Ɔsɔre sɔɔ kuro no apono no ne nʼaponnwa mmienu mu hodwoo no, na ɔtutuu dadeɛ abaa a ɛda akyire ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Ɔde ne nyinaa guu ne mmatire so, soa de kɔɔ bepɔ bi a ɛne Hebron di nhwɛanimu no atifi.

Samson Ne Delila

4Akyire no, Samson nyaa ɔbaa bi wɔ Sorek bɔnhwa no mu a na wɔfrɛ no Delila. 5Filistifoɔ16.5 Na Filistia yɛ nkurotoɔ enum a aka abom a wɔwɔ ahemfo baanum. ntuanofoɔ kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ sɛ wobɛtumi adaadaa Samson ma wakyerɛ wo deɛ ɛma ɔnya ahoɔden saa ne sɛdeɛ yɛbɛtumi adi ne so, akyekyere no pampee. Na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena kilogram dumienu ne fa.”

6Enti, Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ, “Mesrɛ wo kyerɛ me deɛ ɛma wo ahoɔden saa ne deɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi akyekyere wo pampee.”

7Samson buaa no sɛ, “Sɛ obi de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛ te sɛ onipa biara.”

8Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ brɛɛ Delila maa ɔde kyekyeree Samson. 9Saa ɛberɛ yi na ɔde mmarima atɛ wɔ adan a ɛwɔ ne fie no mu baako mu, na ɔteaam sɛ, “Samson, Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Nanso, ɔtetee agyan nhoma nson a ɛnwoeɛ no mu te sɛ ahoma bi a wɔde aka ogya dɛreɛ. Enti, wɔanhunu nʼahoɔden no ahintasɛm.

10Akyire yi, Delila ka kyerɛɛ no sɛ, “Wodii me ho fɛ, twaa me nkontompo. Afei, mesrɛ wo kyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee.”

11Samson buaa no sɛ, “Sɛ wɔde ntampehoma mono a wɔmfa nnii dwuma biara da kyekyere me a, meyɛ mmerɛ te sɛ onipa obiara.”

12Enti, Delila kɔfaa ntampehoma mono de kyekyeree no. Saa ɛberɛ no na mmarima no akɔtɛ wɔ dan mu te sɛ kane no. Bio, Delila teaam frɛɛ no sɛ, “Samson! Filistifoɔ aba sɛ wɔrebɛkye wo!” Nanso, Samson tetee ntampehoma no mu firii ne nsa so te sɛ asaawa bi.

13Delila ka kyerɛɛ no sɛ, “Wodii me ho fɛ, twaa me nkontompo! Worenkyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee anaa?”

Samson buaa no sɛ, “Sɛ wonwono me tirinwi mmɛsa nson no bɔ ntoma bamma a ɛwɔ wʼakurokurowa no mu a, mɛyɛ mmerɛ te sɛ obiara.” Enti ɔdaeɛ no, Delila bɔɔ ne tirinwi mmɛsa nson no 14de bɔɔ ntoma bamma a ɛwɔ akurokurowa no so.

Bio, ɔteaam sɛ, “Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Ɛhɔ ara, Samson nyaneeɛ, twee akurokurowa no yii ne tirinwi no firii ntoma bamma no mu.

15Delila sɔm nʼano kaa sɛ, “Wotumi ka sɛ wodɔ me, wɔ ɛberɛ a wonka wo kokoamsɛm nkyerɛ me? Woadi me ho fɛ mprɛnsa, nanso wonkaa deɛ ɛma wo ahoɔden no nkyerɛɛ me!” 16Odwan ne ho adekyeɛ biara kɔsii sɛ afei na wabrɛ no.

17Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no sɛ, “Wɔnyii me tirinwi da, ɛfiri sɛ, wɔde me maa Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu. Sɛ wɔyi me tirinwi a, mʼahoɔden no bɛfiri me mu ama mayɛ mmerɛ te sɛ obiara.”

18Delila hunuu sɛ afei deɛ waka nokorɛ akyerɛ no no, ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Mommra bio, ɛfiri sɛ waka biribiara akyerɛ me.” Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no sane wɔn akyi kɔfaa sika no baeɛ. 19Delila dɛfɛdɛfɛɛ Samson ma ɔdaeɛ a, ne ti da ne srɛ so. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi baeɛ ma ɔbɛyii ne tirinwi sɛdeɛ ne kyere no bɛyɛ yie. Na nʼahoɔden no firii ne mu. 20Afei, ɔteaam sɛ, “Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!”

Ɔnyaneeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Mɛyɛ sɛdeɛ kane no na meyɛ no mɛwoso me ho agye me ho.” Nanso na ɔnnim sɛ Awurade afiri ne mu.

21Na Filistifoɔ no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na wɔguu no kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ ma ɔyamm atokoɔ wɔ nnedua fie. 22Nanso, ankyɛre na ne tirinwi no hyɛɛ aseɛ fuiɛ.

Samson Nkonimdie A Ɛdi Akyire

23Filistifoɔ ntuanofoɔ hyɛɛ fa kɛseɛ bi, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn nyame Dagon dii ahurisie kaa sɛ, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn ɔtamfoɔ no ahyɛ yɛn nsam!”

24Ɛberɛ a nnipa no hunuu no no, wɔkamfoo wɔn nyame kaa sɛ,

“Yɛn nyame de yɛn ɔtamfoɔ

ahyɛ yɛn nsam;

deɛ ɔkunkumm yɛn mu bebree no

yɛn nsa aka no!”

25Nnipa no boroo nsã kakra no, wɔhyɛɛ sɛ, “Momfa Samson mmra na ɔmmɛgye yɛn ani.” Enti, wɔyii Samson firii nnedua fie. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini wɔ adum mmienu a ɛkura ɛdan no mmɔsoɔ no ntam.

26Samson ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a ɔkura ne nsa rekyerɛ no kwan no sɛ, “Ma memfa me nsa nsosɔ adum mmienu no mu, na mennye mʼahome.” 27Na nnipa ahyɛ asɔrefie hɔ ma tɔ. Filistifoɔ ntuanofoɔ no nyinaa wɔ hɔ bi. Na ɛdan no so mmɔsoɔ no nso na mmarima ne mmaa bɛyɛ mpensa wɔ so a wɔrehwɛ Samson na wɔredi ne ho fɛ.

28Na Samson su frɛɛ Awurade sɛ, “Ao Otumfoɔ Awurade, kae me bio. Ao Onyankopɔn, mesrɛ wo ma me ahoɔden bio na mentua Filistifoɔ so ka wɔ mʼani a wɔatutu no so.” 29Afei Samson sosɔɔ adum mmienu a ɛwɔ asɔrefie no mfimfini no mu. Ɔde nʼahoɔden nyinaa piaeɛ. 30Samson bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ma me ne Filistifoɔ no nwu.” Na asɔrefie no dwiri guu Filistifoɔ ntuanofoɔ no ne nnipa no nyinaa so. Enti, ɔkumm nnipa bebree sene dodoɔ a ɔkumm wɔn ɛberɛ a na ɔte ase no.

31Akyire yi, ne nuammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔaka kɔfaa no. Wɔde no kɔɔ ne kurom kɔsiee no wɔ Sora ne Estaol ntam, baabi a wɔsiee nʼagya Manoa hɔ. Samson dii Israelfoɔ so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu.

Hoffnung für Alle

Richter 16:1-31

Simson befreit sich aus Gaza

1Einmal kam Simson nach Gaza. Dort sah er eine Prostituierte und ging zu ihr ins Haus. 2Schnell sprach es sich unter den Bewohnern der Stadt herum: »Simson ist hier!« Die Philister umstellten das Haus und legten sich die Nacht über am Stadttor auf die Lauer. Sie beschlossen: »Solange es dunkel ist, unternehmen wir nichts. Erst im Morgengrauen bringen wir ihn um!«

3Simson lag bis Mitternacht im Bett. Dann stand er auf und ging zum Stadttor. Er packte die Torflügel, riss sie mit Pfosten und Querbalken heraus, nahm sie auf die Schultern und trug sie auf den Gipfel des Berges, der in Richtung Hebron liegt.

Die Philister stellen Simson eine Falle

4Einige Zeit später verliebte sich Simson in eine Frau namens Delila, die im Sorek-Tal wohnte. 5Einige Fürsten der Philister kamen zu ihr und forderten sie auf: »Du weißt, dass Simson dich liebt. Nutz das doch aus und frag ihn, woher seine große Kraft stammt, damit wir ihn überwältigen können. Finde heraus, womit man ihn fesseln kann! Jeder von uns gibt dir dafür 1100 Silberstücke.«

6Delila fragte Simson: »Willst du mir nicht anvertrauen, warum du so stark bist? Gibt es Fesseln, die du nicht zerreißen kannst?« 7Er antwortete: »Wenn man mich mit sieben frischen Sehnen bindet, die noch nicht trocken sind, dann werde ich so schwach wie jeder andere Mensch.« 8Die Fürsten besorgten sieben solcher Sehnen, und Delila fesselte Simson damit, 9während einige Philister im Nebenzimmer lauerten. Dann rief sie: »Simson! Die Philister kommen!« Da zerriss er die Sehnen, als wären sie angesengte Bindfäden. Das Geheimnis seiner Kraft hatte er nicht verraten.

10Delila warf ihm vor: »Du hast mich getäuscht und belogen! Sag mir, wie man dich wirklich fesseln kann!« 11Er antwortete: »Wenn man mich mit neuen Seilen bindet, die noch nie gebraucht worden sind, habe ich so wenig Kraft wie jeder andere.« 12Delila nahm solche Seile und fesselte Simson damit. Wieder lauerte man ihm nebenan auf. Aber als sie rief: »Simson! Die Philister kommen!«, riss er die Seile von seinen Armen wie Fäden.

13»Immer täuschst du mich«, klagte Delila, »ständig belügst du mich! Verrate mir endlich, womit man dich binden kann!« Simson erwiderte: »Du musst meine sieben Haarflechten im Webstuhl einweben!« 14Als er schlief, wob Delila sein Haar hinein und befestigte es mit dem Pflock. Dann rief sie: »Simson! Die Philister!« Er sprang auf und riss das Gewebe samt dem Pflock heraus.

15Erneut machte Delila ihm Vorwürfe: »Wie kannst du noch behaupten, dass du mich liebst? In Wahrheit gehört dein Herz mir gar nicht! Dreimal hast du mich belogen und mir immer noch nicht verraten, warum du so stark bist.« 16Tag für Tag redete sie auf ihn ein. Sie drängte ihn so sehr, dass er es zuletzt nicht mehr ertragen konnte 17und sein Geheimnis preisgab: »Ich bin von Mutterleib an Gott geweiht, niemals hat man mir die Haare geschnitten. Ohne sie würde ich meine Kraft verlieren und schwach werden wie jeder andere.«

18Delila wusste, dass er ihr jetzt die Wahrheit gesagt hatte. Sie benachrichtigte die Fürsten der Philister: »Kommt! Er hat mir alles anvertraut!« Da kamen sie und brachten die versprochenen Silberstücke mit.

19Delila ließ Simson in ihrem Schoß einschlafen. Dann winkte sie einen Mann herbei und schnitt Simsons sieben Haarflechten ab. Während sie es tat, verlor er seine Kraft. 20»Simson«, rief sie dann, »die Philister sind da!« Er wachte auf und meinte, er könnte sich wieder befreien und losreißen. Er wusste nicht, dass der Herr sich von ihm abgewandt hatte. 21Die Philister packten Simson und stachen ihm die Augen aus. Dann brachten sie ihn nach Gaza, fesselten ihn mit Ketten aus Bronze und warfen ihn ins Gefängnis. Dort musste er die Kornmühle drehen.

22Allmählich begann sein Haar wieder zu wachsen.

Simsons letzte Rache

23Die Fürsten der Philister versammelten sich zu einem großen Fest. Sie brachten ihrem Gott Dagon viele Schlachtopfer dar und feierten ihren Sieg. Dabei sangen sie:

»Unserm Dagon sei’s gedankt:

Simson ist in unsrer Hand!«

24-25Als sie richtig in Stimmung waren, riefen sie: »Holt Simson! Er soll uns etwas vorführen!« So wurde Simson aus dem Gefängnis herbeigebracht, und sie trieben ihren Spott mit ihm. Sie priesen ihren Gott und stimmten von neuem ihr Lied an:

»Unserm Dagon sei’s gedankt:

Simson ist in unsrer Hand!

Wie viel Mann hat er vernichtet!

Was alles hat er angerichtet!«

Dann stellten sie Simson zwischen die Säulen des Gebäudes. 26Er bat den Jungen, der ihn an der Hand führte: »Lass mich einmal kurz los! Ich möchte nach den Säulen tasten, die das Dach tragen, und mich etwas an sie lehnen.« 27Das Gebäude war voller Menschen. Auch die Fürsten der Philister waren alle gekommen. Allein vom Dach aus hatten etwa dreitausend Leute zugesehen, wie Simson verspottet wurde.

28Simson betete: »Herr, mein Gott, erinnere dich an mich! Bitte gib mir noch dies eine Mal so viel Kraft wie früher! Ich will mich wenigstens dafür rächen, dass sie mir die Augen ausgestochen haben.« 29Dann fasste Simson die beiden mittleren Säulen, auf denen das Dach ruhte, eine mit der rechten Hand, eine mit der linken, und stemmte sich dagegen. 30»Sollen die Philister mit mir sterben!«, schrie er und stieß die Säulen mit aller Kraft um. Das Gebäude brach über den Philistern und ihren Fürsten zusammen. Dabei riss Simson mehr Menschen mit in den Tod, als er in seinem ganzen Leben getötet hatte.

31Simsons Brüder und seine übrigen Angehörigen kamen, hoben seinen Leichnam auf und brachten ihn zum Grab seines Vaters Manoach. Dort, zwischen Zora und Eschtaol, begruben sie ihn. Zwanzig Jahre lang hatte Simson das Volk Israel geführt.