Amos 4 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

Amos 4:1-13

Israel Nsane Nkɔɔ Onyankopɔn Nkyɛn

1Montie asɛm yi, mo Basan “anantwie” a mowɔ Bepɔ Samaria so,

mo mmaa a mohyɛ ahiafoɔ so, na moka mmɔborɔwa hyɛ

na moka kyerɛ mo kununom sɛ, “Mommrɛ yɛn nsã!”

2Otumfoɔ Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ,

“Ampa ara ɛberɛ no bɛba

a wɔde nkawa bɛtwe mo akɔ

mo mu deɛ ɔtwa toɔ no wɔde nsuomnam darewa bɛtwe no.

3Momu biara bɛpue akɔ,

na mobɛfa ɔfasuo mu ntokuro mu,

na wɔbɛto mo atwene Harmon fam,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

4“Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne

na monkɔ Gilgal4.4 Bet-El…Gilgal: Saa nkuro mmienu yi yɛ nkuro a abakɔsɛm mu wɔde kae Awurade mmoa. Na saa nkuro yi yɛ mmeaeɛ a na wɔsom Onyankopɔn wɔ hɔ wɔ Amos berɛ so. na mo nkɔyɛ bɔne ara.

Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra anɔpa biara,

na momfa mo ntotosoɔ dudu mmra mfeɛ mmiɛnsa biara.

5Monhye mmɔreka burodo sɛ aseda afɔdeɛ;

Momfa ayɛyɛdeɛ a ɛfiri mo pɛ mu nhoahoa mo ho,

na momfa ntu mo ho, mo Israelfoɔ,

na yei ne deɛ mopɛ sɛ moyɛ,”

sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.

6“Memaa yafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu

na aduane ho yɛɛ den wɔ nkuro so,

nanso monnsane mmaa me nkyɛn,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

7“Mesane de osutɔ kamee mo

ɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru.

Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako so

na mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so.

Afuo baako nyaa osutɔ

afuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ.

8Nnipa totɔɔ ntentan kyinii nkuro so pɛɛ nsuo

nanso wɔannya dodo a ɛbɛso wɔn nom,

nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

9“Mpɛn bebree no mede nnɔbaeɛ yadeɛ

ba mo mfikyifuo ne mo bobefuo so.

Ntutummɛ sɛee mo borɔdɔma ne mo ngo nnua,

nanso monnsane mmaa me nkyɛn,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

10“Mede ɔyaredɔm baa mo so

sɛdeɛ mede yɛɛ Misraimfoɔ no,

mede akofena kunkumm mo mmeranteɛ

ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum.

Mede mo nsramu hwa a ɛbɔn hyɛnee mo hwene mu,

nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

11“Metuu mo mu bi guiɛ

sɛdeɛ metɔree Sodom ne Gomora ase no.

Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu.

Nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

12“Enti afei, Israel, deɛ mede bɛyɛ wo nie,

na ɛsiane sɛ mede yei bɛyɛ wo enti,

siesie wo ho, Ao Israel. Hyia wo Onyankopɔn.”

13Deɛ ɔyɛ mmepɔ na ɔbɔ mframa

na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa,

deɛ ɔma adekyeɛ hann dane esum

na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so no.

Asafo Awurade Onyankopɔn ne ne din.

Het Boek

Amos 4:1-13

1Hoort dit woord, koeien van Basjan op Samaria’s gebergte, Die de zwakken verdrukt en de armen vertrapt, Tot uw mannen zegt: Brengt ons te drinken! 2Bij zijn heiligheid heeft Jahweh, de Heer, het gezworen: Ziet, de dagen gaan voor u komen, Dat men u ophaalt aan haken, En uw kinderen aan angels; 3Dat ge de bressen zult uitgaan, de een na de ander, En naar de Hermon zult worden gesleurd: Is de godsspraak van Jahweh! 4Trekt op naar Betel, en bezondigt u maar; Naar Gilgal, en maakt uw misdaad nog erger. Brengt iedere morgen uw offers, Alle drie jaren uw tienden. 5Draagt uw ongedesemd dankoffer op, Bazuint uw vrijwillige gaven uit, Want dat doet ge zo gaarne, kinderen van Israël: Is de godsspraak van Jahweh, den Heer! 6In al uw steden heb Ik u blanke tanden gegeven. In al uw plaatsen broodsgebrek! Maar ge hebt u tot Mij niet bekeerd: Is de godsspraak van Jahweh! 7Ik was het, die u regen onthield, Drie maanden lang voor de oogst; Ik liet het regenen op de ene stad, Op de andere niet; De ene akker werd door de regen besproeid, De andere verdroogde, omdat er geen regen op viel. 8Twee, drie steden sleepten zich Naar een en dezelfde stad, Om water te drinken, Zonder dat haar dorst werd gelest! Maar ge hebt u tot Mij niet bekeerd: Is de godsspraak van Jahweh! 9Ik heb u met brand en meeldauw geslagen, Uw tuinen en gaarden vernield, En de sprinkhaan vrat uw vijg en olijf! Maar ge hebt u tot Mij niet bekeerd: Is de godsspraak van Jahweh! 10Ik zond de pest onder u als die van Egypte, Vermoordde uw jongens met het zwaard: Uw paarden werden geroofd, De stank van uw legerplaats Liet Ik in uw neusgaten dringen! Maar ge hebt u tot Mij niet bekeerd: Is de godsspraak van Jahweh! 11Ik heb u onderstboven geworpen, Zoals God Sodoma en Gomorra vernielde: En als brandhout werdt gij aan de vlammen ontrukt! Maar ge hebt u tot Mij niet bekeerd: Is de godsspraak van Jahweh! 12Daarom geef Ik u, Israël, wat ge verdient; Israël, houd u gereed, om voor uw God te verschijnen: 13Voor Hem, die de bergen boetseerde en de winden schiep, Die den mens zijn diepste gedachten onthult, De dageraad in het donker verkeert, En de hoogste toppen der aarde bestijgt: Jahweh, der heirscharen God, is zijn Naam!