1Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no.
2Ɔkaa sɛ:
“Awurade bobom firi Sion bepɔ so
na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem;
nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye
na Karmel atifi nso kusa.”
Atemmuo A Ɛfa Amanamanmufoɔ Ahodoɔ Ho
3Deɛ Awurade seɛ nie:
“Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so
ɛno enti, merennane mʼabufuo.
Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se
dwerɛɛ Gilead.
4Mede ogya bɛto Hasael efie
na ahye Ben-Hadad aban no.
5Mɛbubu Damasko apono,
na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu no
ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no.
Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
6Deɛ Awurade seɛ nie:
“Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo no.
Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum
na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ.
7Mede ogya bɛto Gasa afasuo mu,
na ahye nʼaban no.
8Mɛsɛe Asdod ɔhene no
ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no.
Mɛdane me nsa atia Ekron,
kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,”
sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
9Deɛ Awurade seɛ nie:
“Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo.
Ɔfaa ɔman mu no nnommum
na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ,
a wankae onuadɔ apam.
10Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu,
na ahye nʼaban.”
11Deɛ Awurade seɛ nie:
“Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo.
Ɔde akofena taataa ne nua,
a wannya ayamhyehyeɛ biara.
Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛ
na obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano.
12Mede ogya bɛto Teman mu,
na ahye Bosra aban.”
13Sɛdeɛ Awurade seɛ nie:
“Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo.
Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mu
de trɛɛ nʼahyeɛ mu.
14Mede ogya bɛto Raba afasuo mu
na ahye nʼaban
wɔ ɔko da mu nteateam
ne ahum da ntwaho mframa mu.
15Na ne ɔhene ne mmapɔmma
bɛbom akɔ nnommumfa mu,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.