5 Mose 12 – ASCB & OL

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 12:1-32

Beaeɛ A Awurade Ayi Ama Ɔsom

1Yeinom ne mmara ne ahyɛdeɛ a ɛsɛ sɛ modi so, ɛberɛ a mote asase a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, de ama mo no so. 2Sɛ motu amanaman a wɔtete hɔ no firi hɔ a, ɛsɛ sɛ mosɛe mmeammea a wɔsom wɔn anyame no nyinaa—mmepɔ no atifi, nkokoɔ no atifi ne nnua a ɛyi nhahammono no ase nyinaa. 3Mommubu wɔn afɔrebukyia nyinaa na monyam wɔn ɔsom adum no. Momfa ogya nhye wɔn abosompɔ na mommobɔ wɔn ahoni a wɔayeyɛ no. Mompepa wɔn ahoni no din mfiri mmeammea hɔ.

4Mommfa wɔn akwan no so nsom Awurade, mo Onyankopɔn. 5Na mmom, monhwehwɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi afiri mo mmusuakuo mu ama mo no na montim ne din hɔ sɛ nʼatenaeɛ. Beaeɛ hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ. 6Ɛhɔ na momfa mo hyeɛ afɔrebɔdeɛ mmra mmɛbɔ a mo ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko, adeɛ a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔdeɛ a ɛfiri akoma pa mu, mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan nso ka ho. 7Ɛhɔ na Awurade mo Onyankopɔn anim, mo ne mo abusuafoɔ bɛdidi na mo ani agye wɔ biribiara a mo nsa aka wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo.

8Ɛnnɛ yi, deɛ mopɛ biara na moyɛ, nanso, ɛnyɛ ne kwan ne no, 9ɛfiri sɛ, monnuruu ahomegyebea a Awurade mo Onyankopɔn de rebɛma mo no hɔ. 10Ɛrenkyɛre biara, mobɛtwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so. Sɛ ɔma mo ahomegyeɛ ne banbɔ wɔ mo atamfoɔ ho a, 11momfa biribiara a mɛhyɛ mo sɛ momfa mmra a ɛyɛ mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko ne mo ɔma ahodoɔ ne mo bɔhyɛ afɔdeɛ. Momfa nkɔ beaeɛ a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi ama mo a mobɛkamfo ne din wɔ hɔ no. 12Mo ne mo mmammarima, mo mmammaa ne mo nkoa nyinaa nnye mo ani wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na monkae Lewifoɔ a wɔtete mo nkuro so no sɛ, wɔnni asase a ɛyɛ wɔn dea. 13Monhwɛ yie na moammɔ mo hyeɛ afɔdeɛ wɔ baabiara kwa. 14Motumi yɛ saa wɔ baabi pɔtee a Awurade ayi afiri mo mmusua asase bi mu ama mo. Ɛhɔ na motumi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na moyɛ biribiara a mɛhyɛ mo sɛ monyɛ no.

15Nanso, kuro biara a mopɛ so no, motumi kum mmoa we sɛdeɛ mokum atwe ne adabɔ no. Motumi we ɛnam dodoɔ biara a Awurade, mo Onyankopɔn, de bɛma mo. Mo nyinaa, sɛ mo ho te anaa mo ho nte no, motumi we bi. 16Mmara a ɛbata ho ara ne sɛ, monnni mogya no. Montwa ngu fam te sɛ nsuo. 17Ɛnsɛ sɛ modi mo afɔdeɛ, ntotosoɔ dudu a ɛfiri mo aburoo mu, mo nsã foforɔ ne ngo anaa mo anantwie ne mo nnwan abakan wɔ mo kuro mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma Awurade anaa deɛ mofiri akoma pa mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛdeɛ sononko biara, ɛnsɛ sɛ modi. 18Mmom, ɛsɛ sɛ modi no wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim wɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no a mo, mo mmammarima ne mo mmammaa mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewifoɔ a wɔfiri mo nkuro mu ka mo ho. Monnye mo ani wɔ Awurade, mo Onyankopɔn anim wɔ biribiara a mobɛyɛ no ho. 19Monhwɛ yie na moantwa Lewifoɔ no annya wɔ mmerɛ dodoɔ a mote mo asase so yi.

20Awurade, mo Onyankopɔn, trɛ mo asase mu sɛdeɛ wahyɛ mo ho bɔ no a, ɛnneɛ, mobɛtumi awe ɛnam mmerɛ biara a mopɛ. 21Ɛtumi ba sɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, ayi ama mo sɛ monkamfo ne din hɔ no ne mo fie kwan ware. Sɛ ɛba saa a, motumi kum mo anantwie anaa nnwan a Awurade de ama mo no bi we ɛnam no wɔ mo fie sɛdeɛ mahyɛ mo no. 22Obi a ne ho te anaa ne ho nte tumi we ɛnam no bi sɛdeɛ mowe ɔtwe ne ɔdabɔ no. 23Mmara a ɛwɔ ho ara ne sɛ, monnni mogya no, ɛfiri sɛ, mogya no yɛ nkwa enti ɛnsɛ sɛ modi nkwa no fra ɛnam no. 24Mmom, monhwie mogya no ngu fam sɛ nsuo. 25Monnni mogya no, na asi mo ne mo mma yie, ɛfiri sɛ, moayɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani.

26Momfa mo akyɛdeɛ kronkron ne mo bɔhyɛ afɔrebɔdeɛ nkɔ beaeɛ a Awurade akyerɛ. 27Ɛsɛ sɛ mode ɛnam ne mogya a mode bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no gu Awurade mo Onyankopɔn no afɔrebukyia so. Mogya a ɛka mo afɔdeɛ foforɔ bi a mobɔ ho no, monhwie ngu Awurade, mo Onyankopɔn, afɔrebukyia no nkyɛn nanso motumi we ɛnam no. 28Monhwɛ yie na monni me mmara so na biribiara bɛkɔ yie ama mo ne mo mma, ɛfiri sɛ, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ Awurade mo Onyankopɔn ani.

29Awurade, mo Onyankopɔn, sɛe aman no na mopam wɔn kɔtena wɔn asase no so a, 30mommma ɛkwan a wɔfa so som wɔn anyame no nyɛ afidie mma mo. Mommmisa sɛ “Ɛkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ sɛ yɛdi wɔn akyi.” 31Mommfa saa ɛkwan yi so nsom Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔn anyame no som mu no, wɔyɛɛ akyiwadeɛ bebree a Awurade mpɛ. Mpo, wɔhyee wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa wɔ ogya a wɔde rebɔ afɔdeɛ ama wɔn anyame no mu.

32Monhwɛ sɛ, deɛ mahyɛ mo no nyinaa mobɛdi so; mommfa bi nka ho na monnyi bi nso mfiri mu.

O Livro

Deuteronómio 12:1-32

Um único lugar de culto

1São então estas as leis que devem guardar quando chegarem à terra que o Senhor, o Deus de vossos antepassados, vos deu para sempre: 2Terão de destruir todos os altares pagãos, das gentes que habitavam essa terra, seja onde for que os encontrarem; no cimo das montanhas, nas colinas, debaixo de árvores. 3Quebrem os altares, reduzam a pó os pilares, queimem os seus postes ídolos de Achera, deitem abaixo os ídolos de metal; não deixem vestígio algum dessas coisas!

4Não deverão apresentar sacrifícios ao Senhor, vosso Deus, num sítio qualquer, como os antigos habitantes faziam com os seus deuses. 5Pelo contrário, deverão construir-lhe um santuário, num lugar que ele mesmo escolherá para sua habitação. 6Será aí que trarão os holocaustos e outros sacrifícios, os dízimos, as ofertas apresentadas com o gesto próprio diante do altar, ofertas para cumprir votos feitos, ofertas voluntárias e os primeiros animais nascidos ao vosso gado. 7Será ali que vocês e as vossas famílias celebrarão as festividades perante o Senhor, vosso Deus, alegrando-se pelo bom resultado dos vossos trabalhos, com que o Senhor, vosso Deus, vos abençoou.

8Não vão continuar a viver, cada um como entende, à sua maneira, fazendo o que lhe parece justo a si mesmo; 9porque estas leis terão efeito, na verdade, quando entrarem no lugar que o Senhor, vosso Deus, vos dá para repousarem. 10Quando atravessarem o rio Jordão e passarem a viver na terra prometida, e o Senhor, vosso Deus, vos der descanso e vos mantiver seguros em relação a todos os vossos inimigos, 11então deverão trazer tudo o que vos mandei oferecer: os vossos holocaustos, os vossos sacrifícios, os vossos dízimos, as vossas ofertas sagradas, e toda a espécie de promessas que fizeram ao Senhor. Tudo isso trarão ao lugar que o Senhor, vosso Deus, escolher para seu santuário, o lugar em que o seu nome é adorado. 12Será ali que se alegrarão na presença do Senhor, vosso Deus, com os vossos filhos, filhas e criados. Não se esqueçam de convidar os levitas para as vossas confraternizações, porque não têm terra deles.

13Não sacrifiquem os vossos holocaustos em qualquer lugar; 14só poderão fazê-lo no lugar que o Senhor vos disser. Há de ser no território que terá cabido em sorte a uma das tribos. Só lá poderão oferecer os vossos holocaustos e trazer as vossas ofertas. 15Contudo, os animais que abatem para vossa alimentação poderão ser mortos onde quiserem, como fazem agora com as gazelas e os veados. Comam carne sempre que quiserem e puderem obtê-la. Mesmo os que estão ritualmente impuros podem comê-la. 16A única restrição é que não comam o sangue; derramem-no no chão, como se fosse água.

17No que diz respeito aos sacrifícios, não poderão ser comidos em casa; nem tão-pouco os dízimos dos vossos cereais, do vinho novo, do azeite, nem das primeiras crias dos vossos rebanhos e do vosso gado, nem coisa alguma que tenha sido votada ao Senhor, vosso Deus, nem mesmo as ofertas voluntárias ou as que devem ser apresentadas ao Senhor defronte do altar. 18Essas coisas só as podem comer no lugar que ele escolher. Vocês, os vossos filhos e os levitas as comerão perante o Senhor, vosso Deus. Alegrem-se perante o Senhor, vosso Deus, em tudo o que fizerem. 19E tenham cuidado em não se esquecerem dos levitas. Compartilhem com eles.

20-21Se, quando o Senhor, vosso Deus, alargar as vossas fronteiras, tal como ele vos prometeu, e o altar central ficar muito distante de onde vivem, os animais dos vossos rebanhos e do vosso gado poderão ser abatidos nas vossas propriedades, 22tal como fazem agora com as gazelas e os veados. E mesmo as pessoas cerimonialmente impuras podem comer disso. 23A única restrição é nunca comerem o sangue, porque o sangue é a vida; não comerão a vida com a carne. 24Em vez disso, derramem o sangue sobre a terra como água. 25Se o fizerem, tudo vos irá bem, convosco e com os vossos filhos, pois desse modo farão o que é justo ao olhos do Senhor.

26Mas as coisas que consagraram e as vossas promessas devem ir oferecê-las no lugar que o Senhor tiver escolhido. 27Estes terão mesmo de ser sacrificados no altar do Senhor, vosso Deus. O sangue será derramado diante do altar, e comerão a carne.

28Tenham cuidado em cumprir todos estes preceitos. Se fizerem o que for justo aos olhos do Senhor, vosso Deus, tudo vos irá bem, assim como aos vossos filhos, para sempre.

29Quando ele destruir os povos da terra onde vão passar a viver, 30não lhes sigam o exemplo, adorando os seus deuses. Não digam: “Gostaríamos de saber como é que eles faziam as suas adorações!” Porque isso vos levaria a imitá-los, a copiar o culto deles. 31Fazer isso seria o mesmo que insultar o Senhor, vosso Deus. Essas nações fazem coisas abomináveis que ele odeia; e tudo em nome da sua religião! Chegaram a queimar os próprios filhos e filhas, sacrificando-os aos seus deuses.

32Por isso, obedeçam a todos os mandamentos que vos dou. Nada lhes acrescentem nem tirem.