4 Mose 5 – ASCB & PCB

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 5:1-31

Israelfoɔ Atenaeɛ Kronkronyɛ

1Yei ne mmara a Awurade sane hyɛ maa Mose: 2“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔpam akwatafoɔ nyinaa firi atenaeɛ hɔ. Wɔn a ekuro atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka efunu enti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn. 3Mmarima ne mmaa nyinaa ka ho. Yi wɔn nyinaa firi hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na atenaeɛ hɔ a me ne mo bɛtena no ho rengu fi”. 4Wɔdii Awurade mmara no so.

5Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 6“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ ɔbarima o, ɔbaa o, ɔdi Awurade hwammɔ a, ɛyɛ bɔne. 7Ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne na adeɛ a ɔwiaeɛ no, ɔtua ho ka nyinaa na ɔsane de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔno no. 8Na sɛ onipa ko a ɔyɛɛ no bɔne no awu na ɔnni obusuani biara a ɔbɛn no a wɔbɛtua ho ka ama no no a, ɛsɛ sɛ, sɛ ɔtua ka no ma ɔsɔfoɔ a, odwennini ka ho sɛ mpatadeɛ. Ɛyɛ Awurade dea. 9Akyɛdeɛ kronkron a Israelfoɔ de bɛkyɛ ɔsɔfoɔ no yɛ ne dea. 10Ɔsɔfoɔ biara bɛfa akyɛdeɛ kronkron biara a ne nsa bɛka.”

11Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 12“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ ɔbarima bi yere kɔbɔ adwaman 13nanso ɔnhunu asɛm no mu nokorɛ na ɔnnya ɔdanseni 14na ɔtwe ho ninkunu na ɔnte ne ho ase a, 15ɔbarima no de ne yere no bɛkɔ ɔsɔfoɔ anim a ɔbaa no ho afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ atokosiam a wɔmfaa ohwam ngo mfraeɛ lita mmienu ka ho. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ ninkuntwe afɔrebɔ. Ɛno na ɛbɛma nokorɛ ada adie ama wɔahunu sɛ ɔbaa no di fɔ anaa ɔdi bem.

16“Ɔsɔfoɔ no de ɔbaa no bɛba Awurade anim, 17na wasa Ahyiaeɛ Ntomadan no mu mfuturo de afra nsuo kronkron5.17 Nsuo kronkron ne mfuturo a wɔde afra no kyerɛ atɛntenenee a wɔbɛbu nnebɔneyɛfoɔ no. a ɛgu asansuo kɛseɛ bi mu no. 18Ɔbɛsane ne ti a wakyekyere no na ɔde ninkunu afɔrebɔdeɛ no agu ne nsam de ahwɛ sɛ ɔbarima no nsusuiɛ no yɛ nokorɛ ampa ara anaasɛ ɛnyɛ nokorɛ. Ɔsɔfoɔ no bɛgyina nʼanim a ɔkura nsuo nwononwono a ɛde mmusuo ba no. 19-22Ɔbɛma no aka ntam sɛ ɔnnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no sɛ, sɛ wo ne ɔbarima biara nnaeɛ ka wo kunu nko ara ho deɛ a, ɛnneɛ, wo ho nte mfiri nsuo nwononwono a ɛde mmusuo ba yi ho. Na sɛ woabɔ adwaman a, ɛnneɛ, Awurade bɛdome wo wɔ wo nkurɔfoɔ mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔ na wo yafunu ahono. Na ɔbaa no bɛka sɛ, ‘Aane, saa na ɛsɛ sɛ ɛba.’

23“Ɔsɔfoɔ no bɛtwerɛ nnome yi nyinaa agu nwoma bi mu na wahohoro agu nsuo nwononwono no mu. 24Sɛ ɛsɛ sɛ ɔbaa no nom nsuo no na sɛ ɔnom wɔ ɛberɛ a wayɛ bɔne a, ɛyɛ nwononwononwono wɔ ne mu. 25Afei, ɔsɔfoɔ no bɛgye ninkunu afɔrebɔdeɛ no afiri ɔbaa no nsam na wahinhim no Awurade anim na ɔde akɔ afɔrebukyia no so. 26Ɔbɛsa ne nsabuo ma de asi ne nyinaa anan na wahye no wɔ afɔrebukyia no so na wama ɔbaa no anom nsuo no. 27Sɛ ne ho agu fi na wabɔ adwaman no atia ne kunu a, nsuo a wanom no bɛyɛ nwononwononwono wɔ ne mu na ne yafunu ahono na ne srɛ aporɔ na wayɛ nnome wɔ ne nkurɔfoɔ mu. 28Sɛ ɔyɛ kronn a ɔmmɔɔ adwaman a, wɔrenha no, na ɛrenkyɛre, ɔbɛnyinsɛn.

29“Yei ne mmara a ɛfa ɔbaa a ne bra nyɛ na ne kunu twe ne ho ninkunu 30de hwehwɛ mu hunu sɛ ɔdi ne kunu nokorɛ anaa ɔnni no nokorɛ no ho. Ɔde no bɛba Awurade anim na ɔsɔfoɔ no adi dwuma a wɔabobɔ so no nyinaa. 31Wɔrenni ne kunu no asɛm wɔ baabiara sɛ wama yare bɔne bi aba ne yere so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɔno ara na ɔma ɛbaa saa.”

Persian Contemporary Bible

اعداد 5:1‏-31

پاكسازی اردو

1‏-2خداوند به موسی گفت: «به قوم اسرائيل بگو كه تمام اشخاص جذامی و همهٔ كسانی را كه جراحت دارند و آنانی را كه در اثر تماس با جنازه نجس شده‌اند، از اردوگاه بيرون رانند. 3خواه مرد باشند خواه زن، ايشان را بيرون كنند تا اردوگاه شما كه من در آن ساكنم نجس نشود.» 4قوم اسرائيل طبق دستور خداوند عمل كرده، اين اشخاص را بيرون راندند.

جبران خسارت

5‏-6سپس خداوند به موسی امر فرمود به قوم اسرائيل بگويد كه هر كس، چه مرد باشد چه زن، هرگاه به خداوند خيانت كرده، خسارتی به كسی وارد آورد، 7بايد به گناه خود اعتراف نموده، علاوه بر جبران كامل خسارت، يک پنجم خسارت وارده را نيز به شخص خسارت ديده بپردازد. 8ولی اگر شخصی كه خسارت ديده است بميرد و قوم و خويش نزديكی نداشته باشد تا به او خسارت پرداخت شود، در آن صورت بايد خسارت با يک قوچ برای كفاره به كاهن داده شود. 9‏-10وقتی قوم اسرائيل برای خداوند هدايای مخصوص می‌آورند بايد آنها را به كاهنان بدهند و كاهنان آنها را برای خود نگه دارند.

زنانی كه مورد سوءظن شوهران قرار می‌گيرند

11‏-14خداوند به موسی فرمود به قوم اسرائيل بگويد كه هرگاه مردی نسبت به زنش مشكوک شود و گمان برد كه او با مرد ديگری همبستر شده است، ولی به علت نبودن شهود، دليلی در دست نداشته باشد، 15آنگاه برای روشن شدن حقيقت، زن خود را پيش كاهن بياورد. در ضمن آن مرد بايد يک كيلو آرد جو هم با خود بياورد، ولی آن را با روغن يا كندر مخلوط نكند، چون اين «هديهٔ بدگمانی» است و برای تشخيص گناه تقديم می‌شود.

16كاهن، آن زن را به حضور خداوند بياورد، 17و قدری آب مقدس در كوزه‌ای سفالين بريزد و مقداری از غبار كف عبادتگاه را با آن مخلوط كند. 18سپس موی بافتهٔ سر زن را باز كند و هديهٔ بدگمانی را در دستهايش بگذارد تا معلوم شود كه آيا بدگمانی شوهرش بجاست يا نه. كاهن در حالی که كوزهٔ آب تلخ لعنت را در دست دارد جلو زن بايستد. 19آنگاه از آن زن بخواهد قسم بخورد كه بی‌گناه است و به او بگويد: «اگر غير از شوهرت مرد ديگری با تو همبستر نشده است، از اثرات اين آب تلخ لعنت مبرا شو. 20ولی اگر زنا كرده‌ای 21‏-22لعنت خداوند در میان قومت گريبانگير تو شود و شكمت متورم شده، نازا شوی.» و آن زن بگويد: «آری، اينچنين شود.» 23بعد كاهن اين لعنتها را در يک طومار بنويسد و آنها را در آب تلخ بشويد. 24سپس آن آب تلخ را به زن بدهد تا بنوشد.

25سپس كاهن هديهٔ بدگمانی را از دست زن بگيرد و آن را در حضور خداوند تكان داده، روی قربانگاه بگذارد. 26مشتی از آن را به عنوان نمونه روی آتش قربانگاه بسوزاند و بعد، از زن بخواهد آب را بنوشد. 27اگر او به شوهرش خيانت كرده باشد آب بر او اثر می‌كند و شكمش متورم شده، نازا می‌گردد و در ميان قوم اسرائيل مورد لعنت قرار می‌گيرد 28ولی اگر او پاک بوده و زنا نكرده باشد، به او آسيبی نمی‌رسد و می‌تواند حامله شود.

29اين است قانون بدگمانی در مورد زنی كه شوهرش نسبت به وی بدگمان شده باشد. 30همانطور كه گفته شد در چنين موردی شوهر بايد زن خود را به حضور خداوند بياورد تا كاهن طی مراسمی قضيه را روشن سازد كه آيا زن به شوهرش خيانت كرده يا نه. 31اگر زن مقصر شناخته شود، تاوان گناهش را پس خواهد داد، اما شوهرش در اين مورد بی‌تقصير خواهد بود، زيرا خود زن مسئول گناهش است.