4 Mose 36 – ASCB & PCB

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 36:1-13

Mmammaa Bi Agyapadeɛ

1Afei, Gilead abusua no ntuanofoɔ, Makir a ɔyɛ Manase babarima ne Yosef nana asefoɔ kɔɔ Mose ne Israel ntuanofoɔ nkyɛn de adesrɛdeɛ kɔtoo wɔn anim. 2Wɔkaa sɛ, “Awurade ka kyerɛɛ wo sɛ bɔ ntonto kronkron na gyina so kyekyɛ asase no ma Israelfoɔ. Awurade ka kyerɛɛ wo sɛ fa yɛn nuabarima Selofehad agyapadeɛ ma ne mmammaa. 3Na sɛ ɛba sɛ wɔn mu bi kɔware wɔ abusua foforɔ mu a, ɔde asase a wɔde ama no no bɛkɔ awadeɛ. Sɛ ɛba saa a, yɛn abusua no asase kɛseɛ so bɛte. 4Sɛ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru so a, saa agyapadeɛ no bɛka hɔ ara. Na ɛbɛfiri abusuakuo a anka ɛwɔ no no nsam koraa.”

5Enti Mose de saa ɔhyɛ nsɛm a ɛfiri Awurade yi maa Israelfoɔ no: “Yosef abusuakuo mu nnipa no asɛm no yɛ nokorɛ. 6Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɛfa Selofehad mmammaa no ho no nie: wɔtumi ware ɔbarima biara a wɔpɛ a ɔfiri wɔn agya abusuakuo mu. 7Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ biara firi abusuakuo bi nsam kɔ abusuakuo foforɔ nsam, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ abusuakuo biara agyapadeɛ tena hɔ sɛdeɛ ɛteɛ firi kane no. 8Mmammaa a wɔwɔ Israel mmusuakuo mu nyinaa a agyapadeɛ tumi kɔ wɔn nsam no, ɛsɛ sɛ wɔwareware wɔ wɔn mmusuakuo mu na wɔn agyapadeɛ amfiri wɔn abusuakuo mu. 9Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ biara firi abusuakuo bi nsam kɔdi ɔfoforɔ nsam, ɛsɛ sɛ Israel abusuakuo biara bɔ nʼagyapadeɛ ho ban.”

10Selofehad mmammaa no yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. 11Mahla, Tirsa, Hogla, Milka ne Noa nyinaa warewaree wɔn agyanom nuammarima mma. 12Wɔwarewaree wɔ Yosef babarima Manase mmusua mu enti wɔn agyapadeɛ no kaa wɔn abusuakuo mu.

13Yei ne mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israelfoɔ ɛberɛ a wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so so, wɔ Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ho.

Persian Contemporary Bible

اعداد 36:1‏-13

ارث دختران صَلُفحاد

1‏-2سران طوايف جلعاد (جلعاد پسر ماخير، ماخير پسر منسی و منسی پسر يوسف بود) با درخواستی نزد موسی و رهبران اسرائيل آمدند و به موسی يادآوری كرده، گفتند: «خداوند به تو دستور داد كه زمين را به قيد قرعه بين قوم اسرائيل تقسيم كنی و ارث برادرمان صَلُفحاد را به دخترانش بدهی. 3ولی اگر آنها با مردان قبيلهٔ ديگری ازدواج كنند، زمينشان هم با خودشان به آن قبيله انتقال خواهد يافت و بدين‌سان از كل زمين قبيلهٔ ما كاسته خواهد گرديد 4و در سال يوبيل بازگردانده نخواهد شد.»

5آنگاه موسی در حضور مردم اين دستورات را از جانب خداوند به ايشان داد: «شكايت مردان قبيلهٔ يوسف بجاست، 6آنچه خداوند دربارهٔ دختران صلفحاد امر فرموده اين است: بگذاريد با مردان دلخواه خود ازدواج كنند، ولی فقط به شرط آنكه اين مردان از قبيلهٔ خودشان باشند. 7به اين طريق هيچ قسمتی از زمينهای قبيلهٔ يوسف به قبيلهٔ ديگری منتقل نخواهد شد، زيرا ميراث هر قبيله بايستی همانطور كه در اول تقسيم شد برای هميشه همانطور باقی بماند. 8دخترانی كه در تمامی قبايل اسرائيل وارث زمين هستند بايستی با مردان قبيلهٔ خودشان ازدواج كنند تا زمين ايشان از آن قبيله، جدا نشود. 9به اين طريق هيچ ميراثی از قبيله‌ای به قبيلهٔ ديگر منتقل نخواهد شد.»

10دختران صلفحاد همانطور كه خداوند به موسی دستور داده بود عمل كردند. 11‏-12اين دختران، يعنی محله، تِرصه، حُجله، مِلكه و نوعه با پسر عموهای خود ازدواج كردند. بدين ترتيب آنها با مردانی از قبيلهٔ خود يعنی قبيلهٔ منسی (پسر يوسف) ازدواج كردند و ميراث آنان در قبيلهٔ خودشان باقی ماند.

13اين است احكام و اوامری كه خداوند توسط موسی به قوم اسرائيل داد، هنگامی كه آنها در دشت موآب كنار رود اردن و در مقابل اريحا اردو زده بودند.