3 Mose 27 – ASCB & NVI-PT

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 27:1-34

Sɛdeɛ Wɔgye Deɛ Ɛyɛ Awurade Dea

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ onipa bi hyɛ bɔ sɛ ɔde obi bɛma Awurade a, na sɛ ɔpɛ sɛ ɔtua sika mmom a, 3ɔbɛtua dwetɛ gram ahanum ne aduɔson (570) ama ɔbarima a wadi mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduosia, 4sɛ ɔyɛ ɔbaa a wadi mfeɛ aduonu kɔsi aduosia a, wɔbɛtua dwetɛ gram ahasa ne aduanan (340), 5abarimaa a wadi mfeɛ enum kɔsi aduonu no nso wɔbɛtua dwetɛ gram ahanu ne aduasa (230). Sɛ ɔyɛ ɔbaa a, wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). 6Abarimaa a wadi bosome kɔsi mfeɛ enum no wɔbɛtua dwetɛ gram 60; na abaayewa nso wɔatua dwetɛ gram 35. 7Ɔbarima a wadi boro mfeɛ aduosia no wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha aduɔson (170); na ɔbaa nso wɔatua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). 8Na sɛ obi yɛ ohiani a ɔrentumi ntua saa sika yi a, ɔde saa onipa no bɛba ɔsɔfoɔ anim, na ɔsɔfoɔ no akyerɛ no sika a ɔbɛtumi atua.

9“ ‘Sɛ ɔde aboa hyɛ bɔ sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ma Awurade a, saa aboa no a ɔde ama Awurade no bɛyɛ kronkron. 10Ɛnsɛ sɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ sɛ ɔde deɛ ɛyɛ sesa deɛ ɛnyɛ anaa sɛ ɔde deɛ ɛnyɛ sesa deɛ ɛyɛ. Sɛ ɛba sɛ wɔyɛ saa nsesayɛ yi a, wɔbɛfa no sɛ mmoa mmienu no nyinaa ho te. 11Sɛ aboa a ɔde rema Awurade no ho nte na ɛmfata sɛ wɔde yɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade a, ɛsɛ sɛ ne wura no de brɛ ɔsɔfoɔ. 12Ɔno na ɔbɛhwɛ sɛ aboa no di mu anaa sɛ ɔnte saa, na wakyerɛ sika dodoɔ a ɛsɛ sɛ ɔtua de si aboa no anan. 13Sɛ aboa no yɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔdeɛ nanso onipa a ɔde no reba no pɛ sɛ ɔsane gye nʼadeɛ a, ɔbɛtua sika ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ɛboɔ a ɔsɔfoɔ no bɛtwa ama no sɛ ɔntua no ho.

14“ ‘Sɛ obi de ne fie ma Awurade na sɛ ɔpɛ sɛ ɔsane gye a, ɔsɔfoɔ no bɛsese ne boɔ a ɔnte so, 15na saa onipa no atua, asane atua ɛbo korɔ no ara ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na efie no abɛyɛ ne dea bio.

16“ ‘Sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔde nʼabusua asase fa bi bɔ afɔdeɛ ma Awurade a, wɔbɛgyina aba kɛntɛnma dodoɔ a ɛbɛhia sɛ wɔbɛdua wɔ so no so atwa asase no boɔ; aba kɛntɛnma biara boɔ yɛ dwetɛ gram ahanum ne aduɔson (570). 17Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ mu no, sɛ obi de nʼafuo kyɛ a, ne boɔ no rensesa. 18Na sɛ ɔde asase no ma wɔ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ansa na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ a ɛdi so no so asese ne boɔ, na wɔbɛtumi ate so. 19Na sɛ ɔbarima no pɛ sɛ ɔgye nʼasase a, ɔsɔfoɔ no boɔ a ɔbɛbɔ no, ɔbɛtua ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na asase no abɛyɛ ne dea bio. 20Na sɛ nso ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔmpɛ sɛ ɔgye asase no bio, anaasɛ sɛ watɔn asase no ama obi foforɔ a, ɛnneɛ wɔrentumi nnye bio. 21Sɛ wɔdane asase no ma wɔ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no mu a, ɛbɛyɛ asase kronkron. Wɔde ato hɔ ama Awurade. Ɛbɛyɛ asɔfoɔ no agyapadeɛ.

22“ ‘Sɛ obi bi de asase a watɔ ma Awurade, na sɛ asase no nyɛ nʼabusua asase a, 23ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ama wɔadi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no so asese ne boɔ. Ɛsɛ sɛ onipa ko no tua ɛboɔ no ɛda no ara, na ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron ma Awurade. 24Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru so a, asase no bɛsane akɔ deɛ ɔtɔneɛ no nkyɛn anaasɛ deɛ na ɔyɛ asase no wura no. 25Wɔbɛsese ɛho ka no nyinaa wɔ nnwetɛbena a wɔgye wɔ hyiadan mu, a ɛyɛ gram dubaako.

26“ ‘Ɛnsɛ sɛ obiara de aboa bi abakan ma Awurade, ɛfiri sɛ abakan biara, sɛ ɔyɛ nantwie anaa odwan no, yɛ Awurade dea dada. 27Sɛ ɔyɛ mmoa a wɔn ho nteɛ no bi a, onipa no bɛtumi atua ne boɔ no, na ɔde ɛboɔ no mu nkyɛmu enum mu baako aka ho. Sɛ onipa no antɔ bio deɛ a, wɔbɛtɔn aboa no sɛdeɛ ne boɔ teɛ.

28“ ‘Adeɛ biara a wɔde ama Awurade no, sɛ ɛyɛ nnipa, mmoa anaa abusuasase no, ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaa wɔsane gye, ɛfiri sɛ, biribiara a ɛte saa no yɛ kronkron ma Awurade.

29“ ‘Onipa biara a Awurade ayi no asi nkyɛn ama ɔsɛeɛ no, wɔmmfa biribi ntua ne tiri ka. Ɛsɛ sɛ wɔkum no.

30“ ‘Asase no so nnɔbaeɛ nkyɛmu edu mu baako, sɛ ɛyɛ aburoo anaa aduaba no yɛ Awurade dea. Ɛyɛ kronkron. 31Sɛ obi pɛ sɛ ɔsane tɔ saa aduaba anaa aburoo no a, ɛsɛ sɛ ɔde ne boɔ nkyɛmu enum mu baako ka ho. 32Anantwie ne nnwan no ntotosoɔ dudu nyinaa, aboa biara a ɔtɔ so edu a ɔfa odwanhwɛfoɔ nsam no yɛ kronkron ma Awurade. 33Aboa a ɔtɔ so edu a wɔde bɛma Awurade no, wɔnhwɛ sɛ ɔyɛ anaa ɔnyɛ, na wɔmmfa biribiara nsi nʼananmu, ɛfiri sɛ, sɛ wɔde biribiara si ananmu a, ne nyinaa bɛyɛ kronkron, a obiara rentumi nnye bio.’ ”

34Yeinom ne mmara a Awurade de maa Mose wɔ Sinai Bepɔ so sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no.

Nova Versão Internacional

Levítico 27:1-34

O Resgate do que Pertence ao Senhor

1Disse também o Senhor a Moisés: 2“Diga o seguinte aos israelitas: Se alguém fizer um voto especial, dedicando pessoas ao Senhor, faça-o conforme o devido valor; 3atribua aos homens entre vinte e sessenta anos o valor de seiscentos gramas27.3 Hebraico: 50 siclos. Um siclo equivalia a 12 gramas. de prata, com base no peso padrão27.3 Hebraico: no siclo. do santuário; 4e, se for mulher, atribua-lhe o valor de trezentos e sessenta gramas. 5Se for alguém que tenha entre cinco e vinte anos, atribua aos homens o valor de duzentos e quarenta gramas e às mulheres o valor de cento e vinte gramas. 6Se for alguém que tenha entre um mês e cinco anos de idade, atribua aos meninos o valor de sessenta gramas de prata e às meninas o valor de trinta e seis gramas de prata. 7Se for alguém que tenha de sessenta anos para cima, atribua aos homens o valor de cento e oitenta gramas e às mulheres o valor de cento e vinte gramas. 8Se quem fizer o voto for pobre demais para pagar o valor especificado, deverá ser apresentado ao sacerdote, que estabelecerá o valor de acordo com as possibilidades do homem que fez o voto.

9“Se o que ele prometeu mediante voto for um animal aceitável como oferta ao Senhor, um animal assim dado ao Senhor torna-se santo. 10Ele não poderá trocá-lo nem substituir um animal ruim por um bom, nem um animal bom por um ruim; caso troque um animal por outro, tanto o substituto quanto o substituído se tornarão santos. 11Se o que ele prometeu mediante voto for um animal impuro, não aceitável como oferta ao Senhor, o animal será apresentado ao sacerdote, 12que o avaliará por suas qualidades. A avaliação do sacerdote determinará o valor do animal. 13Se o dono desejar resgatar o animal, terá que acrescentar um quinto ao seu valor.

14“Se um homem consagrar a sua casa ao Senhor, o sacerdote avaliará a casa por suas qualidades. A avaliação do sacerdote determinará o valor da casa. 15Se o homem que consagrar a sua casa quiser resgatá-la, terá que acrescentar um quinto ao seu valor, e a casa voltará a ser sua.

16“Se um homem consagrar ao Senhor parte das terras da sua família, sua avaliação será de acordo com a semeadura: seiscentos gramas de prata para cada barril27.16 Hebraico: hômer. O hômer era uma medida de capacidade para secos. As estimativas variam entre 200 e 400 litros. de semente de cevada. 17Se consagrar a sua terra durante o ano do Jubileu, o valor será integral. 18Mas, se a consagrar depois do Jubileu, o sacerdote calculará o valor de acordo com o número de anos que faltar para o ano do Jubileu seguinte, e o valor será reduzido. 19Se o homem que consagrar a sua terra desejar resgatá-la, terá que acrescentar um quinto ao seu valor, e a terra voltará a ser sua. 20Mas, se não a resgatar ou se a tiver vendido, não poderá mais ser resgatada; 21quando a terra for liberada no Jubileu, será santa, consagrada ao Senhor, e se tornará propriedade dos sacerdotes27.21 Ou do sacerdote.

22“Se um homem consagrar ao Senhor terras que tenha comprado, terras que não fazem parte da propriedade da sua família, 23o sacerdote determinará o valor de acordo com o tempo que falta para o ano do Jubileu; o homem pagará o valor no mesmo dia, consagrando-o ao Senhor. 24No ano do Jubileu as terras serão devolvidas àquele de quem ele as comprou. 25Todos os valores serão calculados com base no peso padrão do santuário, que são doze gramas27.25 Hebraico: no siclo do santuário, que são 20 geras. Um gera equivalia a 0,6 gramas..

26“Ninguém poderá consagrar a primeira cria de um animal, pois já pertence ao Senhor; seja cria de vaca, seja de cabra, seja de ovelha, pertence ao Senhor. 27Mas, se for a cria de um animal impuro, poderá resgatá-la pelo valor estabelecido, acrescentando um quinto a esse valor. Se não for resgatada, será vendida pelo valor estabelecido.

28“Todavia, nada que um homem possua e consagre ao Senhor—seja homem, seja animal, sejam terras de sua propriedade—poderá ser vendido ou resgatado; todas as coisas assim consagradas são santíssimas ao Senhor.

29“Nenhuma pessoa consagrada para a destruição poderá ser resgatada; terá que ser executada.

30“Todos os dízimos da terra—seja dos cereais, seja das frutas—pertencem ao Senhor; são consagrados ao Senhor. 31Se um homem desejar resgatar parte do seu dízimo, terá que acrescentar um quinto ao seu valor. 32O dízimo dos seus rebanhos, um de cada dez animais que passem debaixo da vara do pastor, será consagrado ao Senhor. 33O dono não poderá retirar os bons dentre os ruins nem fazer qualquer troca. Se fizer alguma troca, tanto o animal quanto o substituto se tornarão consagrados e não poderão ser resgatados”.

34São esses os mandamentos que o Senhor ordenou a Moisés, no monte Sinai, para os israelitas.