3 Mose 13 – ASCB & VCB

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 13:1-59

Ɔhonam Ani Nsaneyadeɛ Ho Mmara

1Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 2“Sɛ obi hunu sɛ biribi ahono ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa sowanini asi no na adidi kɔ ne honam mu a, ɔnhunu sɛ ɛyɛ kwata. Ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mmammarima no mu baako 3na ɔhwɛ ahonoeɛ no. Sɛ enwi a ɛsi ahonoeɛ hɔ dane yɛ fitaa na ahonoeɛ no atɔ honam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no da no adi sɛ ɔyarefoɔ no yɛ ɔkwatani. 4Na sɛ ahonoeɛ no ntɔɔ honam no mu na sɛ ahonoeɛ hɔ nwi no nso nyɛɛ fitaa a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no yi ɔyarefoɔ no firi nnipa mu nnanson. 5Nnanson no duru a, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no bio na sɛ ahonoeɛ no nsesaeɛ na ɛntrɛtrɛɛ honam no ani a, ɔsɔfoɔ no bɛsane atwa no asuo nnanson bio. 6Afei ne nnanson so no, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ ne honam ani bio, na sɛ ɔhunu sɛ yadeɛ no ano abrɛ ase a ɛntrɛtrɛɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛka ato dwa sɛ, ɔyarefoɔ no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ nsawa bi na ɛguu no berɛ tiawa bi mu. Enti sɛ ɔyarefoɔ no si ne ntoma a wɔbɛfa no sɛ wanya ayaresa awie. 7Na sɛ nso ɔyarefoɔ no ba ɔsɔfoɔ no nkyɛn ma ɔhwɛ no na yadeɛ no atrɛtrɛ a, ɛsɛ sɛ ɔsane ba ɔsɔfoɔ no nkyɛn bio 8na ɔhwɛ no na sɛ yadeɛ no atrɛtrɛ ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka sɛ amanneɛ kwan so no, ne ho nte na ɛyɛ ɔhonam ani nsaneyadeɛ.

9“Sɛ obi nya ɔhonam ani nsaneyadeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na ɔhwɛ no. 10Sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ nwi no bi ayɛ fitaa na ekuro atɔ saa beaeɛ hɔ a, 11na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔhonam ani nsaneyadeɛ, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no de to dwa sɛ amanneɛ kwan so no, onipa no ho nte. Ɛba saa a, wɔnhwehwɛ yadeɛ no mu bio, ɛfiri sɛ ɛda adi pefee sɛ honam no ayɛ kwata.

12“Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ kwata no adidi ne honam nyinaa firi ne tiri so kɔsi ne nan ase nyinaa a, 13ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ne ho te, ɛfiri sɛ, ne honam nyinaa adane ayɛ fitaa. 14Na sɛ akuro no bi pue ne honam no baabi foforɔ a, wɔbɛpae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani. 15Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka ntɛm ara a ɔhunu ekuro wɔ honam no fa baabi, ɛfiri sɛ akuro no kyerɛ sɛ kwata wɔ honam no mu. 16Na sɛ akuro no wu na ɛdane yɛ fitaa sɛ honam a aka no a, ɔkwatani no bɛkɔ ɔsɔfoɔ no hɔ bio. 17Ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no na sɛ honam no fa hɔ ayɛ fitaa deɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ne ho atɔ no.

18“Sɛ pɔmpɔ si obi na ɛgyae 19na sɛ baabi a pɔmpɔ no siiɛ no biribi hyɛnn, bi anaa deɛ ɛbere kakra hono wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ. 20Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na yadeɛ no adidi kɔ ne honam mu na enwi a ɛwɔ honam no hɔ no ayɛ fitaa a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ɔyarefoɔ no ho nte, ɛfiri sɛ, kwata apue afiri pɔmpɔ no mu. 21Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu sɛ enwi fitaa biara nni baabi a yadeɛ no wɔ hɔ no, na yadeɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu, na ahosuo no yɛ nsonso a, ɔsɔfoɔ no bɛyi no afiri nnipa mu nnanson. 22Saa ɛberɛ no mu sɛ beaeɛ hɔ no trɛtrɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ, onipa no yare kwata. 23Na sɛ beaeɛ a ɛhɔ ayɛ hyɛnn no anhono bio na antrɛtrɛ a, na ɛyɛ pɔmpɔ no twa kɛkɛ enti ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ, ne ho te.

24“Sɛ obi hyehye na sɛ nhyehyeeɛ no mu yɛ kɔkɔɔ ne fitaa anaa fitaa a, 25ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ nhyehyeeɛ hɔ. Sɛ nwi a ɛwɔ beaeɛ a ɛhɔ nnii dɛm biara no dane yɛ fitaa na sɛ ɛyɛ adeɛ a adidi kɔ honam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afiri nhyehyeeɛ no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani. 26Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ hunu sɛ nwi fitaa nni beaeɛ a ɛhɔ yɛ hyɛnn no, na sɛ hyɛnn no nnidi nkɔɔ honam no mu, na yadeɛ no regyae a, ɔsɔfoɔ no bɛyi no afiri nnipa mu nnanson 27na wahwɛ no bio ne nnanson so. Sɛ yadeɛ no trɛ fa ɔhonam no ani a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ kwata ayɛ onipa no. 28Nanso sɛ honam no fa hɔ a ayɛ hyɛnn no antrɛtrɛ honam no ani, na sɛ ɛyɛ sɛ deɛ ɛhɔ retwintwam no a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nhyehyeeɛ twa bi, enti ɔsɔfoɔ no bɛda no adi sɛ ɔnyare kwata.

29“Sɛ ekuro da ɔbarima anaa ɔbaa bi tirim anaa nʼafono ho a, 30ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ; sɛ ɔhwɛ na ɔhunu sɛ yadeɛ no adidi kɔ honam no mu na ɔsane hunu enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ wɔ ekuro no mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka sɛ onipa no yare kwata. 31Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu sɛ yadeɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu, na mmom, ɛwɔ honam no ani a enwi tuntum wɔ mu a, ɛsɛ sɛ wɔyi onipa no firi nnipa mu nnanson, 32na ne nnanson so no, wɔsane hwɛ no bio. Sɛ yadeɛ no ntrɛtrɛeɛ na enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ nnaa ne ho adi wɔ mu na ɛnnidi nkɔɔ honam no mu a, 33ɔbɛwerɛ enwi a atwa ekuro no ho ahyia nyinaa (na mmom ɛnyɛ ekuro no mu ankasa) na ɔsɔfoɔ no ayi no afiri nnipa mu nnanson bio. 34Ne nnanson so, ɔbɛsane ahwɛ no bio na sɛ yadeɛ no ntrɛtrɛeɛ, nnidi nkɔɔ honam no mu a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ onipa no ho ate na sɛ ɔsi ne ntoma wie a, na afei wadi mu. 35Na sɛ akyire no saa yadeɛ no trɛtrɛ a, 36ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ no bio a ɔnhwɛ sɛ enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ fra yadeɛ no mu na ɔpae mu ka sɛ, onipa no yare kwata. 37Na sɛ yadeɛ no trɛ a ɛretrɛtrɛ no gyae na sɛ enwi tuntum fu wɔ beaeɛ hɔ a, na ɛkyerɛ sɛ, ne ho atɔ no a kwata biara nni ne ho enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ, ne ho ate.

38“Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi honam ani yɛ fitaa nahanaha, 39na akyire no, honam no ani dum ara na ɛredum a, na ɛnkyerɛ sɛ kwata ayɛ onipa no, na mmom, ɛyɛ yare foforɔ bi.

40“Sɛ obi tiri so pa a, ɛwom sɛ ne tiri so apa deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani! 41Sɛ obi tiri so pa firi ne moma so a, na ne moma so ara na apa, na ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ kwata. 42Na mmom, sɛ nsisiiɛ nkɔkɔɔ a fitaa frafra mu wɔ atipa no so a, na ɛkyerɛ sɛ, ebia, kwata pɛ sɛ ɛyɛ saa onipa no. 43Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no na sɛ biribi kɔkɔɔ aboa ne ho baabi te sɛ kwata a, 44na ɛkyerɛ sɛ, kwata ayɛ no, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ, onipa no yare kwata.

45“Onipa biara a wɔbɛhunu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ɔfira ntoma a atete na ɔma ne tirinwi fu, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteateam sɛ, ‘Me ho nte! Me ho nte!’ 46Na nna dodoɔ a yadeɛ no nkɔeɛ no deɛ, wɔbɛfa ɔyarefoɔ no sɛ ne ho nte enti ɛsɛ sɛ ɔtena kuro no akyi baabi.

47“Sɛ kwata ho nsɛnkyerɛnneɛ bi ka atadeɛ mu 48kuntutam anaa nweratam, aboa nhoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ mu, 49na sɛ nsisiiɛ ahahammono anaa kɔkɔɔ wɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔsɔfoɔ na ɔhwɛ. 50Ɔsɔfoɔ no de bɛkɔ akɔsie nnanson 51na nnanson so no, wasane ahwɛ bio. Na sɛ ɔhunu sɛ nsisiiɛ no atrɛtrɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛyɛ kwata a ɛtumi sane nnipa, 52enti ɛsɛ sɛ ɔde ogya hye ntoma, kuntu ne ntadetam ne aboa nhoma no nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛnam yeinom so bɛtumi ama yadeɛ no asane nnipa.

53“Na sɛ ne nnanson so no ɔhwɛ na sɛ nsisiiɛ no ntrɛtrɛeɛ a, 54ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔasi nneɛma a wɔdwene sɛ yadeɛ no bi wɔ mu no no nyinaa na wɔakora no baabi bio nnanson. 55Sɛ nnanson bio akyi faako a yadeɛ no wɔ hɔ no nsesaa nʼahosuo na ɛntrɛtrɛɛ a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhye adeɛ no, ɛfiri sɛ, yadeɛ no adidi kɔ mu ara yie. 56Na sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ nneɛmasie no akyi, nsisiiɛ no ano abrɛ ase a, ɔbɛtwa hɔ afiri ntoma anaa aboa nhoma a wɔde adi dwuma bi no mu. 57Na sɛ ɛsane ba bio deɛ a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhye no. 58Sɛ wɔsi na asɛm biara amma ho a, wɔtumi de di dwuma biara ɛberɛ a wɔasane asi bio no.”

59Yeinom ne mmara a ɛfa kwata a ɛwɔ ntoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ a wɔnam so da no adi sɛ kwata wɔ dekodeɛ no mu anaa ebi nni mu no ho.

Vietnamese Contemporary Bible

Lê-vi Ký 13:1-59

Luật về Bệnh Da Trầm Trọng

1Chúa Hằng Hữu phán với Môi-se và A-rôn: 2“Nếu người nào thấy trên da mình có chỗ sưng lên, hoặc nổi mụt nhọt, hoặc nổi đốm trắng, thì người ấy phải đến trình với Thầy Tế lễ A-rôn hoặc một thầy tế lễ con của A-rôn, 3để vị này khám xem người ấy có mắc bệnh phong hủi không. Nếu lông mọc trên chỗ ấy hóa trắng, và nếu chỗ ấy lõm xuống sâu hơn mặt da, đó là bệnh phong hủi. Thầy tế lễ phải tuyên bố người ấy không sạch.

4Nhưng nếu đốm trắng trên da người ấy không lõm sâu xuống so với mặt da, và lông không hóa trắng, thầy tế lễ sẽ cho người này ở cách ly trong bảy ngày. 5Sau bảy ngày, thầy tế lễ sẽ khám lại. Nếu thấy vết thương không thay đổi, không lan ra trên da, người ấy sẽ phải ở cách ly trong bảy ngày nữa. 6Bảy ngày sau, thầy tế lễ lại khám người ấy một lần nữa. Nếu vết thương tái đi, không lan ra trên da, thầy tế lễ sẽ tuyên bố người ấy sạch. Vết thương chỉ là một mụt nhọt thường, người ấy chỉ cần giặt quần áo là được sạch. 7Nhưng nếu mụt nhọt ấy bắt đầu lan ra trên da sau khi đã được khám, người ấy phải đến gặp thầy tế lễ một lần nữa. 8Thầy tế lễ khám lại, nếu thấy mụt nhọt đã lan ra trên da, sẽ tuyên bố người ấy không sạch, vì mắc bệnh phong hủi.

9Một người bị bệnh phong hủi phải được đem đến thầy tế lễ. 10Thầy tế lễ sẽ khám, nếu thấy trên da có chỗ sưng lên, màu trắng, lông hóa trắng, và có thịt rữa tại chỗ sưng 11thì bệnh phong hủi đã phát lâu ngày, và thầy tế lễ phải tuyên bố người ấy không sạch. Không cần giữ người ấy riêng ra nữa, vì người ấy rõ ràng đã mang bệnh và không sạch.

12Nhưng nếu sau khi khám khắp người, thấy chứng bệnh lan trên da, tràn khắp cơ thể từ đầu đến chân, 13thì thầy tế lễ sẽ tuyên bố người ấy sạch, vì cả cơ thể đã trắng hết, người ấy khỏi bệnh. 14Nhưng bất cứ khi nào thịt rữa xuất hiện trên thân thể, thì người ấy không sạch. 15Nếu thầy tế lễ thấy như vậy, thì phải tuyên bố người ấy không sạch, vì đã mắc bệnh phong hủi. 16Nhưng nếu thịt rữa trở nên tái và hóa trắng, thì người này phải đến gặp thầy tế lễ. 17Thầy tế lễ khám, nếu thấy vết lở đã hóa màu trắng thật, thì sẽ tuyên bố người ấy sạch.

18Nếu một người bị mụt nhọt và khỏi rồi, 19nhưng tại nơi vừa có mụt nhọt lại nổi lên một đốm trắng hay một đốm đỏ tái, thì người này phải đem trình cho thầy tế lễ. 20Thầy tế lễ sẽ khám, nếu thấy nơi ấy lõm xuống sâu hơn mặt da và nếu lông hóa trắng, thì thầy tế lễ sẽ tuyên bố người ấy không sạch, vì đó là bệnh phong hủi phát ra từ mụt nhọt. 21Nhưng nếu thấy lông không hóa trắng, vết không lõm sâu hơn mặt da và có màu tái, thì thầy tế lễ sẽ cho người ấy ở cách ly trong bảy ngày. 22Sau đó, nếu thấy vết ấy lan ra trên da, thì thầy tế lễ sẽ tuyên bố người ấy không sạch, vì mắc bệnh phong hủi. 23Nhưng nếu vết không lan ra, thì thầy tế lễ sẽ tuyên bố người ấy sạch, vì đó chỉ là vết sẹo của mụt nhọt.

24Nếu một người bị bỏng và vết bỏng trở thành một đốm trắng hay một đốm đỏ tái, 25thì thầy tế lễ sẽ khám. Nếu thấy lông mọc trên vết bỏng hóa trắng và vết ấy lõm xuống sâu hơn mặt da, thì đó là bệnh phong hủi phát ra từ vết bỏng. Thầy tế lễ sẽ tuyên bố người ấy không sạch, vì mắc bệnh phong hủi. 26Nhưng nếu thấy lông mọc trên vết bỏng không hóa trắng, vết không lõm sâu hơn mặt da nhưng có màu tái, thì thầy tế lễ sẽ cho người ấy ở cách ly trong bảy ngày. 27Sau bảy ngày, thầy tế lễ khám lại, nếu thấy vết ấy lan ra trên da, thì sẽ tuyên bố người ấy không sạch, vì mắc bệnh phong hủi. 28Nhưng nếu vết ấy không lan ra trên da mà có màu tái, thì thầy tế lễ sẽ tuyên bố người ấy sạch, vì đó chỉ là sẹo của vết bỏng.

29Nếu một người đàn ông hay đàn bà có ung nhọt trên đầu hoặc trên cằm, 30thì thầy tế lễ sẽ khám người ấy. Nếu thấy ung nhọt lõm sâu hơn mặt da, lông mọc tại đó thưa và có màu vàng, thì thầy tế lễ sẽ tuyên bố người ấy không sạch, vì phong hủi xuất hiện trên đầu hay trên cằm. 31Nhưng nếu nơi ấy không lõm sâu hơn mặt da và có lông đen mọc tại đó, thì thầy tế lễ sẽ cho người ấy ở cách ly trong bảy ngày. 32Ngày thứ bảy, nếu thầy tế lễ khám thấy ung nhọt không lan ra, không có lông vàng, và nơi ấy không lõm sâu hơn mặt da, 33thì người ấy phải cạo lông, tóc chung quanh ung nhọt, nhưng không đụng đến ung nhọt. Thầy tế lễ sẽ cho người ấy ở cách ly bảy ngày nữa. 34Sau bảy ngày, thầy tế lễ khám lại, nếu thấy ung nhọt không lan ra trên da, không lõm sâu hơn mặt da, thì sẽ tuyên bố người ấy sạch. Người ấy chỉ cần giặt quần áo mình là được sạch. 35Nhưng sau đó, nếu ung nhọt lại lan ra trên da, 36thì thầy tế lễ sẽ khám lại. Nếu thấy ung nhọt đã lan ra thật, thì dù có lông vàng hay không, người ấy không sạch vì bị bệnh phong hủi. 37Nhưng nếu thầy tế lễ thấy ung nhọt không lan ra, lông đen mọc lên tại nơi ấy, thì sẽ tuyên bố người ấy sạch, vì đã khỏi bệnh.

38Nếu một người đàn ông hay đàn bà nổi đốm trắng trên da, 39thì thầy tế lễ sẽ khám. Nếu thấy đốm trắng đục mờ, thì người ấy sạch, vì đó chỉ là sự nhiễm độc thông thường của da.

40Nếu một người bị rụng tóc, đầu hói, thì người ấy sạch. 41Nếu một người bị tóc rụng trước trán, trán hói, thì người ấy sạch. 42Nhưng nếu tại chỗ hói phát ra một đốm trắng hồng, thì trường hợp này có thể là phong hủi. 43Thầy tế lễ phải khám, nếu thấy có đốm trắng hồng nổi trên chỗ hói, giống như phong hủi trên da thân thể, 44thầy tế lễ sẽ tuyên bố người ấy không sạch, vì mắc bệnh phong hủi trên đầu.

45Người mắc bệnh phong hủi sẽ mặc áo rách, buông tóc xõa, che phần dưới của mặt lại, kêu lên: ‘Không sạch, không sạch.’ 46Suốt thời gian mắc bệnh, người ấy không sạch, và phải ở bên ngoài, cách khỏi nơi đóng trại.”

Giải Trừ Áo Quần Ô Uế

47“Nếu có mốc xanh hay mốc đỏ xuất hiện trên quần áo bằng len hay bằng vải, 48dù trên sợi ngang hay sợi dọc của vải hoặc len, dù trên tấm da hay trên bất cứ đồ bằng da nào. 49Nếu vết mốc có màu đỏ, thì đó là chứng phong hủi của đồ vật, phải mang đến trình cho thầy tế lễ. 50Thầy tế lễ sẽ khám và cho giữ đồ vật riêng ra trong bảy ngày. 51Ngày thứ bảy, nếu thầy tế lễ khám thấy vết mốc lan ra, thì đó là chứng phong hủi ăn lan trên đồ vật, và đồ vật ấy không sạch. 52Dù mốc trên sợi ngang hay sợi dọc của đồ len hay vải, hay mốc trên đồ bằng da, thầy tế lễ sẽ đem đồ ấy đốt đi.

53Nhưng nếu thầy tế lễ khám thấy vết mốc không lan ra (dù trên sợi ngang, sợi dọc hay trên đồ bằng da), 54thì sẽ cho đem đồ vật ấy đi giặt, và giữ đồ vật riêng ra trong bảy ngày nữa. 55Sau đó, nếu thầy tế lễ khám thấy vết mốc không đổi màu, dù mốc không lan ra, dù mốc ở trên bề mặt hay bề trái của đồ vật, thì cũng phải đem đồ vật ấy đốt đi vì không sạch. 56Nhưng nếu khám thấy màu vết mốc phai đi sau khi giặt, thì thầy tế lễ sẽ xé bỏ phần bị mốc đi. 57Sau đó, nếu mốc lại xuất hiện, thì lần này phải đem đồ vật ấy đốt đi, vì đó là chứng phong hủi ăn lan trên đồ vật. 58Nhưng nếu sau khi đã giặt đồ vật, vết mốc biến đi, thì chỉ cần đem giặt một lần nữa, đồ vật ấy sẽ sạch.

59Đó là luật về chứng phong hủi xuất hiện trên quần áo bằng len, vải, trên da, hay đồ bằng da. Luật này dùng để phân biệt giữa đồ vật sạch và không sạch.”