Ɔhyeɛ Afɔrebɔ
1Afei, Awurade kasa firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔdeɛ a, momfa mo anantwie ne mo nnwan no bi na mommɔ saa afɔdeɛ no.
3“ ‘Sɛ mo afɔrebɔdeɛ a mode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ nantwie a ɔfiri mo nantwibuo mu a, momfa nantwie a ɔnnii dɛm na mommɔ saa afɔdeɛ no sɛdeɛ ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɛhɔ na asɔfoɔ no bɛgye wʼayɛyɛdeɛ a wode rebrɛ Awurade no. 4Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no tiri so sɛ mpatadeɛ ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wuo sene sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bɛwu sɛ ne bɔne so akatua. 5Afɔrebɔni no bɛkum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmammarima asɔfoɔ no asɔ aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔrebukyia a ɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano no ne ɛho nyinaa. 6Afei, asɔfoɔ no bɛpa aboa no ho nhoma na wɔabobɔ. 7Na ɔsɔfoɔ Aaron mmammarima no bɛsɔ ogya wɔ afɔrebukyia no so. 8Na wɔde aboa no afaafa bi ne ne ti ne ne sradeɛ agu nnyensin no so. 9Wɔnhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan ho na asɔfoɔ no nhye no wɔ afɔrebukyia no so na ayɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.
10“ ‘Sɛ aboa a wɔde no rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ odwan anaa abirekyie a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara. 11Onipa a ɔde no baeɛ no bɛkum no Awurade anim wɔ afɔrebukyia no atifi na Aaron mmammarima asɔfoɔ no apete mogya no agu afɔrebukyia no so ne ɛho nyinaa. 12Ɔbɛhyehyɛ ɛnam no na asɔfoɔ no de nʼasinasini no ne botire no ne ne sradeɛ no agu nnyensin a ɛgu afɔrebukyia no so no so. 13Wɔde nsuo bɛhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan no ho ansa na asɔfoɔ no ahye no afɔrebukyia no so de ama Awurade; ɛfiri sɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ sɔ Awurade ani.
14“ ‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma. 15Ɔsɔfoɔ no bɛfa anomaa no de no akɔ afɔrebukyia no so na wate ne ti ahye no, na ne mogya no, ɔbɛsɔne agu afɔrebukyia no nkyɛn. 16Afei, ɔsɔfoɔ no bɛyi ne mene ase, atutu ne ntakra no na wato agu nsõ no mu wɔ afɔrebukyia no apueeɛ fam. 17Afei, ɔbɛtwe nʼatabu mu ama emu ntini no atete asensɛn hɔ. Na ɔsɔfoɔ no ahye no wɔ afɔrebukyia no so na Awurade de anigyeɛ bɛgye saa afɔrebɔ yi.
献燔祭的条例
1耶和华在会幕里呼唤摩西,对他说: 2“你把以下条例告诉以色列人。
“如果你们有人献祭给耶和华,要用牛羊作祭物。 3如果用牛作燔祭,必须用毫无残疾的公牛,在会幕门口献上,便可蒙耶和华悦纳。 4献祭者要把手放在牛头上,所献的燔祭便蒙悦纳,为他赎罪。 5他要在耶和华面前宰牛,然后祭司——亚伦的子孙要把牛血洒在会幕门口的祭坛四周。 6献祭者要剥掉牛皮,把牛切成块。 7祭司——亚伦的子孙要在祭坛上生火,把木柴摆在火上, 8然后将肉块、头颅和脂肪都摆在祭坛燃烧的木柴上。 9献祭者要用水洗净牛的内脏和腿。祭司要把这一切都放在坛上焚烧。这是燔祭,是蒙耶和华悦纳的馨香火祭。
10“如果用绵羊或山羊作燔祭,必须用毫无残疾的公羊。 11献祭者要在祭坛北面,在耶和华面前宰羊。祭司——亚伦的子孙要把羊血洒在祭坛四周。 12献祭者将羊切成块后,祭司要把肉块、头颅和脂肪摆在祭坛燃烧的木柴上。 13献祭者要用水洗净羊的内脏和腿。祭司要把这一切都放在坛上焚烧。这是燔祭,是蒙耶和华悦纳的馨香火祭。
14“如果有人用鸟作燔祭,要用斑鸠或雏鸽。 15祭司要把鸟带到祭坛前,拧下鸟头,放在祭坛上焚烧;要在祭坛旁放尽鸟血; 16要除掉鸟的嗉子和羽毛,丢在祭坛东边倒灰的地方。 17祭司要抓着两个翅膀把鸟撕开,但不可撕断,然后把鸟放在坛上焚烧。这是燔祭,是蒙耶和华悦纳的馨香火祭。