2 Samuel 6 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 6:1-23

Wɔde Apam Adaka No Kɔ Yerusalem

1Na Dawid boaboaa akodɔm sononko ɔpeduasa ano. 2Ɔdii wɔn anim firi Baala a ɛwɔ Yuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Adaka a ɛkura Awurade Otumfoɔ no a wɔde no asi Kerubim ntam no din. 3Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so, de firii Abinadab fie a na ɛwɔ bepɔ so no baeɛ. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmammarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforɔ no 4a na Onyankopɔn Adaka no si mu no kwan. Na Ahio na ɔdi animu. 5Dawid ne Israel manfoɔ gyee wɔn ani wɔ Awurade anim wɔ ahoɔden so a wɔreto nnwom, na wɔde nsankuo, bɛnta, akasaeɛ, mfirikyiwa ne kyankyan nenam mu.

6Na wɔduruu Nakon ayuporobea no, nantwie no nan totoeɛ, maa Usa tenee ne nsa sɔɔ Onyankopɔn Adaka no mu sɛ ɔretene no. 7Na Awurade bo fuu Usa sɛ ɔyɛɛ saa, na Onyankopɔn bɔɔ no, maa ɔwu daa adaka no ho.

8Dawid nso bo fuiɛ, ɛfiri sɛ, Awurade abufuo atia Usa. Ɔtoo saa beaeɛ hɔ edin Peres-Usa a aseɛ ne abufuhyeɛ a ɛtia Usa. Wɔfrɛ hɔ saa ara de bɛsi ɛnnɛ.

9Afei, na Dawid suro Awurade enti ɔbisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na mɛtumi de Awurade adaka no aba me nkyɛn, na mahwɛ so?” 10Na Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremma Awurade Adaka no so nkɔ Dawid Kuropɔn no mu. Na mmom, ɔmaa so de kɔɔ Obed-Edom a ɔyɛ Gatni fie. 11Na Awurade adaka no sii Gatni Obed-Edom fiefoɔ nkyɛn abosome mmiɛnsa, na Awurade hyiraa no ne ne fidua mu nnipa nyinaa.

12Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid sɛ, “Esiane Awurade Adaka no enti, Awurade ahyira Obed-Edom fie ne biribiara a ɔwɔ so.” Enti, Dawid kɔɔ hɔ kɔfaa Adaka no, de osebɔ kɛseɛ baa Dawid Kuropɔn no mu. 13Nnipa a Awurade Adaka no so wɔn no tuu anammɔn nsia pɛ, wɔgyinaa hɔ twɛneeɛ, sɛdeɛ Dawid bɛtumi de nantwie ne nantwie ba a wadɔre sradeɛ abɔ afɔdeɛ. 14Na Dawid firii nʼahoɔden nyinaa mu saa wɔ Awurade anim a na ɔhyɛ asɔfotadeɛ yuu. 15Enti, Dawid ne Israel nyinaa de nteateam ne ntotorobɛntohyɛn maa Awurade Adaka no so kɔɔeɛ.

Mikal Ka Dawid Anim

16Ɛberɛ a wɔde Awurade Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babaa a ne din de Mikal no kɔtɛɛ mpomma mu hwɛeɛ. Ɔhunuu sɛ ɔhene Dawid rehurihuri, resa anigyeɛ so wɔ Awurade anim no, nʼani annye.

17Wɔde Awurade Adaka no kɔsii nʼafa wɔ ntomadan a ɛno enti, Dawid asi no mu, na Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ Awurade anim. 18Ɔwieeɛ no, ɔhyiraa nnipa no wɔ Awurade Otumfoɔ din mu. 19Afei, ɔmaa Israel dɔm no mu nnipa biara burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam. Na wɔn mu biara kɔɔ ne fie.

20Ɛberɛ a Dawid sane kɔɔ ne fie sɛ ɔrekɔhyira ne fiefoɔ no, Mikal firii adi ba bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no abufuo so sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te sɛ deɛ obiara a ɔmmu ne ho bɛyɛ no ara pɛ.”

21Dawid buaa Mikal sɛ, “Na meresa wɔ Awurade a ɔyii me, na ɔtwaa wʼagya ne nʼabusuafoɔ gyaeɛ no anim. Ɔyii me sɛ menyɛ Israel a wɔyɛ Awurade nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ. Ɛno enti, ɛyɛ me pɛ sɛ meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, sɛdeɛ ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ wɔ Awurade mu. 22Aane, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sene yei, na mmaayewa korɔ yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me animuonyam.”

23Na Saulo babaa Mikal anwo ba da wɔ ne nkwa nna nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Samuel 6:1-23

Wɔde Apam Adaka No Kɔ Yerusalem

1Na Dawid boaboaa Israel mmabun a wɔn ho mmu wɔn dwɛ mpem aduasa ano. 2Odii wɔn anim fi Baala a ɛwɔ Yuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Adaka, a ekura Awurade Tumfo no a wɔde no asi kerubim ntam no din. 3Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforo so, de fii Abinadab fi a na ɛwɔ bepɔw so no bae. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmabarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforo no 4a na Onyankopɔn Adaka no si mu no kwan. Na Ahio na odi anim. 5Dawid ne Israel manfo gyee wɔn ani wɔ Awurade anim wɔ ahoɔden so a wɔreto nnwom, na wɔde asanku, mmɛnta, akasae, mfirikyiwa ne kyɛnkyɛn nenam mu.

6Na woduu Nakon awiporowbea no, nantwi no nan totoe, maa Usa teɛɛ ne nsa soo Onyankopɔn Adaka no mu sɛ ɔreteɛ no. 7Na Awurade bo fuw Usa sɛ ɔyɛɛ saa, na Onyankopɔn bɔɔ no ma owu daa adaka no ho.

8Dawid nso bo fuw, efisɛ Awurade abufuw atia Usa. Ɔtoo saa beae hɔ din Peres-Usa a ase ne abufuwhyew a etia Usa. Wɔfrɛ hɔ saa ara de besi nnɛ.

9Afei, na Dawid suro Awurade nti obisaa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Awurade adaka no bɛba me nkyɛn?” 10Na Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremma Awurade Adaka no so nkɔ Dawid Kuropɔn no mu. Na mmom, ɔmaa so de kɔɔ Obed-Edom a ɔyɛ Gatni fi. 11Na Awurade adaka no sii Gatni Obed-Edom fifo nkyɛn asram abiɛsa, na Awurade hyiraa no ne ne fi mu nnipa nyinaa.

12Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid se, “Esiane Awurade Adaka no nti, Awurade ahyira Obed-Edom fi ne biribiara a ɔwɔ so.” Enti Dawid kɔɔ hɔ kɔfaa Adaka no, de osebɔ kɛse baa Dawid Kuropɔn no mu. 13Nnipa a na wɔso Awurade Adaka no tuu anammɔn asia pɛ, wogyinaa hɔ twɛnee, sɛnea Dawid betumi de nantwi ne nantwi ba a wadɔ srade abɔ afɔre. 14Na Dawid fii nʼahoɔden nyinaa mu saw wɔ Awurade anim a na ɔhyɛ asɔfotade yuu. 15Enti Dawid ne Israel nyinaa de nteɛteɛmu ne ntorobɛntohyɛn maa Awurade Adaka no so kɔe.

Mikal Ka Dawid Anim

16Bere a wɔde Awurade Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babea a ne din de Mikal no kɔtɛwee mfɛnsere mu hwɛe. Ohuu sɛ ɔhene Dawid rehuruhuruw, resaw anigye so wɔ Awurade anim no, nʼani annye.

17Wɔde Awurade Adaka no kosii nʼafa wɔ ntamadan a ɛno nti, Dawid asi no mu, na Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Awurade anim. 18Owiei no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Asafo Awurade din mu. 19Afei, ɔmaa Israel dɔm no mu onipa biara brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam. Na wɔn mu biara kɔɔ ne fi.

20Bere a Dawid san kɔɔ ne fi sɛ ɔrekohyira ne fifo no, Mikal fii adi ba behyiaa no ka kyerɛɛ no abufuw so se, “Nnɛ de, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te sɛ nea obiara a ommu ne ho bɛyɛ no ara pɛ.”

21Dawid buaa Mikal se, “Na meresaw wɔ Awurade a oyii me, na otwaa wʼagya ne nʼabusuafo gyawee no anim. Oyii me sɛ menyɛ Israel a wɔyɛ Awurade nkurɔfo ɔkannifo. Ɛno nti, ɛyɛ me pɛ sɛ meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, sɛnea ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ wɔ Awurade mu. 22Yiw, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sen eyi, na mmeawa koro yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me anuonyam.”

23Na Saulo babea Mikal anwo ba da wɔ ne nkwa nna nyinaa.