2 Petro 3 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Petro 3:1-18

Awurade Mmaeɛ A Ɔbɛba Bio

1Adɔfonom, yei ne krataa a ɛtɔ so mmienu a matwerɛ abrɛ mo. Metwerɛɛ sɛ mede rebɛkae mo, de akanyane mo adwene. 2Mepɛ sɛ mokae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no kaa mmerɛ bi a atwam no ne mmara a ɛfiri Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafoɔ so maa mo no.

3Deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ nna a ɛdi akyire no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ɛbɛdi wɔn so. Wɔbɛdi mo ho fɛ 4aka sɛ, “Ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dada, nanso biribiara te sɛ deɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ!” 5Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ firi nokorɛ no sɛ, ɛfiri tete no, Onyankopɔn kasaeɛ na wɔbɔɔ ɔsoro ne asase. Wɔbɔɔ asase firi nsuo mu na wɔde nsuo na ɛyɛeɛ. 6Akyire no wɔde nsuyire bɛsɛee no. 7Nanso, Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkɔsi Atemmuo da. Afei wɔbɛsɔ emu ogya na wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ.

8Nanso, anuanom, mommma mo werɛ mfiri adeɛ baako sɛ Awurade ani so deɛ, nsonsonoeɛ nni da koro ne mfeɛ apem ntam. Ne fam deɛ, ne mmienu nyinaa yɛ pɛ. 9Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛdeɛ ebinom dwene no. Mmom, ɔwɔ mo ho boasetɔ ɛfiri sɛ, ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom, ɔpɛ sɛ obiara sakra firi ne bɔne ho.

10Na Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ. Ɛda no, ɔsoro bɛbobom na ayera na ewiem nneɛma bɛhye na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi.

11Sɛ saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa asɛe adeɛ nyinaa a, na ɛdeɛn bra na ɛsɛ sɛ wobɔ? Ɛsɛ sɛ mo bra yɛ kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn. 12Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; saa da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu ogya na ewiem nneɛma anane na ayera wɔ ogyaframa mu no. 13Nanso, yɛtwɛn deɛ Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho bɔ no, ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a ɛhɔ na tenenee bɛtena.

14Enti, anuanom, mogu so retwɛn da no yi, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ kronn a mfomsoɔ biara nni mo ho wɔ Onyankopɔn anim na mo ne no atena wɔ asomdwoeɛ mu. 15Monkae nhunu sɛ Awurade wɔ boasetɔ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ obiara nya nkwagyeɛ. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so twerɛɛ mo no. 16Saa ɛkwan korɔ no ara so na ɔfa twerɛɛ ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ɔgyina twerɛeɛ. Nsɛm bi a ɛyɛ den wɔ ne nkrataa no mu no, wɔn a wɔnnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ aseɛ yie. Saa ara na wɔyɛ Atwerɛsɛm a aka no de ɔsɛeɛ ba wɔn so.

17Nanso anuanom, mo deɛ monim yei dada. Monwɛn na wɔn a wɔnni mmara so annaadaa mo amfiri beaeɛ pa. 18Monyini wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu.

Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.