2 Mose 6 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 6:1-30

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wobɛhunu deɛ mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfoɔ no akɔ. Nokorɛm, mɛhyɛ no ama wapam wɔn afiri asase no so.”

2Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mene Awurade no. 3Meyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfoɔ. Nanso, mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn. 4Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔhoɔ no bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ. 5Afei, mate Israelfoɔ apinisie ne nya a Misraimfoɔ di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no.

6“Enti, ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwanwadeɛ de ayi wɔn afiri nkoasom mu ama wɔade wɔn ho. 7Mɛgye wɔn atom sɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn a wagye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam no. 8Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapadeɛ. Mene Awurade no.’ ”

9Enti, Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, ɛsiane abasamutuo a ɛfiri ɔhyɛ ntrasoɔ enti.

10Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 11“Sane kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔ.”

12Nanso, Mose kaa sɛ, “Dabi, afei deɛ, me ara me nkurɔfoɔ no rentie asɛm a mɛka biara bio. Na mʼano nso nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na matumi akasa ama atɔ Farao asom?”

13Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsane nkɔ Israelfoɔ no ne Farao a ɔyɛ Misraimfoɔ ɔhene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim asase so nkɔ.

Mose Ne Aaron Nuayɛ

14Nnipa a na wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no edin na ɛdidi so yi:

Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmammarima yɛ:

Hanok, Palu, Hesron, Karmi.

Yeinom na wɔwoo Ruben asefoɔ.

15Simeon mmammarima:

Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne maame yɛ Kanaanni.

Yeinom na wɔwoo Simeon asefoɔ.

16Lewi mmammarima:

Gerson, Kohat, Merari.

(Lewi dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)

17Gerson mmammarima:

Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti.

18Kohat mmammarima:

Amram, Ishar, Hebron, Usiel.

(Kohat dii mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.)

19Merari mmammarima:

Mahli, Musi.

Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no no yɛ Lewi abusuafoɔ.

20Amram waree nʼagya nuabaa Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron.

(Amram dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)

21Ishar mmammarima:

Kora, Nefeg, Sikri.

22Usiel mmammarima:

Misael, Elsafan, Sitri.

23Aaron waree Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabaa Wɔn mma edin nie: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

24Kora mmammarima:

Asir, Elkana, Abiasaf.

Yeinom ne Kora asefoɔ.

25Aaron babarima Eleasa waree Putiel mmammaa no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako.

Nnipa a wɔabobɔ wɔn edin yi ne wɔn a na wɔtuatua Lewifoɔ mmusuakuo no ano.

26Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔyi Israelfoɔ nyinaa mfiri Misraim asase so” no. 27Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔsrɛɛ no ɛkwan sɛ ɔmma wɔnni Israelfoɔ no anim nyi wɔn mfiri asase no so.

28Ɛda a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no, 29ɔkaa sɛ, “Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim ɔhempɔn no.”

30Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio sɛ “Mʼano nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?”