2 Mose 26 – ASCB & NASV

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 26:1-37

Ahyiaeɛ Ntomadan Ho Nhyehyɛeɛ

1“Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a wɔafira yɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu, na fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no. 2Ɛsɛ sɛ nsɛnanotam edu no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan mmienu na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nsia. 3Mompam saa ntoma no enum mmɔ mu ma ɛnyɛ baako. Enum a aka no nso, monyɛ no saa ara. 4Momfa ntoma bibire bamma aduonum nwurawura ntoma no afa mmienu a ɛsensɛn hɔ no mu. 5Ɛsɛ sɛ ɛfa biara, mobɔ nkantankorowa aduonum ma ɛdi nhwɛanimu. 6Bɔ sikakɔkɔɔ nkɔtɔkorɔ aduonum na fa sosɔ nkantankorowa no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛnanotam ahodoɔ mmienu no bɛyɛ nsɛnanotam baako.

7“Nsɛnanotam no akyi no, momfa ntoma nkatasoɔ dubaako a wɔde mmirekyie nwi ayɛ mfa mmɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no so. 8Ntoma nkatasoɔ dubaako no nyinaa tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyɛ pɛpɛɛpɛ. Ne tenten nyɛ anammɔn aduanan enum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn nsia. 9Ka saa nkatasoɔ enum yi sisi anim ma ɛnyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako; na fa nsia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako. Wɔbɛbu nkatasoɔ ɛtɔ so nsia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɛdan kronkron no nkatano. 10Fa yaawa nkantankorowa aduonum a wɔabɔ no hyehyɛ ntoma asinasini mmienu no ano. 11Na yɛ nsosɔmu aduonum na fa saa nsosɔmu no hyehyɛ nkantankorowa no mu na ɛnka asɔredan no mmɔ mu na ɛnyɛ mua. 12Ɛdan no mmɔsotam anammɔn baako ne fa bɛsensɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no akyi, 13na anammɔn baako ne fa nso asensɛn animu. 14Momfa nneɛma ahodoɔ mmienu mmɔ ɛdan no so. Deɛ ɛdi ɛkan no nyɛ odwennini wedeɛ a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu nyɛ abirekyie wedeɛ a ɛsɔ.

15“Fa okuo yɛ ntaaboo na fatwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho. 16Taaboo biara ɔsorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra. 17Ɛsɛ sɛ nkɔtɔkorɔ mmienu wɔ taaboo biara ase, na taaboo biara yɛ pɛ. 18Mobɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ntaaboo ama emu aduonu akyerɛ nʼanafoɔ. 19Wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so; nsisisoɔ no mmienu mmienu nhyehyɛ taaboo biara ase. 20Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam nso, wɔbɛyɛ ntaaboo aduonu atwa ho. 21Ɛno nso wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so a taaboo baako bɛsi nsisisoɔ mmienu so. 22Ahyiaeɛ Ntomadan no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no bɛyɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo nsia na wɔde bɛtwa ho 23a ntaaboo mmienu sisi ntwea biara. 24Wɔde nkɔtɔkorɔ bɛsosɔ ntaaboo mmienu no soro ne ne fam. 25Wɔka ne nyinaa bom a, ntaaboo wɔtwe na wɔde bɛyɛ ɛdan no fa hɔ a wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ dunsia so. Taaboo biara bɛfa nsisisoɔ mmienu.

26“Fa okuo sene mmeamu nnua bi na fa beabea ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no enum nkɔ ɛdan no fa baako, 27na enum a aka no nso nkɔ ɛfa baako. Fa mmeamu nnua no enum bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntomadan no akyi, a ani kyerɛ atɔeɛ fam no. 28Bɔ mmeamu dua baako fa bea ntaaboo no mfimfini na ɛmfiri tire nkɔka tire. 29Fa sikakɔkɔɔ dura ntaaboo no ho na fa sikakɔkɔɔ nkawa sosɔ mmeamu dua no mu na ɛnnyina. Fa sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.

30“Fa hyehyɛbea a mekyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so hɔ no so pɛpɛɛpɛ si Ahyiaeɛ Ntomadan no.

31“Fa ntoma tuntum, koogyan bibire, koogyan ne asaawatam a ɛyɛ fɛ yɛ ntwamutam a wɔanwono Kerubim sɛso agu mu no. 32Fa sɛn okuo nnua fadum nan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho a sikakɔkɔɔ nsosɔmu nan sosɔ ano no so. Ma fadum ɛnan no mu biara nsi dwetɛ ntaaboo ɛnan no baako so. 33Fa ntwamutam no sensɛn nsosɔmu no so na fa tware ɛdan no mu. Fa adaka a ɛboɔ a wɔatwerɛ Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntoma ntwamu no akyiri. Ntoma ntwamu no bɛtwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam. 34Afei, fa adaka no mmuasoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ no bua so na fa si kronkron mu kronkron hɔ. 35Fa ɛpono no ne kaneadua no tware dan no mu wɔ ntwamutam no akyi. Kaneadua no bɛsi kronkronbea no anafoɔ, ɛnna ɛpono no asi nʼatifi.

36“Fa ntoma foforɔ a ɛyɛ koogyan bibire ne koogyan asaawatam yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nkatano. 37Fa saa ntwamutam no sɛn okuo mpunan enum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsosɔmu no so. Wɔde saa mpunan no bɛsisi yaawa ntaeaseɛ enum no mu.

New Amharic Standard Version

ዘፀአት 26:1-37

የማደሪያው ድንኳን

26፥1-37 ተጓ ምብ – ዘፀ 36፥8-38

1“በቀጭኑ ከተፈተለ የበፍታ ድርና በሰማያዊ፣ በሐምራዊና በቀይ ማግ በተሠሩ ዐሥር መጋረጃዎች ማደሪያ ድንኳኑን ሥራ፤ እጀ ብልኅ ሠራተኛም ኪሩቤልን ይጥለፍባቸው። 2መጋረጃዎች ሁሉ እኵል ይሁኑ፤ የእያንዳንዱ መጋረጃ ርዝመት ሃያ ስምንት ክንድ ወርዱም አራት ክንድ26፥2 ርዝመቱ 12.5 ሜትር ወርዱ 1.8 ሜትር ያህል ነው። ይሁን። 3አምስቱን መጋረጃዎች አገጣጥመህ ስፋ፤ የቀሩትንም አምስት መጋረጃዎች እንደዚሁ አገጣጥመህ ስፋቸው። 4ከዳር በኩል ባለው መጋረጃ ጠርዝ ላይ፣ ከሰማያዊ ጨርቅ የተሠሩ ቀለበቶች አድርግ፤ በሌላውም የመጋረጃ ጠርዝ ላይ እንዲሁ አድርግ። 5ቀለበቶችን ትይዩ በማድረግ አምሳ ቀለበቶችን በአንደኛው ጠርዝ መጋረጃ፣ አምሳ ቀለበቶችንም በሌላው ጠርዝ መጋረጃ አድርግ። 6ከዚያም የመገናኛው ድንኳን አንድ ወጥ ይሆን ዘንድ መጋረጃዎቹን በአንድ ላይ ለማያያዝ አምሳ የወርቅ ማያያዣዎችን ሥራ።

7“ማደሪያ ድንኳኑን ከላይ ሆነው የሚሸፍኑ ዐሥራ አንድ የፍየል ጠጕር መጋረጃዎች ሥራ። 8ዐሥራ አንዱም መጋረጃዎች እኩል ይሁኑ፤ የእያንዳንዱ ርዝመት ሠላሳ ክንድ ወርዱም አራት ክንድ26፥8 ርዝመቱ 13.5 ሜትር ወርዱ 1.8 ሜትር ያህል ነው። ይሁን። 9አምስቱን መጋረጃዎች በአንድ ላይ፣ እንደዚሁም ስድስቱን መጋረጃዎች በአንድ ላይ አድርገህ ስፋቸው፤ ከማደሪያው ድንኳን ፊት ለፊት ስድስተኛውን መጋረጃ ዕጠፍና በላዩ ላይ ደርበው። 10በአንድ በኩል ባለው መጨረሻ መጋረጃ ጠርዝ ላይ አምሳ ቀለበቶችን፣ እንዲሁም በሌላ በኩል ባለው መጨረሻ መጋረጃ ጠርዝ ላይ አምሳ ቀለበቶችን አድርግ። 11ከዚያም አምሳ የናስ ማያያዣዎችን ሥራ፤ ድንኳኑን አንድ ወጥ አድርጎ ለማያያዝ በቀለበቶቹ ውስጥ ጨምራቸው። 12ስለ ድንኳኑ መጋረጃዎች ትርፍ ቁመትም፣ ትርፍ ግማሽ መጋረጃ ከማደሪያው ድንኳን ጀርባ ላይ እንዲንጠለጠል ይሁን። 13የድንኳኑ መጋረጃዎች በሁለቱም ጐኖች አንድ ክንድ ርዝመት26፥13 ርዝመቱ 0.5 ሜትር ያህል ነው። ይኖራቸዋል፤ የተረፈውም የማደሪያውን ድንኳን ጐኖች እንዲሸፍን ሆኖ ይንጠለጠላል፤ 14ለድንኳኑ በቀይ የተነከረ የአውራ በግ ቈዳ ልብስ አብጅ፤ በላዩም ላይ የአቆስጣ ቈዳ ይሁን26፥14 ይህ የባሕር አውሬ ነው።

15“ለማደሪያው ድንኳን ከግራር ዕንጨት ወጋግራዎችን አብጅ። 16እያንዳንዱም ወጋግራ ርዝመቱ ዐሥር ክንድ ወርዱም አንድ ክንድ ተኩል26፥16 ርዝመቱ 4.5 ሜትር፣ ወርዱ 0.7 ሜትር ያህል ነው። ይሁን፤ 17ሁለት ጕጦችም ጐን ለጐን ይሁኑለት፤ የማደሪያውን ድንኳን ወጋግራዎች ሁሉ በዚሁ መልክ አብጅ። 18ለማደሪያው ድንኳን ክፍል ሃያ ወጋግራዎችን ሥራ። 19ከሥራቸው የሚሆኑ አርባ የብር መቆሚያዎችን አብጅ፤ በእያንዳንዱ ጕጠት ሥር አንድ መቆሚያ ሲሆን፣ ለእያንዳንዱም ወጋግራ ሁለት መቆሚያዎች ይኑሩ። 20በሌላው ጐን፣ ከማደሪያው ድንኳን በስተ ሰሜን በኩል ሃያ ወጋግራዎችን አብጅ፤ 21በእያንዳንዱም ወጋግራ ሥር ሁለት ሁለት መቆሚያ ሆኖ አርባ የብር መቆሚያዎችን አብጅ። 22በዳር በኩል ለሚገኘው ይኸውም በምዕራብ ጠርዝ ላለው የማደሪያው ድንኳን ስድስት ወጋግራዎች አብጅ። 23ዳርና ዳር ላሉት ማእዘኖች ሁለት ወጋግራዎች አብጅ። 24በእነዚህ ሁለት ማእዘኖች ላይ ከታች እስከ ላይ ድረስ ድርብ ሲሆኑ፣ በአንድ ቀለበት ውስጥ የሚገጥሙ መሆን አለባቸው፤ በሁለቱም ወገን እንዲሁ መሆን አለበት። 25ስለዚህ ስምንት ወጋግራዎች አሉ፤ እንዲሁም ዐሥራ ስድስት የብር መቆሚያዎች ሲኖሩ፣ ለእያንዳንዱ ወጋግራ ሁለት ሁለት መቆሚያ ይሆናል።

26“ደግሞም ከግራር ዕንጨት አግዳሚዎችን አብጅ፤ በአንድ በኩል ላሉት የማደሪያው ድንኳን ወጋግራዎች አምስት፣ 27በሌላው ጐን ላሉት አምስት፣ በማደሪያው ድንኳን ዳር በምዕራብ በኩል ባሉት ወጋግራዎች አምስት አብጅ። 28መካከለኛው አግዳሚ በወጋግራዎቹ መካከል ከጫፍ እስከ ጫፍ ይተላለፍ። 29ወጋግራዎቹን በወርቅ ለብጣቸው፤ አግዳሚዎቹን ለመያዝ የወርቅ ቀለበቶች አብጅ፤ አግዳሚዎቹንም በወርቅ ለብጣቸው።

30“ማደሪያ ድንኳኑንም በተራራው ላይ ባየኸው ዕቅድ መሠረት ትከለው።

31“ከሰማያዊ፣ ከሐምራዊ፣ ከቀይ ማግና በቀጭኑ ከተፈተለ በፍታ መጋረጃ አብጅ፤ እጀ ብልኅ ሠራተኛም ኪሩቤልን ይጥለፍበት። 32በወርቅ በተለበጡ ከግራር ዕንጨት በተሠሩና በአራቱ የብር መቆሚያዎች ላይ በቆሙት በአራቱ ምሰሶዎች፣ በወርቅ ኵላቦች ላይ አንጠልጥለው። 33መጋረጃውን በማያያዣዎቹ ላይ ስቀለው፤ የምስክሩንም ታቦት ከመጋረጃው በስተ ኋላ አስቀምጠው፤ መጋረጃውም መቅደሱን ከቅድስተ ቅዱሳኑ ይለያል። 34በቅድስተ ቅዱሳኑ ውስጥ በምስክሩ ታቦት ላይ የማስተስረያውን ክዳን አስቀምጥ። 35ጠረጴዛውን ከመገናኛው ድንኳን በሰሜን በኩል ከመጋረጃው ውስጥ አስቀምጠው፤ መቅረዙንም ከእርሱ ትይዩ በማድረግ በደቡብ በኩል አድርገው።

36“ለድንኳኑ ደጃፍ ከሰማያዊ፣ ከሐምራዊ፣ ከቀይ ማግና በቀጭኑ ከተፈተለ በፍታ በጥልፍ ዐዋቂ የተጠለፈ መጋረጃ አብጅ። 37ለዚህም መጋረጃ የወርቅ ኵላቦችንና ከግራር ዕንጨት የተሠሩ፣ በወርቅ የተለበጡ አምስት ምሰሶዎችን አብጅ፤ አምስት የናስ መቆሚያዎችንም አብጅላቸው።