2 Mose 24 – ASCB & CCBT

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 24:1-18

Israelfoɔ Gye Apam No To Mu

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wo ne Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson mforo mmra ha. Mo nyinaa, momma me ne mo ntam ntwe na monsom me. 2Mose nko ara na ɔbɛbɛn Awurade; na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔaka no twe bɛn bepɔ no koraa.”

3Mose kaa mmara a Awurade hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛdi ne nyinaa so.” 4Mose twerɛɛ Awurade mmara no nyinaa guu hɔ.

Adeɛ kyee anɔpa no, ɔsii afɔrebukyia wɔ bepɔ no ase. Ɔde adum dumienu twaa ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, na Israel mmusuakuo no yɛ dumienu. 5Afei, ɔsomaa mmabunu a wɔwɔ wɔn mu no bi sɛ wɔnkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ mma Awurade. 6Mose sɔnee mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, ɛnna ɔtoo ɛfa a aka no petee afɔrebukyia no so. 7Ɔkan nwoma a watwerɛ a ɛyɛ Apam Nwoma a Awurade akwankyerɛ ne ne mmara wɔ mu no kyerɛɛ nnipa no. Nnipa no bɔ gyee so bio sɛ, “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛdi mmara no nyinaa so.”

8Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankyee no mu no petee nnipa no so kaa sɛ, “Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne Awurade apam ne mmara a ɔde ama mo no mu den.”

9Afei Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson no foro kɔɔ bepɔ no so. 10Wɔhunuu Israel Onyankopɔn. Na ne nan ntiasoɔ hyerɛn te sɛ aboɔdemmoɔ a ne hyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn. 11Ɛwom sɛ mpanimfoɔ no hunuu Onyankopɔn deɛ, nanso wansɛe wɔn. Nokorɛm, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim.

12Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Foro bra me nkyɛn wɔ bepɔ so ha na tena ha kɔsi sɛ mede mmaransɛm a matwerɛ agu ɛboɔ so no bɛma wo, na wonam so akyerɛkyerɛ nnipa no.”

13Enti, Mose ne ne ɔboafoɔ Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔ no so. 14Ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Montena ha ntwɛn yɛn kɔsi sɛ yɛbɛba. Merekɔ yi, sɛ asɛm bi kyere mo so a, monka nkyerɛ Aaron ne Hur.”

15Mose foro kɔɔ bepɔ no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu. 16Na Awurade animuonyam hyɛɛ Sinai bepɔ no so ma. Na omununkum sii bepɔ no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose firii omununkum no mu. 17Wɔn a wɔwɔ bepɔ no ase no hunuu anwanwadeɛ no. Na Awurade animuonyam a ɛwɔ bepɔ no so no te sɛ ogya a ɛrederɛ. 18Na Mose yeraa wɔ bepɔ no so wɔ omununkum no mu. Ɔdii bepɔ no so adaduanan.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

出埃及記 24:1-18

在西奈山立約

1耶和華又指示摩西說:「你和亞倫拿答亞比戶以色列的七十位長老上我這裡來,遠遠地敬拜我。 2只有你可以靠近我,其他人,包括全體百姓,都不得走近。」

3摩西下山把耶和華的話和法令都告訴百姓,百姓齊聲回答:「我們願意遵行耶和華的一切吩咐。」 4摩西把耶和華的這些話記錄下來。第二天清晨,摩西在山腳築了一座壇,立了十二根柱子代表以色列的十二支派。 5他又吩咐以色列的青年去給耶和華獻燔祭,又獻上公牛作平安祭。 6摩西把祭牲的血一半放在盆裡,一半灑在壇上。 7他又把約書念給百姓聽,百姓聽了都說:「我們願意遵行耶和華的一切吩咐,我們願意順服。」 8摩西便把盆中的血灑在百姓身上,說:「這是立約的血,是耶和華按所說的話與你們立約的憑據。」

9之後,摩西亞倫拿答亞比戶及七十位長老便上了山。 10他們都看見了以色列的上帝,祂的腳下好像是一片藍寶石,像天一樣明淨。 11上帝沒有伸手殺這些以色列的首領,允許他們看見祂,在祂面前吃喝。

12耶和華對摩西說:「你上山到我這裡來,留在這裡,我要把寫著律法和誡命的石版賜給你,你可以用來教導百姓。」 13於是,摩西帶著他的助手約書亞動身上了上帝的山。 14離開之前,摩西吩咐長老說:「你們在這裡等候我們回來。亞倫戶珥跟你們在一起,百姓當中有什麼訴訟的事情,可以交給他們處理。」

15摩西上了山,密雲遮蓋著整座山。 16耶和華的榮耀停留在西奈山上,密雲遮蓋了山六天。第七天,耶和華在雲中召喚摩西17以色列人眼中,耶和華的榮耀在山上好像烈火。 18摩西上到山上,走進雲中,在那裡停留了四十晝夜。