2 Mose 18 – ASCB & NRT

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 18:1-27

Yetro Afotuo

1Ankyɛre biara na Mose ase, Midian ɔsɔfoɔ Yetro, tee anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Mose, ne sɛdeɛ Awurade ayi wɔn afiri Misraim asase so no.

2Mose de ne yere Sipora kɔeɛ no, nʼase Yetro gyee no 3a na ne mmammarima baanu ka ne ho. Mose too ne babarima a na ɔyɛ nʼabakan no edin Gersom a ɔkyerɛ aseɛ sɛ, “Mabɛyɛ ɔhɔhoɔ ananafoɔ asase so.” 4Na ne babarima a ɔtɔ so mmienu no nso, ɔtoo ne edin Elieser a ɔkyerɛ aseɛ sɛ “Mʼagyanom Onyankopɔn no yɛ me ɔboafoɔ. Ɔgyee me firii Farao akofena ano.”

5Yetro kɔsraa Mose. Ɔde Mose yere ne ne mmammarima baanu no kaa ne ho. Wɔduruiɛ no, na Mose ne nnipa no abɔ atenaeɛ wɔ Onyankopɔn bepɔ no ho. 6Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wʼase Yetro reba abɛsra wo. Wo yere ne wo mmammarima baanu no ka ne ho.”

7Mose sɔre kɔhyiaa nʼase. Ɔkotoo no anidie mu gyee no fɛ so. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ wɔn apɔ mu te. Afei, wɔkɔɔ Mose ntomadan no mu kɔtoaa wɔn amanneɛdie so. 8Mose kaa nsɛm a asisie nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa deɛ Awurade ayɛ atia Farao ne Misraimfoɔ a ɔnam so agye Israelfoɔ, ayi wɔn afiri Misraim, asane ayi wɔn afiri ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no.

9Yetro tee deɛ Awurade ayɛ ama Israel, ne titire no, sɛdeɛ ɔyii wɔn firii Misraim no, nʼani gyee yie. 10Yetro kaa sɛ, “Nhyira nka Awurade sɛ wagye mo afiri Misraimfoɔ ne Farao nsam, na wagye ɔman Israel nso. 11Afei, mahunu sɛ Awurade yɛ kɛse sene onyame biara, ɛfiri sɛ, wagye ne nkurɔfoɔ afiri Misraimfoɔ ahantanfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam.” 12Yetro de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ baeɛ na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Onyankopɔn. Akyire no, Aaron ne Israel mpanimfoɔ no baa Yetro nkyɛn. Wɔn nyinaa too nsa dii afɔreduane no wɔ Awurade anim.

13Adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase firii anɔpa kɔsii anwummerɛ tiee nsɛmpɔ a asisi wɔ nnipa no mu. 14Mose ase no hunuu brɛ a ɔrebrɛ nnipa no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ wo nko ara wodi dwuma kɛseɛ yi a enti nnipa gyina wo so saa ara firi anɔpa kɔsi anwummerɛ yi?”

15Mose buaa sɛ, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ memmisa Onyankopɔn akwankyerɛ. 16Sɛ akyinnyeɛ bi ba wɔn ntam a, wɔba ma mesiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛdeɛ.”

17Nʼase no kaa sɛ, “Deɛ woreyɛ no nyɛ. 18Worekum wo ho na sɛ wowu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ. 19Tie fo a merebɛtu wo yi na Onyankopɔn bɛhyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim. 20Kyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan a wɔmfa so ntena ase. 21Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofoɔ na wɔyɛ nokwafoɔ a wɔmpɛ adanmudegyeɛ, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so ɔtemmufoɔ. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufoɔ edu hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wɔbɛyi atemmufoɔ baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufoɔ baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa edu fo. 22Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wɔnni nokorɛ daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim. Sɛ wofa saa ɛkwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛ ama wo, ɛfiri sɛ, woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn. 23Sɛ wotie afotuo no na Onyankopɔn nso pene so a, wobɛtumi agyina asɛm biara ano na asomdwoeɛ aba.”

24Mose tiee nʼase afotuo no dii so pɛpɛɛpɛ. 25Ɔyiyii nnipa pa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa de wɔn yɛɛ atemmufoɔ—apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne edu edu. 26Na wɔbuu ɔman no atɛn berɛ nyinaa mu. Wɔde nsɛm akɛseɛ no maa Mose na wɔn nso dii nsɛm nketewa no.

27Akyire no, Mose gyaa nʼase ɛkwan ma ɔkɔɔ ne kurom.

New Russian Translation

Исход 18:1-27

Иофор навещает Моисея

1Иофор, мадианский жрец и тесть Моисея, услышал обо всем, что Бог сделал для Моисея и Своего народа, Израиля, и о том, как Господь вывел Израиль из Египта. 2Тогда Иофор, тесть Моисея, взял свою дочь Циппору, жену Моисея (которая еще до этого была отослана в родительский дом), 3и двух ее сыновей. Одного из них звали Гершом18:3 По звучанию это имя напоминает слова «поселенец там»., потому что Моисей сказал: «Я стал поселенцем в чужой земле», 4а другого Элиезер18:4 Это имя означает «мой Бог – помощник»., потому что он сказал: «Бог моего отца помог мне. Он спас меня от меча фараона».

5И пришел Иофор, тесть Моисея, вместе с его сыновьями и женой к Моисею в пустыню, где он расположился лагерем у Божьей горы. 6Иофор послал сказать ему:

– Я, твой тесть Иофор, иду к тебе с твоей женой и двумя твоими сыновьями.

7Моисей вышел встретить тестя, поклонился ему и поцеловал его. Они поприветствовали друг друга и вошли в шатер. 8Моисей рассказал тестю о том, что Господь сделал с фараоном и египтянами ради Израиля, о тяготах, которые они перенесли в пути, и о том, как Господь спас их. 9Иофор был рад слышать о том, как много добра сотворил Господь для израильтян, избавив их от власти египтян. 10Он сказал:

– Хвала Господу, Который избавил вас от власти египтян и фараона! 11Теперь я знаю, что Господь более велик, чем остальные боги, потому что Он избавил народ от гнета египтян18:11 Потому … египтян – эта часть предложения перенесена из ст. 10., которые так притесняли израильтян.

12Иофор, тесть Моисея, принес Богу всесожжение и другие жертвы, а Аарон пришел со старейшинами Израиля разделить с тестем Моисея священную жертвенную трапезу.

Назначение судей

(Втор. 1:9-18)

13На следующий день Моисей принялся разбирать тяжбы народа, и народ толпился вокруг него с утра до вечера. 14Когда его тесть увидел, что Моисей делает с народом, он сказал:

– Что ты делаешь с народом? Почему ты судишь один, а все эти люди толпятся вокруг тебя с утра до вечера?

15Моисей ответил:

– Они пришли ко мне искать Божьей воли. 16Когда у них случается спор, они приходят с ним ко мне. Я решаю между истцом и ответчиком и объявляю им Божьи установления и законы.

17Тесть Моисея ответил:

– Ты делаешь это неправильно. 18И ты, и те, кто приходят к тебе, только утомляетесь. Эта работа слишком тяжела для тебя одного. 19Послушай меня, я дам тебе совет, и да будет с тобой Бог. Будь посредником для народа перед Богом и приноси к Нему их споры. 20Учи их установлениям и законам, показывай им путь, по которому идти, и дела, которые им делать. 21Но выбери из народа способных, боящихся Бога, надежных и неподкупных людей и поставь их начальниками над тысячами, сотнями, полусотнями и десятками. 22Они и будут судьями. Трудные дела пусть они приносят к тебе, а простые решают сами. Разделив твое бремя, они облегчат его. 23Если ты так сделаешь и Бог повелит это тебе, то и ты сможешь выстоять, и люди разойдутся по домам довольными.

24Моисей послушался тестя и сделал, как тот сказал. 25Он выбрал среди израильтян способных людей и поставил их вождями народа: начальниками над тысячами, сотнями, полусотнями и десятками. 26Они и стали для народа судьями. Трудные дела они приносили к Моисею, а простые решали сами.

27Моисей простился с тестем, и Иофор отправился в свою страну.