2 Mose 16 – ASCB & CARSA

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 16:1-36

Nnuane A Ɛfiri Ɔsoro

1Afei, wɔtu firii Elim baa Sin ɛserɛ so a ɛda Elim ne Bepɔ Sinai ntam. Wɔtu firii Misraim no, bosome a ɛtɔ so mmienu dadu nnanum so na wɔduruu hɔ. 2Wɔduruu hɔ no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron sɛ, 3“Ao! Sɛ yɛwɔ Misraim bio na anka Awurade rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yɛnya nnuane bebree di wɔ hɔ. Nanso, mode yɛn abɛgu ɛserɛ so ha ama ɛkɔm rekum yɛn.”

4Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛtɔ aduane firi soro abɛgu asase so ama wɔn. Obiara bɛtumi akɔboaboa dodoɔ biara a ɔpɛ ano ama deɛ ɔbɛdi no ɛda koro. Mede yei bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so anaasɛ wɔrenni so. 5Ka kyerɛ wɔn na nnawɔtwe biara mu ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔmmoaboa aduane no ano sɛdeɛ daa wɔboaboa no no, mmɔho mmienu.”

6Enti, Mose ne Aaron frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ne wɔn hyiaeɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anwummerɛ yi, mobɛhunu sɛ Awurade na ɔyii mo firii Misraim asase so. 7Sɛ ɛduru anɔpa a, mobɛhunu nʼanimuonyanneɛ bebree; ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Na yɛn ne hwan a monnwiinwii tia yɛn? 8Anwummerɛ yi, Awurade bɛma mo ɛnam awe, na wama mo aduane anɔpa. Ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na monwiinwii tiaa Awurade.”

9Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ wɔmmra Awurade anim na wɔmmɛtie wɔn anwiinwii no ho mmuaeɛ.”

10Enti, Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn ɛkwan no wɔ no, Awurade firii mu daa nʼanimuonyam kɛseɛ no adi.

11Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 12“Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Anwummerɛ, mobɛnya ɛnam awe na anɔpa nso mobɛnya aduane pii adi na mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn, no.’ ”

13Anwummerɛ no, nnomaa pii bɛbuu so wɔ wɔn atenaeɛ hɔ na anɔpa no, obosuo tɔ guu ɛserɛ no so ma ɛyɛɛ fɔkyee; 14obosuo no tuiɛ no akyire no, biribi te sɛ nsenseneeɛ bi a ɛte sɛ nkyenkyeneeɛ bɛguu asase no so. 15Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛbɛn nie?”

Na Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ aduane a Awurade de ama mo sɛ monni no. 16Awurade aka sɛ, ‘Obiara mmoaboa dodoɔ biara a ɛbɛso ɔne ne fiefoɔ die ano.’ ”

17Enti, Israelfoɔ no firii adi kɔboaboaa aduane no bi ano. Ebi faa pii ɛnna ebi faa kakraa bi. 18Wɔhwiee deɛ wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara bɛnya bi. Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn. Efie biara nyaa ne so ne ne deɛ.

19Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommma adeɛ nkye so.”

20Nanso, ebinom yɛɛ asoɔden maa adeɛ kyee so. Adeɛ kyee so no, na adɔre nsaama ma ɛbɔn enti Mose bo fuu wɔn yie.

21Afei, na wɔkɔtase aduane no anɔpa biara, na wɔtase dodoɔ biara a, ɛso efie biara. Na awia bɔɔ dendeenden guu so no, aduane no nyinaa naneeɛ. 22Ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee sɛdeɛ wɔtase no daa no mmɔho mmienu. Wɔtasee susukoraa nsia, nanso daa na wɔtase susukoraa mmiɛnsa. Mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no bɛbisaa Mose deɛ enti a aba saa. 23Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, Awurade aka ato hɔ sɛ, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti, monnoa dodoɔ biara a mopɛ ɛnnɛ, na deɛ ɛbɛka no, monnya ma adeɛ nkye so.’ ”

24Na adeɛ kyee so no, na ɛyɛ a nsaama biara nni mu na ɛmmɔn nso. 25Mose kaa sɛ, “Ɛnnɛ, mo aduane nie, ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ Awurade homeda enti aduane biara rentɔ ngu asase so. 26Momfa nna nsia mmoaboa aduane ano, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda enti morennya aduane biara saa ɛda no.”

27Homeda no, nnipa no bi firii adi sɛ wɔrekɔpɛ aduane no bi, nanso na ebi nni hɔ. 28Awurade bisaa Mose sɛ, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akɔsi da bɛn? 29Wɔnhunu sɛ nna nsia so no, memaa wɔn mmɔho mmienu sɛdeɛ ɛbɛso wɔn nnanu? Awurade se momfa ɛda a ɛtɔ so nson no sɛ homeda; montena mo ntomadan mu. Mommfiri adi nkɔtase aduane mfiri asase so.” 30Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, nnipa no homee.

31Israelfoɔ no too aduane no edin sɛ, Mana aseɛ ne “Ɛyɛ ɛdeɛn?” Ɛyɛ fitaa sɛ wisa aba na ɛyɛ dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu. 32Mose kaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduane no susukoraa mmiɛnsa na wɔmfa nkɔsie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛhunu aduane a Awurade de maa wɔn dii wɔ ɛserɛ so ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim no.

33Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔmfa kyɛnsee na ɔmfa mana lita mmiɛnsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma.

34Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no na ɔkɔkoraa no wɔ Apam Adaka no mu wɔ kronkronbea hɔ. 35Enti, Israelfoɔ dii mana yi mfeɛ aduanan kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase so a ɛhɔ deɛ, na afuomduane wɔ no.

36Omer na na wɔde susu mana no. Omer yɛ lita mmiɛnsa.

Священное Писание (Восточный перевод), версия с «Аллахом»

Исход 16:1-36

Манна и перепела

1Народ Исраила тронулся в путь из Елима и на пятнадцатый день второго месяца, через месяц после ухода из Египта, пришёл в пустыню Син, что между Елимом и Синаем. 2В пустыне народ стал роптать на Мусу и Харуна. 3Исраильтяне говорили им:

– Лучше бы нам было умереть в Египте от руки Вечного! Там мы сидели у котлов с мясом и ели хлеб досыта. А вы вывели нас в пустыню, чтобы весь народ уморить голодом.

4Вечный сказал Мусе:

– Я осыплю вас хлебом с неба. Пусть народ выходит каждый день и собирает, сколько нужно на день. Так Я испытаю их, будут ли они следовать Моим наставлениям. 5В пятницу пусть они соберут вдвое больше, чем в прочие дни, и заготовят это впрок.

6Муса и Харун сказали исраильтянам:

– Вечером вы узнаете, что Вечный вывел вас из Египта, 7а утром увидите славу Вечного, потому что Он услышал ваш ропот на Него. Кто мы такие, чтобы вам роптать на нас?

8Ещё Муса сказал:

– Вот как вы узнаете, что это был Вечный: этим вечером Он накормит вас мясом, а утром даст вам вдоволь хлеба. Он услышал ваш ропот на Него. Кто мы такие? Вы ропщете не на нас, а на Вечного.

9Муса сказал Харуну:

– Скажи обществу исраильтян: «Предстаньте перед Вечным, потому что Он услышал ваш ропот».

10Когда Харун говорил с народом Исраила, они повернулись к пустыне и увидели, как слава Вечного явилась в облаке.

11Вечный сказал Мусе:

12– Я услышал ропот исраильтян. Скажи им: «Вечером вы будете есть мясо, а утром наедитесь хлеба. Тогда вы узнаете, что Я – Вечный, ваш Бог».

13В тот же вечер налетели перепела и накрыли лагерь, а утром вокруг лагеря легла роса. 14Когда роса сошла, на поверхности пустыни показались тонкие хлопья, похожие на иней. 15Увидев их, исраильтяне говорили друг другу:

– Что это?

Они не знали, что это такое. Муса сказал им:

– Это хлеб, который Вечный дал вам в пищу. 16Вечный повелел: «Пусть каждый собирает, сколько ему нужно. Берите по кувшину16:16 Букв.: «по омеру». Омер – мера объёма примерно равная 2,2 л. на каждого члена семьи».

17Исраильтяне сделали так, как им сказали. Одни собрали больше, другие меньше. 18Но когда они измерили, то у того, кто собрал много, не было излишка, и у того, кто собрал мало, не было недостатка. Каждый собрал столько, сколько ему было нужно.

19Муса сказал им:

– Пусть никто ничего не оставляет до утра.

20Но некоторые не послушали Мусу и оставили часть до утра. В пище завелись черви, и она стала зловонной. Муса разгневался на них.

21Утром каждый собирал, сколько ему было нужно, а когда пригревало солнце, всё несобранное таяло. 22В пятницу они собрали в два раза больше – по два кувшина16:22 Букв.: «по два омера». на человека, – и вожди народа пришли и доложили об этом Мусе.

23Он сказал им:

– Вечный повелел: «Завтра день покоя, святая суббота Вечного. Испеките сейчас то, что хотите испечь, и сварите то, что хотите сварить. То, что останется, нужно отложить и сохранить до утра».

24Они сохранили это до утра, как повелел Муса, и оно не начало портиться, и черви в нём не завелись.

25– Ешьте это сегодня, – сказал Муса, – потому что сегодня суббота Вечного. Сегодня вы ничего не найдёте на земле. 26Вы будете собирать хлопья шесть дней, но на седьмой день, в субботу, ничего не будет.

27Некоторые вышли в субботу, чтобы собрать дар Вечного, но ничего не нашли. 28Вечный сказал Мусе:

– Сколько ещё вы будете нарушать Мои повеления и наставления? 29Запомните: Я установил для вас субботу и поэтому в пятницу даю вам хлеб на два дня. Пусть в субботу каждый остаётся там, где он есть. Пусть никто не выходит из дома.

30И в субботу народ пребывал в покое.

31Народ Исраила назвал эту пищу манной16:31 Манна – переводится как: «Что это?» (см. 16:15).. Она была белой, видом была похожа на кориандровое семя, а на вкус – как медовое печенье. 32Муса сказал:

– Так повелел Вечный: «Возьмите кувшин16:32 Букв.: «омер». манны и храните для грядущих поколений, чтобы они могли видеть хлеб, которым Я кормил вас в пустыне, когда вывел из Египта».

33Муса сказал Харуну:

– Возьми кувшин и наполни его манной16:33 Букв.: «омером манны».. Поставь его перед Вечным, чтобы сохранить для грядущих поколений.

34Как Вечный повелел Мусе, Харун поставил кувшин с манной перед сундуком соглашения16:34 Сундук соглашения – традиционное название «ковчег завета»., чтобы сохранить. 35Исраильтяне ели манну сорок лет, пока не пришли в заселённую землю. Они ели манну, пока не достигли рубежей Ханаана.

36(Кувшин вмещает в себя примерно два литра.)16:36 Букв.: «Омер составляет одну десятую часть ефы». Ефа – мера объёма, равная 22 л.