2 Mose 15 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 15:1-27

Ɔgyeɛ Ho Dwom

1Afei, Mose ne Israelfoɔ too saa dwom yi de kamfoo Awurade:

“Mɛto dwom mama Awurade, ɛfiri sɛ,

wadi nkonim animuonyam mu;

Wato ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no

agu ɛpo mu.

2Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom

ne me nkwagyeɛ.

Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no.

Ɔyɛ mʼagya Onyankopɔn—Mɛma no so.

3Awurade yɛ ɔkofoɔ;

Aane, ne din ne Awurade.

4Farao nteaseɛnam ne nʼakodɔm, wato wɔn agu

Ama wɔamem Ɛpo Kɔkɔɔ mu.

Misraim akofoɔ atitire

awuwu asorɔkye ase.

5Nsuo akata wɔn so.

Wɔmemem subunu mu sɛ ɛboɔ.

6Wo nsa nifa, Ao, Awurade,

tumi ne animuonyam ahyɛ no ma.

Wo nsa nifa, Ao, Awurade,

atete atamfoɔ mu pasaa.

7“Wo tumi kɛseɛ no mu,

wotuu wɔn a wɔtia wo no guiɛ.

Womaa wʼabufuhyeɛ

bɛhyee wɔn sɛ ogya hye ɛserɛ.

8Wogu ahome a,

nsuo mu pae.

Ɛgyinaa sɛ afasuo

ma ɛpo taa ɛfa ne ɛfa.

9Ɔtamfoɔ de ahomasoɔ kaeɛ sɛ,

‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn.

Na makyɛ afodeɛ no mu.

Mɛtwe mʼakofena wɔ wɔn so

atwitwa wɔn asinasini.’

10Nanso, Onyankopɔn bɔɔ ne mframa

maa ɛpo kataa wɔn so.

Wɔmemem sɛ sumpii

wɔ subunu no mu.

11Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu?

Hwan na ɔte sɛ wo?

Ɔberempɔn wɔ kronkronyɛ mu;

deɛ yɛde surokronkron ma nʼanimuonyam,

na ɔyɛ anwanwadeɛyɛfoɔ Onyankopɔn.

12“Wotenee wo nsa nifa

na asase menee wɔn.

13Woadi nnipa a wogyee wɔn no anim,

wʼayamyɛ mu.

Wonam anwanwakwan so adi wɔn anim

de wɔn aba wʼasase kronkron no so.

14Amanaman tee asɛm a ɛsiiɛ ma wɔn ho popoeɛ.

Ehu aka nnipa a wɔwɔ Filistia.

15Edom mpanimfoɔ ho adwiri wɔn.

Atumfoɔ a wɔwɔ Moab ho woso.

Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa abɔ huboa.

16Ehu ne suro afa wɔn so.

Ao, Awurade, wo tumi enti,

wɔremma yɛn so!

Wo nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn

bɛtwa wɔn ho asomdwoeɛ mu.

17Wode wɔn bɛba abɛdua wɔn

wɔ wo bepɔ so,

wo ara wo efie hɔ, Awurade

Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no.

18Awurade bɛdi ɔhene

akɔsi daa.”

19Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafoɔ ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa ɛpo no mu; nanso, Awurade buu nsuo afasuo no guu wɔn so ɛberɛ a na Israelfoɔ no nam mu sɛ asase wesee no. 20Ɛhɔ na Odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nuabaa faa twene bi bɔ de dii mmaa no anim ma wɔsaeɛ. 21Ɛnna Miriam too saa dwom yi:

“Monto dwom mma Awurade

na wadi nkonim animuonyam mu.

Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ

amem ɛpo ase.”

22Afei, Mose dii Israelfoɔ no anim ne wɔn tu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur ɛserɛ so. Na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa a wɔannya nsuo annom. 23Wɔduruu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsuo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ nwono. Ɛno enti na wɔfrɛ hɔ Mara no; aseɛ ne: Nwononwono. 24Afei, nnipa no danee wɔn ani tiaa Mose sɛ, “Osukɔm nku yɛn anaa?”

25Mose srɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dua bi. Na ɔtoo dubaa no too nsuo no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wɔtumi nomeeɛ.

Mara hɔ na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn sɛ, 26“Sɛ mobɛtie Awurade mo Onyankopɔn nne, na moayɛ ɔsetie, ayɛ ade tenenee deɛ a, yadeɛ a mema ɛbɔɔ Misraimfoɔ no, meremma bi mmɔ mo, ɛfiri sɛ, mene Awurade a mesa mo nyarewa.”

27Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na nsubura dumienu ne mmɛdua aduɔson wɔ enti, wɔsisii wɔn ntomadan, tenaa nsubura no ho.

Japanese Contemporary Bible

出エジプト記 15:1-27

15

勝利の歌

1その時、モーセとイスラエル人は主をたたえる歌をうたいました。

「主の勝利をたたえ、心から喜び歌おう。主は馬も人も、海に投げ込んだ。

2主は私の力、私の歌、私の救いだ。私は、私の神、主をたたえよう。先祖の神、主をあがめよう。

3主は兵士。まことに主と呼ぶにふさわしい。

4主はエジプト王の戦車と軍勢を滅ぼした。えり抜きの将校たちもおぼれ死んだ。

5水にのまれ、石のように海の底へ沈んだ。

6おお、主の右の手は力と栄光に満ち、敵を粉みじんに打ち砕く。

7その輝かしい御力によって、主は立ち向かう敵をすべて滅ぼした。主の怒りの火は激しく、彼らはわらのように燃え尽きた。

8主が息を吹きかけると、水は真っ二つに分かれた! 水は壁となってそそり立ち、海を二つに分けた。

9敵は言った。『あとを追え。彼らを滅ぼせ。剣のえじきにし、戦利品を分け合おう。』

10だが、それもつかの間、風が巻き上がり、海が彼らをのみ込んだ。彼らは大海に沈んだ、まるで鉛のように。

11主のような神がほかにいるだろうか。主のようにすばらしく、聖なる方がほかにいるだろうか。奇跡を行われる主のようにたたえられ、恐れられる神がほかにいるだろうか。

12主が手を伸ばすと、大地は彼らをのみ込んだ。

13自ら買い取った国民を、主は導いてくださった。聖なる地に優しく導いてくださった。

14国々はこの話を聞いておののく。ペリシテ人は恐れ、

15エドムの王たちは驚きまどい、モアブの君たちは震え上がり、カナン人は恐怖のとりことなった。

16だれもが驚き恐れた。主の大きな力を恐れ、敵もわれわれを襲わない。主が買い取った国民は、何の心配もなく外国人の間を通る。

17主はその国民を導き、神の山に植えてくださる。畏れ多くも、主ご自身の地、われわれのために備えてくださった聖なる地に。

18主は永遠に世界を治める。」

19ファラオの馬と騎手と戦車が、海の中を進もうとした時、水の壁はくずれ、彼らの頭上に覆いかぶさったのです。しかしイスラエル人は、乾いた地を渡りました。

20アロンの姉で女預言者のミリヤムが、タンバリンを手に、女たちの先頭に立って踊り始めました。

21ミリヤムは歌いました。

「主の勝利をたたえ、心から喜び歌おう。

主は馬も人も海に投げ込んだ。」

マラの水

22このあとモーセは人々を率いて、紅海からさらにシュルの荒野へ出ました。三日間、水のない日が続きました。 23やっとマラに着きましたが、水はあるものの苦くてとても飲めません。それで、マラ〔「苦い」の意〕という名がついたのです。 24人々はモーセに不平を言い立てました。「何とかしてくれ! のどが渇いて死にそうだ。」

25モーセは主に助けを求めました。すると、主は彼に一本の木を示し、それを水に投げ入れなさいと命じるのです。そのとおりにすると、水は甘くなりました。

このマラで、主はモーセを試みました。 26「もしもあなたがわたしに従い、正しいことを行うなら、エジプト人を悩ませた病気であなたが苦しまなくてすむようにしよう。わたしはあなたを癒やす主である。」

27こうして一行がエリムに着くと、そこには泉が十二と、なつめやしの木が七十本ありました。その泉のそばで、彼らは野営しました。