2 Korintofoɔ 5 – ASCB & HHH

Asante Twi Contemporary Bible

2 Korintofoɔ 5:1-21

1Yɛnim sɛ, sɛ yɛwu na yɛgya saa onipadua yi a, yɛbɛnya onipadua foforɔ a Onyankopɔn ankasa ayɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ɔsoro hɔ. 2Seesei, yɛsi apinie pɛ sɛ wɔde ɔsoro animuonyam foforɔ no kata yɛn ho, 3ɛfiri sɛ, sɛ wɔde kata yɛn ho a, yɛn ho renna hɔ bio. 4Na sɛ yɛwɔ saa honam yi mu a, yɛsi apinie na adesoa bi da yɛn so; ɛnyɛ sɛ yɛmmpɛ sɛ yɛgya onipadua no, na mmom, yɛpɛ sɛ wɔde ɔsoro atenaeɛ foforɔ no kata yɛn ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkwa bɛmene deɛ ɛwu no. 5Onyankopɔn na wasiesie yɛn ama saa nsakraeɛ yi. Na ɔde ne Honhom no maa yɛn sɛ deɛ ɔwɔ ma yɛn no nyinaa akyigyina.

6Yei enti, daa yɛwɔ akokoɔduru. Yɛnim sɛ mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ saa onipadua yi mu no, ɛma yɛne Awurade fie kwan ware. 7Ɛfiri sɛ, yɛn nkwa gyina gyidie so na ɛnnyina deɛ yɛhunu so. 8Yɛwɔ nkuranhyɛ enti, ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛtu afiri yɛn fie wɔ saa honam yi mu na yɛne Awurade akɔtena ne fie. 9Sɛ yɛwɔ yɛn fie ha anaa nohoa no, yɛpɛ sɛ yɛsɔ nʼani sene biribiara. 10Ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma ɔbu yɛn atɛn. Sɛdeɛ obiara tenaa ase wɔ onipadua no abrabɔ mu no, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne na wɔbɛgyina so abu no atɛn.

Yɛne Onyankopɔn Ayɔnkofa

11Ɛfiri sɛ yɛnim sɛdeɛ yɛsuro Awurade enti, yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yie na mewɔ anidasoɔ sɛ monim me nso wɔ mo akoma mu. 12Yɛrensane nka yɛn ho asɛmpa nkyerɛ mo, na mmom, yɛrebɔ ho mmɔden sɛdeɛ mode yɛn bɛhoahoa mo ho na moatumi abua wɔn a wɔde onipa anim hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ wɔn su no. 13Sɛ yɛabobɔ adam a ɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asɛm. Nanso sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, ɛyɛ ma mo yiedie. 14Afei a yɛahunu sɛ onipa baako na ɔwu maa nnipa nyinaa wuu bi no enti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Yei kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wuo no mu kyɛfa bi. 15Ɔwu maa yɛn nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio na mmom, wɔbɛtena ase ama deɛ yɛn enti, ɔwuiɛ a wɔmaa ɔsɔre firii awufoɔ mu no.

16Enti, ɛnsɛ sɛ yɛgyina onipa adwene so bu obiara atɛn bio. Na sɛ mpo ɛberɛ bi a atwam no na yɛgyina nnipa adwene so na yɛhunu Kristo a, afei deɛ, yɛrenyɛ saa bio. 17Sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ, na nneɛma dada nyinaa atwam ama nneɛma foforɔ aba. 18Onyankopɔn ayɛ ne nyinaa. Ɔsomaa Kristo sɛ ɔmmɛpata ɔne yɛn ntam na ɔde ɔne afoforɔ ntam mpata dwumadie no ahyɛ yɛn nsa. 19Asɛm a wɔde abrɛ yɛn ne sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so afa nnipa nyinaa adamfo. Onyankopɔn ankan wɔn bɔne antia wɔn na ɔde nʼasomdwoeɛ asɛnka ho dwumadie no ahyɛ yɛn nsa. 20Enti yɛyɛ asomafoɔ ma Kristo, na ɛte sɛdeɛ Onyankopɔn nam yɛn so kasa kyerɛ mo. Yesi Kristo anan mu srɛ mo sɛ, momma wɔmfa mo mmata Onyankopɔn ho. 21Na Kristo nni bɔne, nanso yɛn enti, Onyankopɔn maa ɔfaa yɛn bɔne sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam ɔno Kristo so bɛyɛ teneneefoɔ wɔ Onyankopɔn anim.

Habrit Hakhadasha/Haderekh

אגרת פולוס השנייה אל-הקורנתים 5:1-21

1אנו יודעים שכאשר משכננו הארצי ייהרס, כלומר כאשר נמות ונצא מגופנו הגשמי, יצפה לנו בשמים משכן נצחי מאת אלוהים, שאינו מעשה ידי אדם. 2מה עייפנו מגופנו הנוכחי! אנו נכספים ליום שבו נקבל גוף חדש מן השמים אשר נלבשהו כבגד, 3כדי שלא נהיה נשמות ללא גוף. 4כל עוד אנו בגופנו הגשמי, אנו נאנחים מתוך דיכאון ומועקה, אך איננו רוצים למות ולהיוותר ללא גוף. ברצוננו ללבוש את הגוף החדש, כך שהגוף בן התמותה יבלע על־ידי החיים. 5אלוהים הוא שהכין כל זאת למעננו, וכערבות לכך נתן לנו את רוח הקודש.

6עתה אנו מצפים בביטחון לגופנו הרוחני, כי אנו יודעים שכל עוד אנו שוכנים בגופנו הגשמי אנו רחוקים מן האדון. 7אנו יודעים שאלה דברי אמת מתוך אמונה, ולא ממראה עיניים. 8אנו כה בטוחים בדבר, עד כי אנו מעדיפים לצאת מן הגוף ולבוא הביתה אל האדון. 9משום כך אנו משתדלים למצוא־חן בעיניו בכל מעשינו, אם אנו בגופנו הגשמי ואם בשמים. 10כי כולנו עתידים לעמוד לפני המשיח ולהישפט על־ידו. כל אחד יקבל את המגיע לו על־פי מעשיו הטובים או הרעים בחייו הגשמיים.

11מתוך הכרת יראת ה׳ אנו משתדלים להביא אנשים לידי אמונה בו. מניעינו הטהורים בעניין זה גלויים לפני אלוהים, ואני מקווה שגם לפני מצפונכם! 12האם אנו שוב טופחים לעצמנו על השכם? לא! אני נותן לכם הזדמנות להתגאות בנו לפי אלה המתפארים בהופעתם החיצונית ובדרך הטפתם, במקום בטוהר לבם. אנחנו לפחות ישרים ומניעינו טהורים. 13האם יצאנו מדעתנו? אם כן, הרי זה כדי להביא כבוד לאלוהים. אך אם דעתנו שפויה, הרי זה למענכם. 14איננו עושים דבר למען עצמנו, שכן אהבת המשיח מכוונת עתה את מעשינו. הואיל ואנו מאמינים שהמשיח מת בעד כולנו, עלינו להאמין שמתנו לגבי החיים שנהגנו לחיות. 15הוא מת למען כולם כדי שכל החיים – אשר קיבלו ממנו חיי נצח – שוב לא יחיו למען עצמם, אלא למען המשיח אשר מת וקם לתחייה בעדם.

16לכן חדלו לשפוט את המאמינים על־פי חיצוניותם או על־פי דעתם של הלא־מאמינים. פעם שגיתי ושפטתי את המשיח על־פי קנה מידה אנושי, אך איני עושה זאת שוב. 17המאמין במשיח נעשה בריאה חדשה; שוב אין הוא אותו אדם כמקודם, שכן יש בו עתה חיים חדשים. 18כל הדברים החדשים האלה הינם מאת האלוהים אשר השיבנו לעצמו בזכות קורבנו של המשיח. אלוהים העניק לנו את הזכות לעודד אחרים לשוב אליו, 19ולבשר להם שהוא מקרב אליו את כל בני־האדם באמצעות המשיח, ושוב אין הוא זוכר להם את חטאיהם. זוהי הבשורה הנפלאה שמסר לנו לבשר לאחרים.

20לפיכך שגרירי המשיח אנחנו, ואלוהים מזהיר אתכם באמצעותנו. על כן אנו מתחננים לפניכם בשם המשיח: אנא, היענו לאהבתו והתרצו לאלוהים. 21למרות שהמשיח היה ללא חטא, אלוהים שם בו את חטאינו, ואחר כך שם בנו את צדקת אלוהים.5‏.21 ה 21 או: אם כי המשיח היה ללא חטא, אלוהים עשהו לחטאה בעדנו, כדי שנלבש את צדקת אלוהים בו.