2 Berɛsosɛm 24 – ASCB & CCBT

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 24:1-27

Yoas Siesie Asɔredan No

1Yoas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ nson, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduanan. Na ne maame din de Sibia a ɔfiri Beer-Seba. 2Yoas yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, ɔsɔfoɔ Yehoiada nkwa nna nyinaa. 3Yehoiada maa Yoas ɔyerenom baanu a ɔne wɔn wowoo mmammarima ne mmammaa.

4Akyire no, Yoas yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsiesie Awurade Asɔredan no. 5Enti, ɔfrɛfrɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ Yuda nkuro nyinaa so ntɛm, na monkɔgyegye afirinhyiatoɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi asiesie mo Onyankopɔn Asɔredan no. Monntwentwɛn koraa.” Nanso, Lewifoɔ no ankɔ prɛko pɛ.

6Na ɔhene no frɛɛ ɔsɔfopanin Yehoiada bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wommisaa Lewifoɔ no deɛ enti a wɔnkɔɔ Yuda nkuro so ne Yerusalem nkɔgyegyee Asɔredan ho toɔ no? Mose, Awurade ɔsomfoɔ, gyegyee ɔman Israel saa toɔ yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi asiesie Apam Ntomadan no.”

7Mfeɛ pii mu no, otirimuɔdenfoɔ Atalia akyidifoɔ bɔ wuraa Onyankopɔn Asɔredan mu, na nneɛma a wɔahyira so wɔ Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, wɔfa de somm Baal ahoni.

8Enti, afei, Yoas hyɛɛ sɛ wɔnyɛ adaka bi mfa nsi ɛkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan no akyi. 9Enti, wɔde too Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ anim sɛ, wɔmfa ɛtoɔ a Mose, Onyankopɔn ɔsomfoɔ gyegyee Israelfoɔ wɔ ɛserɛ so no mmrɛ Awurade. 10Ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no penee so, enti wɔde anigyeɛ de wɔn sika bɛhyɛɛ adaka no ma. 11Ɛberɛ biara a adaka no bɛyɛ ma no, Lewifoɔ no soa de kɔma ɔhene mpanimfoɔ. Na asɛnniiɛ twerɛfoɔ ne ɔsɔfopanin ananmusini bi akan sika no, na wɔasane de adaka no akɔsi Asɔredan no ɛpono ano bio. Wɔyɛɛ saa daa, na wɔnyaa sika bebree. 12Ɔhene no ne Yehoiada de sika no maa adansie sohwɛfoɔ, ma wɔfaa adansifoɔ ne nnua dwumfoɔ, ma wɔsiesiee Awurade Asɔredan no. Afei, wɔfaa nnadeɛ adwumfoɔ maa wɔde nnadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ Awurade Asɔredan no ho nneɛma.

13Na mmarima a wɔhwɛ ɛdan no nsiesie so no yɛɛ adwumaden ma adwuma no kɔɔ so sɛdeɛ ɛfata. Wɔsii Onyankopɔn Asɔredan no wɔ ne tebea dada no sɛso na wɔhyɛɛ mu den. 14Wɔwiee nsiesie no, wɔde sika no nkaeɛ brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a nkwankoraa ne atam ahodoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde kɔguu Awurade asɔredan no mu. Ɛberɛ a na ɔsɔfoɔ Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.

15Yehoiada nyinii yie, ɔwuiɛ no na wadi mfirinhyia ɔha ne aduasa. 16Wɔsiee no ahemfo asieeɛ wɔ Dawid kurom, ɛfiri sɛ, na wayɛ adwuma pa wɔ Israel, ama Onyankopɔn ne nʼAsɔredan no.

Yehoiada Ɔsom Nhyehyɛeɛ No Sesa

17Yehoiada owuo akyi no, Yuda ntuanofoɔ bɛkotoo ɔhene Yoas anim, srɛɛ no sɛ ɔntie wɔn afotuo. 18Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛgya Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn Asɔredan no, na wɔasom Asera afɔrebukyia no ne ahoni no mmom. Na Onyankopɔn abufuo baa Yuda ne Yerusalem so wɔ wɔn bɔne enti. 19Awurade somaa adiyifoɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene.

20Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Sakaria so. Ɔgyinaa nnipa no anim kaa sɛ, “Sɛdeɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn enti na monni Awurade ahyɛdeɛ so? Morennya nkɔsoɔ ɛfiri sɛ, moagya Awurade ama ɔno nso agya mo!”

21Na ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Sakaria ho sɛ wɔbɛkum no. Na ɔhene Yoas ankasa hyɛ ma wɔsii no aboɔ, kumm no wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ hɔ. 22Na ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a nʼagya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne babarima. Sakaria rewuo no, nsɛm a ɔka twaa toɔ ne sɛ, “Awurade nhunu deɛ wɔreyɛ na ɔmma wɔmmu ho akonta!”

Yoas Adedie Awieeɛ

23Afe no ahyɛaseɛ no, Aram akodɔm bɔɔ nsra baa Yoas so. Wɔkaa Yuda ne Yerusalem hyɛeɛ, kunkumm ntuanofoɔ a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔfaa asadeɛ a wɔnyaeɛ nyinaa, de kɔmaa wɔn ɔhene wɔ Damasko. 24Ɛwom sɛ Aram dɔm a wɔkɔto hyɛɛ wɔn so no sua deɛ, nanso, Awurade boaa wɔn maa wɔdii Yuda akodɔm kɛseɛ no so nkonim. Yudafoɔ gyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, ɛno enti Awurade buu atɛn tiaa Yoas. 25Aramfoɔ twee wɔn ho na wɔgyaa Yoas a na wapira yie no hɔ. Nanso, ɔno ankasa mpanimfoɔ dwenee ho sɛ, ɛsiane sɛ ɔkumm ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima enti, wɔbɛkum no. Wɔkumm no wɔ ɛberɛ a ɔda mpa so. Na wɔsiee no Dawid kurom a wɔankɔsie no wɔ adehyeɛ amusieeɛ.

26Na awudifoɔ no yɛ Yosabat a ɔyɛ Amonni baa Simeat babarima, ne Somer a ɔyɛ Moabni baa Simrit babarima. 27Wɔatwerɛ nsɛm a ɛfa Yoas mmammarima, ne ho nkɔmhyɛ, ne Onyankopɔn Asɔredan no nsiesie wɔ Ahene nwoma nkyerɛmu no mu. Yoas wuiɛ no, ne babarima Amasia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 24:1-27

猶大王約阿施

1約阿施七歲登基,在耶路撒冷執政四十年。他母親叫西比亞,是別示巴人。 2耶何耶大祭司在世之日,約阿施做耶和華視為正的事。 3耶何耶大為他娶了兩個妻子,她們都為他生兒育女。

4之後,約阿施有意整修耶和華的殿, 5便召集祭司和利未人,對他們說:「你們到猶大各城去向所有以色列人徵收銀子,用來作每年整修你們上帝殿的費用。你們要立刻辦理這事。」可是,利未人沒有立刻辦理。 6王就召來耶何耶大大祭司,問他:「你為什麼不吩咐利未人到耶路撒冷猶大去收稅呢?這稅是耶和華的僕人摩西以色列的會眾定的,以備聖幕之用。」 7因為惡婦亞她利雅的爪牙曾闖入耶和華上帝的殿,拿殿裡的聖物去供奉巴力

8於是,王下令造一個箱子,放在耶和華殿的門外, 9通告猶大耶路撒冷的人民要將上帝的僕人摩西在曠野為以色列人定的稅帶來獻給耶和華。 10全體首領和民眾都高高興興地把銀子帶來投進箱子裡,直到箱子滿了。 11利未人見箱子滿了,就抬到王的官員那裡。王的書記和大祭司的屬下會把箱子倒空,然後把箱子放回原處。日復一日,他們收了很多銀子。 12王與耶何耶大把銀子交給耶和華殿裡的辦事人員,他們就雇用石匠、木匠、鐵匠和銅匠來整修耶和華的殿。 13工人辛勤整修,工程進展順利,上帝的殿恢復了原貌,而且非常堅固。 14完工後,他們把剩餘的銀子交給王與耶何耶大,這些銀子被用來製造耶和華殿裡的器具:供奉和獻祭用的器皿、碟子和其他金銀器皿。耶何耶大在世之日,民眾常在耶和華的殿裡獻燔祭。

耶何耶大的政策被廢棄

15耶何耶大壽終正寢,享年一百三十歲。 16民眾把他葬在大衛城的王陵裡,因為他在以色列為上帝和上帝的殿做了美善的事。

17耶何耶大死後,猶大眾首領來朝拜王,王對他們言聽計從。 18他們離棄他們祖先的上帝耶和華的殿,去供奉亞舍拉神像及其他偶像。因他們所犯的罪,上帝的烈怒臨到猶大耶路撒冷19但耶和華仍然派先知到他們中間,引導他們歸向祂。先知警告他們,他們卻不聽。

20上帝的靈感動了耶何耶大祭司的兒子撒迦利亞,他便站在高處對民眾說:「耶和華上帝這樣說,『你們為什麼違反耶和華的誡命,以致不得亨通呢?既然你們背棄我,我也必離棄你們。』」 21他們想謀害撒迦利亞,就照著王的命令,在耶和華殿的院子裡用石頭打死了他。 22約阿施王不但不顧念撒迦利亞的父親耶何耶大對他的恩惠,還殺死了耶何耶大的兒子。撒迦利亞臨死的時候說:「願耶和華鑒察,為我伸冤!」

約阿施被殺

23當年年底,亞蘭的軍兵前來攻擊約阿施,入侵猶大耶路撒冷,殺了民眾的所有首領,把戰利品全都送到大馬士革王那裡。 24雖然亞蘭軍只來了一小隊,但耶和華把大隊的猶大軍兵交在他們手中,以懲罰約阿施,因為猶大人背棄了他們祖先的上帝耶和華。

25亞蘭人退兵的時候,約阿施受了重傷,他的臣僕叛變,把他殺死在床上,為耶何耶大祭司的兒子報了血仇。約阿施死後葬在大衛城,但沒有葬在王陵裡。 26殺他的是亞捫婦人示米押的兒子撒拔摩押婦人示米利的兒子約薩拔27至於約阿施的眾子、他所受的警告以及他整修上帝殿的事都記在列王史上。他兒子亞瑪謝繼位。