2 Berɛsosɛm 16 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 16:1-14

Asa Ahennie Ɛnna A Ɛdi Akyire

1Asa dii adeɛ mfeɛ aduasa nsia no, Israelhene Baasa kɔto hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ɔmpue mfiri ɔhene Asa Yudaman mu. 2Asa yii dwetɛ ne sikakɔkɔɔ firii Awurade Asɔredan adekoradan ne ahemfie hɔ. Ɔde kɔmaa Aramhene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko na ɔde saa nkra yi kaa ho: 3“Ma yɛnyɛ apam sɛdeɛ wʼagya ne mʼagya yɛɛ apam no. Mede dwetɛ ne sikakɔkɔɔ akyɛdeɛ rebrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me.”

4Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼasraafoɔ, kɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii Iyon, Dan, Abel-Maim ne Naftali aduane akoraeɛ nkuropɔn nyinaa so. 5Ɛberɛ a Israelhene Baasa tee deɛ ɛrekɔ so no, ɔgyaee Rama ho banbɔ dwumadie no. 6Enti, ɔhene Asa frɛɛ ne mmarima a wɔwɔ Yuda nyinaa, maa wɔbɛsoaa adansie aboɔ ne nnua a na Baasa de rebɔ Rama ho ban no. Asa de saa nneɛma yi bɔɔ nkuro Geba ne Mispa ho ban.

7Saa ɛberɛ no mu, ɔdehunumuni Hanani baa ɔhene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Esiane sɛ wode wo ho ato Aramhene so, na woagya Awurade wo Onyankopɔn enti, worentumi nni Aramhene akodɔm so. 8Wonkae deɛ ɛbaa Etiopiafoɔ no ne Libiafoɔ ne wɔn akodɔm dodoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ so no? Saa ɛberɛ no, na wode wo ho to Awurade so, na ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wo nsa. 9Awurade aniwa kyini fa asase so baabiara, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wɔde wɔn akoma nyinaa to no so no den. Nkwaseasɛm bɛn na woadi yi! Ɛfiri ɛnnɛ, wobɛkɔ ɔko.”

10Asa bo fuu Hanani yie sɛ wabɛka saa asɛm yi akyerɛ no, na ɔkyeree no too afiase. Saa ɛberɛ no ara na Asa ahyɛ aseɛ rehyɛ ne nkurɔfoɔ no bi so.

Asa Ahennie Tiawatwa

11Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ne Israel ahemfo nwoma no mu. 12Nʼadedie mfeɛ aduasa nkron so no, yadeɛ huhu bi yɛɛ Asa nan. Yadeɛ no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ a ɛreyɛ akum no mpo no, wanhwehwɛ Awurade mmoa akyiri ɛkwan, na mmom, ɔhwehwɛɛ ayaresafoɔ mmoa. 13Enti, nʼadedie mfeɛ aduanan baako so no, ɔwuiɛ. 14Wɔsiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhwam ne sradehwam ho hwa ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ gyatanaa kɛseɛ bi de hyɛɛ no animuonyam.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 16:1-14

犹大与以色列争战

1亚撒执政第三十六年,以色列巴沙上来攻打犹大,修筑拉玛,企图隔断犹大亚撒与外界的联系。 2于是,亚撒收集耶和华殿里和王宫库房里的金银,派人送给住在大马士革亚兰便·哈达,说: 3“我们之间应立盟约,像我们的父亲之间立约一样,现在奉上金银为礼,请你取消与以色列巴沙立的盟约。这样,他就会从我境内退兵。” 4便·哈达接受了亚撒王的提议,派将领攻打以色列的城邑,攻占了以云亚伯·玛音拿弗他利所有的储货城。 5巴沙闻讯,就停止修筑拉玛6亚撒王率领全体犹大人,将巴沙修筑拉玛所用的石头和木材全部搬走,用来修建迦巴米斯巴

哈拿尼先见

7那时,哈拿尼先见晋见犹大亚撒说:“因为你不倚靠你的上帝耶和华,反而倚靠亚兰王,所以亚兰王的军队已经从你手中逃脱。 8古实人与路比人不是一支强大的军队吗?他们的战车骑兵不是极多吗?然而,因为你倚靠耶和华,耶和华就把他们交在你手中。 9耶和华的眼目遍察天下,彰显大能来扶助那些全心归向祂的人。你做了愚蠢的事!从此以后,你必遭遇战祸。” 10亚撒听了就对先见发怒,把他囚禁在监狱里,同时又压迫一些民众。

亚撒逝世

11亚撒其他的事自始至终都记在犹大以色列的列王史上。 12亚撒执政第三十九年患了严重的脚病。然而,他在病中却没有寻求耶和华的帮助,只寻求医生的帮助。 13亚撒在他执政第四十一年去世,与他祖先同眠, 14葬在大卫城他为自己凿的坟墓里。民众把他放在堆满精心调制的各种香料的床上,又点了一堆大火向他致哀。