2 Berɛsosɛm 10 – ASCB & NIV

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 10:1-19

Atifi Fam Mmusuakuo Te Atua

1Rehoboam kɔɔ Sekem, ɛfiri sɛ, na Israelfoɔ nyinaa akɔ hɔ sɛ wɔrekɔsi no ɔhene. 2Ɛberɛ a Nebat babarima Yeroboam tee Salomo wuo no, ɔfiri Misraim baeɛ, ɛfiri sɛ, ɔdwane firii Salomo anim kɔɔ Misraim. 3Israel mpanimfoɔ soma maa wɔkɔfaa Yeroboam, na ɔne Israel nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Rehoboam rekɔkasa. 4Wɔkaa sɛ, “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, te saa adwumaden ne apeatoɔ adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokorɛ mu.”

5Rehoboam buaa wɔn sɛ, “Mommra nnansa akyi, mmɛgye mmuaeɛ.” Enti, nnipa no kɔeɛ.

6Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanimfoɔ bi a na wɔtu nʼagya Salomo fo ne wɔn kɔsusuu asɛm no ho. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Moka asɛm no ho ɛdeɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa mma saa nnipa yi?”

7Mpanimfoɔ yi buaa sɛ, “Sɛ woyɛ nnipa no yie, na woyɛ ayamyɛ kyerɛ wɔn ma ɛsɔ wɔn ani a, wɔn nso bɛyɛ wo nkurɔfoɔ nokwafoɔ.”

8Nanso Rehoboam amfa afotuo a mpanimfoɔ no tuu no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfoɔ mmabunu bi a ɔne wɔn sii so a na wɔtu no fo no nkyɛn. 9Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso mo adwene ne sɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ sɛ mete adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?”

10Mmeranteɛ no buaa sɛ, “Ka kyerɛ wɔn a wɔnwiinwii no sɛ, ‘Me kɔkorɔbɛto mu pi sene mʼagya asene; sɛ modwene sɛ ɔhyɛɛ mo so dodo a, montwɛn na monhwɛ sɛdeɛ mɛyɛ.’ 11Aane, na mʼagya yɛ den wɔ mo so, nanso me deɛ, mɛyɛ deɛ ɛkyɛn saa. Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ mede anyanyankyerɛ bɛkeka mo.”

12Nnansa akyi, Yeroboam ne nnipa no nyinaa sane baa sɛ wɔrebɛtie Rehoboam mmuaeɛ, sɛdeɛ ɔkaeɛ no. 13Na Rehoboam de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn. Wamfa mpanimfoɔ no afotuo, 14na ɔfaa mmeranteɛ no afotuo. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me deɛ, mɛkyɛn saa! Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛkeka mo!” 15Enti, ɔhene no antie nnipa no adesrɛ. Sɛdeɛ nneɛma mu daneeɛ no nyinaa firi Awurade, ɛfiri sɛ, ɛmaa asɛm a Awurade nam Ahiya a ɔfiri Silo so ka kyerɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu.

16Ɛberɛ a Israel hunuu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam sɛ,

“Dawid ne nʼadedie ntoasoɔ no mfa wɔn ho.

Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara.

Israel, momma yɛnkɔ yɛn afie.

Ao Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fie.”

Enti, Israel nyinaa sane kɔɔ efie. 17Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro so no so ɔhene.

18Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a na ɔhwɛ nnwumayɛfoɔ so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfoɔ no sii no aboɔ, kumm no. Ɛberɛ a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ɔhuri tenaa ne teaseɛnam mu, dwane kɔɔ Yerusalem. 19Israel mmusuakuo a wɔwɔ atifi fam no ampene so sɛ Dawid aseni biara bɛdi wɔn so ɔhene de bɛsi ɛnnɛ.

New International Version

2 Chronicles 10:1-19

Israel Rebels Against Rehoboam

1Rehoboam went to Shechem, for all Israel had gone there to make him king. 2When Jeroboam son of Nebat heard this (he was in Egypt, where he had fled from King Solomon), he returned from Egypt. 3So they sent for Jeroboam, and he and all Israel went to Rehoboam and said to him: 4“Your father put a heavy yoke on us, but now lighten the harsh labor and the heavy yoke he put on us, and we will serve you.”

5Rehoboam answered, “Come back to me in three days.” So the people went away.

6Then King Rehoboam consulted the elders who had served his father Solomon during his lifetime. “How would you advise me to answer these people?” he asked.

7They replied, “If you will be kind to these people and please them and give them a favorable answer, they will always be your servants.”

8But Rehoboam rejected the advice the elders gave him and consulted the young men who had grown up with him and were serving him. 9He asked them, “What is your advice? How should we answer these people who say to me, ‘Lighten the yoke your father put on us’?”

10The young men who had grown up with him replied, “The people have said to you, ‘Your father put a heavy yoke on us, but make our yoke lighter.’ Now tell them, ‘My little finger is thicker than my father’s waist. 11My father laid on you a heavy yoke; I will make it even heavier. My father scourged you with whips; I will scourge you with scorpions.’ ”

12Three days later Jeroboam and all the people returned to Rehoboam, as the king had said, “Come back to me in three days.” 13The king answered them harshly. Rejecting the advice of the elders, 14he followed the advice of the young men and said, “My father made your yoke heavy; I will make it even heavier. My father scourged you with whips; I will scourge you with scorpions.” 15So the king did not listen to the people, for this turn of events was from God, to fulfill the word the Lord had spoken to Jeroboam son of Nebat through Ahijah the Shilonite.

16When all Israel saw that the king refused to listen to them, they answered the king:

“What share do we have in David,

what part in Jesse’s son?

To your tents, Israel!

Look after your own house, David!”

So all the Israelites went home. 17But as for the Israelites who were living in the towns of Judah, Rehoboam still ruled over them.

18King Rehoboam sent out Adoniram,10:18 Hebrew Hadoram, a variant of Adoniram who was in charge of forced labor, but the Israelites stoned him to death. King Rehoboam, however, managed to get into his chariot and escape to Jerusalem. 19So Israel has been in rebellion against the house of David to this day.