2 Berɛsosɛm 1 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 1:1-17

Salomo Srɛ Nyansa

1Ɔhene Dawid babarima Salomo sɔɔ ahennie no mu den, ɛfiri sɛ Awurade, ne Onyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso.

2Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraadɔm ntuanofoɔ, atemmufoɔ, amanyɛ ne mmusua ntuanofoɔ nyinaa. 3Na Salomo dii nnipa no nyinaa anim kɔɔ bepɔ Gibeon so hɔ baabi a wɔde Onyankopɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no asie. Yei yɛ Ntomadan a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ sii wɔ ɛserɛ no so no. 4Na Dawid ayi Onyankopɔn Adaka no afiri Kiriat-Yearim de kɔ ntomadan sononko bi a wasi wɔ Yerusalem mu. 5Nanso, na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur nana a ɔyɛ Uri babarima Besaleel siiɛ no da so wɔ Gibeon, wɔ Awurade Asɔredan no anim. Enti, Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ hɔ, bisaa Awurade akwankyerɛ. 6Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho wɔ Awurade anim, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ apem wɔ so.

7Ɛda no anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ daeɛ mu kyerɛɛ Salomo, bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo!”

8Salomo buaa Onyankopɔn sɛ, “Wodii mʼagya Dawid nokorɛ na woyɛɛ no adɔeɛ, na afei wode me asi nʼanan mu sɛ ɔhene. 9Na afei Awurade Onyankopɔn, mesrɛ wo di ɛbɔ a wohyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri sɛ wode me asi nnipa a wɔn dodoɔ te sɛ asase so mfuturo so ɔhene. 10Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yie, na hwan koraa na ɔbɛtumi adi wo ɔman kɛseɛ sei so?”

11Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Esiane sɛ wʼahiasɛm kɛseɛ ne sɛ wopɛ sɛ woboa wo manfoɔ, na woammisa ahodeɛ, animuonyam anaa wʼatamfoɔ wuo anaa nkwa tenten, na mmom, wobisaa nyansa ne nimdeɛ a wode bɛdi me nkurɔfoɔ so yie enti, 12mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wobisaeɛ no. Afei, mɛma wo sika, ahodeɛ ne animuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.”

13Na Salomo firii hyiadan a ɛwɔ Gibeon bepɔ no so no mu sane kɔɔ Yerusalem kɔdii ɔhene wɔ Israel so.

14Salomo boaboaa asraadɔm a wɔdɔɔso yie a na nteaseɛnamkafoɔ apem ahanan ne apɔnkɔ ɔpedumienu ka ho ano. Ɔmaa wɔn mu dodoɔ no tenaa nteaseɛnam nkuropɔn mu, na ebi nso tena bɛnee no wɔ Yerusalem. 15Salomo ɛberɛ so no, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ buu so sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro aboɔden nnua nso buu so sɛ akyee nnua a na abu so wɔ Yuda mmepɔ ayaase no. 16Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kilikia, ɛfiri sɛ, na ɔhene adwadifoɔ no nya no yie wɔ Kilikia. 17Saa ɛberɛ no, na wɔtumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbena kilogram nson, na apɔnkɔ nso, wɔtumi tɔ no nnwetɛbena kilogram mmienu. Wɔn nso kɔtontɔnn wɔn mu pii nso maa Hetifoɔ ne Aram ahemfo.

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 1:1-17

Salomo Srɛ Nyansa

1Ɔhene Dawid babarima Salomo soo ahenni no mu den, efisɛ Awurade, ne Nyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso.

2Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraafodɔm ntuanofo, atemmufo, amanyɛ ne mmusua ntuanofo nyinaa. 3Na Salomo dii nnipa no nyinaa anim kɔɔ bepɔw Gibeon so baabi a wɔde Onyankopɔn Ahyiae Ntamadan no asi. Eyi yɛ Ntamadan a Mose a ɔyɛ Awurade somfo sii wɔ sare no so no. 4Na Dawid ayi Onyankopɔn Adaka no afi Kiriat-Yearim de akɔ ntamadan sononko bi a wasi wɔ Yerusalem mu. 5Nanso na kɔbere mfrafrae afɔremuka a Hur nena a ɔyɛ Uri babarima Besaleel sii no da so wɔ Gibeon, wɔ Awurade Asɔredan no anim. Enti Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ hɔ, bisaa Awurade akwankyerɛ. 6Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafrae afɔremuka no ho wɔ Awurade anim, bɔɔ ɔhyew afɔre ahorow apem wɔ so.

7Da no anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ dae mu kyerɛɛ Salomo, bisaa no se, “Dɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo!”

8Salomo buaa Onyankopɔn se, “Wudii mʼagya Dawid nokware na woyɛɛ no adɔe, na afei wode me asi nʼanan mu sɛ ɔhene. 9Na afei Awurade Nyankopɔn, mesrɛ wo di bɔ a wohyɛɛ mʼagya Dawid no so, efisɛ wode me asi nnipa a wɔn dodow te sɛ asase so mfutuma so hene. 10Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yiye, na hena koraa na obetumi adi wo man kɛse sɛɛ so?”

11Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo se, “Esiane sɛ wʼahiasɛm kɛse ne sɛ wopɛ sɛ woboa wo manfo, na woammisa ahode, anuonyam anaa wʼatamfo wu anaa nkwa tenten, na mmom, wubisaa nyansa ne nimdeɛ a wode bedi me nkurɔfo so yiye nti, 12mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wubisae no. Afei, mɛma wo sika, ahode ne anuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.”

13Na Salomo fii hyiadan a ɛwɔ Gibeon bepɔw no so no mu san kɔɔ Yerusalem kodii hene wɔ Israel so.

14Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahannan ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde emu fa kɛse guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so na ɔmaa bi nso kaa Yerusalem. 15Salomo bere so no, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ buu so sɛ abo wɔ Yerusalem. Na sida aboɔden nnua nso buu so sɛ ankye nnua a na abu so wɔ Yuda mmepɔw no ase no. 16Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye. 17Saa bere no na wotumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbona kilogram ason, na apɔnkɔ nso, wotumi tɔ no nnwetɛbona kilogram abien. Wɔn nso kɔtontɔn wɔn nyinaa maa Hetifo ne Aram ahemfo.