2 Berɛsosɛm 36 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 36:1-23

1Afei, nnipa a wɔwɔ asase no so no sii Yosia babarima Yehoahas ɔhene wɔ Yerusalem.

Yehoahas Di Ɔhene Wɔ Yuda

2Ɛberɛ a Yehoahas dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmiɛnsa nanso, ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa pɛ. 3Misraimhene Neko a na ɔhwehwɛ apeatoɔ a ɛyɛ dwetɛ tɔno mmiɛnsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan afiri Yuda no na ɔtuu no adeɛ so. 4Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforɔ a ɔbɛdi Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas sɛ ɔdeduani de no kɔɔ Misraim.

Yehoiakim Di Ɔhene Wɔ Yuda

5Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia dubaako. Nanso, ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ne Onyankopɔn ani so. 6Afei, Babiloniahene Nebukadnessar kɔɔ Yerusalem, kɔko faeɛ. Ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yehoiakim de no kɔɔ Babilonia. 7Nebukadnessar faa ademudeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu bi, de kɔguu nʼahemfie wɔ Babilonia.

8Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ, bɔne ahodoɔ a ɔyɛeɛ ne biribiara a wɔhunu tiaa no no wɔatwerɛ, agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Yehoiakyin Di Ɔhene Wɔ Yuda

9Yehoiakyin bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunwɔtwe, nanso ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem abosome mmiɛnsa ne dadu pɛ. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. 10Afe a ɛdi ɛkan wɔ bosome a ɛdi ɛkan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademudeɛ bebree firii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa ɛberɛ no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ ɔnni ɔhene wɔ Yuda ne Yerusalem.

Sedekia Di Ɔhene Wɔ Yuda

11Ɛberɛ a Sedekia bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. 12Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase wɔ odiyifoɔ Yeremia a na ɔkasa ma Awurade no anim. 13Afei, ɔsɔre tiaa ɔhene Nebukadnessar wɔ ɛberɛ a na waka ntam adi nse wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, ɔbɛdi no nokorɛ. Na Sedekia yɛ kyenkyenee ne asoɔden, na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Onyankopɔn ho. 14Asɔfoɔ no ntuanofoɔ nyinaa ne ɔmanfoɔ no kɔɔ so yɛɛ mmaratofoɔ. Wɔyɛɛ abosonsomfoɔ a wɔwɔ aman a atwa ahyia hɔ no nneyɛeɛ no bi, na wɔguu Awurade Asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho fi.

15Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, somaa nʼadiyifoɔ sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahummɔborɔ ma ne nkurɔfoɔ ne nʼAsɔredan no. 16Nanso, nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛ, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wɔdii adiyifoɔ no ho fɛ ara kɔsii sɛ Awurade abufuhyeɛ turiiɛ a biribiara antumi annwodwo ano.

Yerusalem Asehweɛ

17Enti, Awurade de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafoɔ no kunkumm Yuda mmabunu maa mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu. Na wɔannya ahummɔborɔ amma nnipa no. Wɔkunkumm mmɔfra ne mpanin, mmarima ne mmaa, ahoɔdenfoɔ ne ayarefoɔ. Onyankopɔn de wɔn nyinaa maa Nebukadnessar. 18Ɔhene no sane sesaa nneɛma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa a na wɔde som wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademudeɛ a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔeɛ. 19Afei, nʼakodɔm no too Onyankopɔn Asɔredan no mu ogya, bubuu Yerusalem afasuo no, hyee ahemfie no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ boɔ no.

20Nnipa kakra a wɔkaeɛ no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, maa wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmammarima asomfoɔ kɔsii sɛ Persia ahennie bɛdii tumi. 21Enti, Awurade asɛm a wɔfaa Yeremia so kaeɛ no baa mu. Afei, asase no nso nyaa nʼahomegyeɛ, ɛdaa mpan mfirinhyia aduɔson sɛdeɛ odiyifoɔ no kaeɛ no.

Kores Gya Nnommumfoɔ Ɛkwan

22Persiahene Kores adedie afe a ɛdi ɛkan mu no, Awurade maa odiyifoɔ Yeremia nkɔmhyɛ baa mu. Ɔkaa Kores akoma ma ɔtwerɛ bɔɔ no dawuro wɔ nʼahennie nyinaa mu sɛ,

23“Sɛdeɛ Persiahene Kores ka nie:

“ ‘Awurade, ɔsorosoro Onyankopɔn de ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me sɛ mensi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ Awurade nkurɔfoɔ nyinaa, monsane nkɔ Israel nkɔdi saa dwuma yi. Awurade, mo Onyankopɔn nka mo ho.’ ”

Chinese Contemporary Bible 2022 (Simplified)

历代志下 36:1-23

犹大王约哈斯

1当地的民众在耶路撒冷约西亚的儿子约哈斯接替他做王。 2约哈斯二十三岁登基,在耶路撒冷执政三个月。 3埃及王在耶路撒冷废掉他,并要求犹大埃及进贡六万八千两银子和六百八十两金子。 4埃及尼哥另立约哈斯的兄弟以利雅敬为王统治犹大耶路撒冷,给他改名为约雅敬,并把约哈斯带到埃及

犹大王约雅敬

5约雅敬二十五岁登基,在耶路撒冷执政十一年。他做他的上帝耶和华视为恶的事。 6巴比伦尼布甲尼撒起兵攻打他,用铜链把他锁着带到巴比伦7尼布甲尼撒把耶和华殿里的一些器皿带到巴比伦,放在他巴比伦的王宫里36:7 “王宫里”或译“神庙里”。8约雅敬其他的事及可憎行径和劣迹都记在《以色列犹大列王史》上。他儿子约雅斤继位。

犹大王约雅斤

9约雅斤十八岁36:9 “十八岁”希伯来文作“八岁”;《七十士译本》、叙利亚译本和列王纪下24:8作“十八岁”。登基,在耶路撒冷执政三个月零十天。他做耶和华视为恶的事。 10那年春天,尼布甲尼撒王派人把他和耶和华殿里的贵重器皿一同带到巴比伦尼布甲尼撒另立约雅斤的叔叔36:10 “叔叔”参考列王纪下24:17西底迦犹大耶路撒冷的王。

犹大王西底迦

11西底迦二十一岁登基,在耶路撒冷执政十一年。 12他做他的上帝耶和华视为恶的事,耶利米先知向他传讲耶和华的话,他仍不肯在耶利米面前谦卑下来。

耶路撒冷沦陷

13尼布甲尼撒曾让他奉上帝的名起誓效忠,他却背叛了尼布甲尼撒。他顽固不化,不肯归向以色列的上帝耶和华。 14所有祭司长和民众也都仿效外族人的一切可憎行径,犯了大罪,玷污了耶和华在耶路撒冷使之圣洁的殿。 15他们祖先的上帝耶和华因为怜爱祂的子民和祂的居所,就不断派使者来劝告他们。 16他们却嘲弄耶和华上帝的使者,藐视祂的话,嘲笑祂的先知,以致祂的愤怒临到祂的子民身上,无可挽救。

17耶和华使迦勒底人的王起兵攻打他们,在他们的圣殿里用刀击杀他们的壮丁,毫不怜悯少男少女、老人和长者。耶和华把他们全部交在他的手中。 18上帝殿里的大小器皿,以及耶和华殿里、王和众官员的所有珍宝,都被他带到巴比伦去了。 19迦勒底人焚烧上帝的殿,拆毁耶路撒冷的城墙,并且焚烧所有的宫殿,毁坏其中所有珍贵的器皿。 20没有被杀戮的人都被掳到巴比伦,做他和他子孙的奴隶,直到波斯王国的时代。 21这就应验了耶和华借耶利米之口所说的话:这片土地享受了安息,它在荒凉中守安息,直到满了七十年。

塞鲁士王准许被掳之民返国

22波斯塞鲁士元年,耶和华为应验祂借耶利米所说的话,就感动波斯塞鲁士,使他下诏通告全国: 23波斯塞鲁士如此说,‘天上的上帝耶和华已把天下万国都赐给我,祂委派我在犹大耶路撒冷为祂建造殿宇。你们当中凡属耶和华的子民,都可以去那里。愿你们的上帝耶和华与你们同在!’”