2 Berɛsosɛm 34 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 34:1-33

Yosia Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Yosia bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduasa baako. 2Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, yɛɛ deɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no bi. Wamfiri adeteneneeyɛ ho.

3Yosia hyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ ne tete agya Dawid Onyankopɔn akyiri ɛkwan wɔ ɛberɛ a na ɔda so yɛ abɔfra a wadi adeɛ mfeɛ nwɔtwe. Na ne mfeɛ dumienu so no, ɔdwiraa Yuda ne Yerusalem, sɛee abosonsom asɔreeɛ nyinaa, Asera afɔrebukyia, ahoni a wɔasene ne nsɛsodeɛ a wɔagu no nyinaa. 4Ɔhwɛ ma wɔbubuu Baal nsɛsodeɛ afɔrebukyia no ne nnuhwam afɔrebukyia no nyinaa guiɛ. Ɔmaa wɔdwerɛɛ Asera afɔrebukyia, ahoni a wɔasene ne nsɛsodeɛ a wɔagu no nyinaa, na wɔto petee awufoɔ a wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn no damena so. 5Afei, ɔhyee abosomfoɔ nnompe. Ɔhyee no wɔn ankasa afɔrebukyia so, nam so dwiraa Yuda ne Yerusalem ho. 6Ɔyɛɛ saa ara wɔ Manase, Efraim ne Simeon nkuro so, kɔeɛ ara mpo, kɔduruu Naftali. 7Ɔsɛee abosonsomfoɔ afɔrebukyia, Asera afɔrebukyia, na ɔyam ahoni no muhumuhu. Ɔdwirii nnuhwam afɔrebukyia a ɛwɔ Israelman mu nyinaa, na ɔsane kɔɔ Yerusalem.

8Nʼadedie mfeɛ dunwɔtwe so no a ɔwiee asase no ne asɔredan no ho dwira no, Yosia yii Asalia babarima Safan, Maaseia a ɔyɛ Yerusalem amrado ne Yoahas babarima Yoa, adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ, sɛ wɔnsiesie Awurade, ne Onyankopɔn asɔredan no.

9Wɔde sika a Lewifoɔ a wɔsom sɛ aponoanohwɛfoɔ agyegye wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho maa ɔsɔfopanin Hilkia. Manase ne Efraim nkurɔfoɔ ne Israel nkaeɛfoɔ nyinaa ne Yuda ne Benyamin ne Yerusalemfoɔ na wɔde akyɛdeɛ no baeɛ. 10Ɔde sika no maa nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ nsiesie Awurade Asɔredan no. Na wɔtuaa wɔn a wɔyɛɛ adwuma no ka. 11Wɔbɔɔ nnua dwumfoɔ ne adansifoɔ paa, tɔɔ aboɔ a wɔatwa a wɔde bɛsiesie afasuo no ne nnua a wɔde bɛyɛ nsamsoɔ ne mpunan. Wɔsiesiee deɛ anka Yuda ahemfo a wɔdii ɛkan no rema asɛe no.

12Adwumayɛfoɔ no de nokorɛdie yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifoɔ a wɔfiri Merarifoɔ abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifoɔ a wɔfiri Kohatfoɔ abusua mu na wɔhwɛɛ adwumafoɔ no so. Lewifoɔ a aka a wɔn nyinaa wɔ nnwontodeɛ ho nimdeɛ no, 13wɔmaa wɔyɛɛ sohwɛfoɔ maa adwumayɛfoɔ akuo hodoɔ. Na afoforɔ bi nso yɛɛ adwuma sɛ atwerɛfoɔ, mpanimfoɔ ne aponoanohwɛfoɔ.

Hilkia Kɔhunu Awurade Mmara Nwoma No

14Na ɔsɔfopanin Hilkia retwerɛtwerɛ sika a wɔagyegye wɔ Awurade Asɔredan no ho no, ɔhunuu Awurade mmara nwoma a wɔnam Mose so de maeɛ no. 15Na Hilkia ka kyerɛɛ Safan a ɔyɛ asɛnnie twerɛfoɔ no sɛ, “Mahunu mmara nwoma no wɔ Awurade Asɔredan no mu.” Na Hilkia de nwoma mmobɔeɛ no maa Safan.

16Safan de nwoma mmobɔeɛ no kɔmaa ɔhene kaa sɛ, “Wo mpanimfoɔ no reyɛ biribiara a wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. 17Sika a wɔgyegyee no Awurade Asɔredan no mu no, wɔde ama sohwɛfoɔ ne adwumayɛfoɔ no.” 18Safan ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔsɔfopanin Hilkia de nwoma mmobɔeɛ bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene.

19Ɛberɛ a ɔhene no tee mmara no mu nsɛm no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu. 20Afei, ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asɛnnie twerɛfoɔ Safan ne ɔhene ɔfotufoɔ Asaia sɛ, 21“Monkɔ Asɔredan no mu na mo ne Awurade nkɔkasa mma me ne Israel ne Yuda nkaeɛfoɔ nyinaa. Mommisa no nsɛm a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma mmobɔeɛ a wɔahunu no ho nsɛm. Awurade abufuo aba yɛn so, ɛfiri sɛ, yɛn agyanom anni Awurade asɛm so. Yɛnyɛ deɛ nwoma mmobɔeɛ yi ka sɛ yɛnyɛ.”

22Hilkia ne mmarima a aka no kɔɔ odiyifoɔ baa Hulda a na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere ne Hasra a na ɔhwɛ Asɔredan mu adakaten so no nana nkyɛn, wɔ Yerusalem fa bi a wɔfrɛ hɔ sɛ Misne.

23Ɔbaa no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn, akasa! Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no sɛ, 24‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, mɛsɛe saa kuro yi ne emu nnipa. Nnome a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a moakenkane yi mu nyinaa bɛba mu. 25Ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ Yuda apa me na wɔsom abosonsomfoɔ anyame. Ɛno enti, me bo afu wɔn yie wɔ biribiara a wɔayɛ ho. Mʼabufuo bɛhwie agu saa beaeɛ ha, na biribiara rentumi nsi ano.’ 26Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yei na Awurade, Israel Onyankopɔn, ka fa asɛm a motee seesei no ho. 27Ɛberɛ a wotee asɛm a meka de tiaa saa kuropɔn yi ne emu nnipa no, ɛhaa wo, maa wobrɛɛ wo ho ase Onyankopɔn anim. Wobrɛɛ wo ho ase, de ahometeɛ sunsuanee wʼatadeɛ mu, de ahonu suu wɔ mʼanim. Enti, nokorɛm, mate wo nne, Awurade na ɔseɛ. 28Meremma amanehunu a mahyehyɛ atia kuropɔn yi ne emu nnipa no mma mu, kɔsi sɛ wobɛwu na wɔasie wo asomdwoeɛ mu. Worenhunu amanehunu a mede bɛba beaeɛ yi so.’ ”

Enti, wɔsane de ɔbaa no nkra kɔmaa ɔhene no.

Yosia Ɔsom Nhyehyɛeɛ

29Na ɔhene no frɛɛ ntuanofoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa. 30Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, nnipa no nyinaa, firi ɔkɛseɛ so kɔsi akumaa so, kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkanee apam nwoma a wɔhunuu no Awurade Asɔredan mu no kyerɛɛ wɔn. 31Ɔhene no gyinaa nʼafa wɔ afadum no nkyɛn, na ɔtii apam no mu wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi Awurade ɔhyɛ nsɛm, ahyɛdeɛ ne mmara so. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔbɛdi apam no mu nhyehyɛeɛ a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no so.

32Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no sɛ, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn apam no mu.

33Enti, Yosia yiyii ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no firii Israel asase no nyinaa so. Na ɔhyɛɛ sɛ obiara nsom Awurade, wɔn Onyankopɔn. Na ne nkwa nna a aka no mu no nyinaa, wɔannane wɔn akyi ankyerɛ Awurade wɔn agyanom Onyankopɔn no da.

Chinese Contemporary Bible 2022 (Simplified)

历代志下 34:1-33

犹大王约西亚

1约西亚八岁登基,在耶路撒冷执政三十一年。 2他做耶和华视为正的事,效法他祖先大卫,不偏不离。

约西亚清除偶像

3他执政第八年,虽然还年幼,却开始寻求他祖先大卫的上帝。他执政第十二年,开始清除犹大耶路撒冷的丘坛、亚舍拉神像、雕刻和铸造的偶像。 4众人在他面前拆毁巴力的祭坛,他砍掉上面高高的香坛,又把亚舍拉神像及雕刻和铸造的偶像打碎并磨成粉末,撒在祭拜它们之人的坟墓上, 5把它们祭司的骸骨放在它们的坛上焚烧。这样,他洁净了犹大耶路撒冷6约西亚还在玛拿西以法莲西缅,远至拿弗他利的各城邑及其周围的荒废之地做了同样的事情。 7他拆毁祭坛和亚舍拉神像,把偶像磨成粉末,砍掉以色列境内所有的香坛,然后回到耶路撒冷

发现律法书

8约西亚执政第十八年,在洁净国土和圣殿以后,他差遣亚萨利雅的儿子沙番耶路撒冷的总督玛西雅约哈斯做史官的儿子约亚,负责整修他的上帝耶和华的殿。 9他们到希勒迦大祭司那里,把献给上帝殿的银子交给他。这银子是守殿门的利未人从玛拿西人和以法莲人,所有剩下的以色列人,所有的犹大人和便雅悯人,以及耶路撒冷的居民那里收来的。 10他们把银子交给负责修理耶和华殿的督工,由他们付给修理耶和华殿的工人, 11就是木匠和瓦匠,来购买凿好的石头、木架和栋梁,修缮犹大诸王失修的建筑。 12这些人都忠诚地工作。他们的督工是利未米拉利的子孙雅哈俄巴底哥辖的子孙撒迦利亚米书兰。其他精通乐器的利未13负责监督搬运工人及做各种工作的人,还有一些利未人做书记、官员和殿门守卫。

14他们把奉献到耶和华殿里的银子拿出来的时候,希勒迦祭司发现了摩西所传的耶和华的律法书。 15希勒迦沙番书记说:“我在耶和华的殿里发现了律法书。”希勒迦把书卷交给沙番16沙番把书卷带到王那里,向王禀告说:“凡交给臣仆办的事,都在办理。 17臣仆已经清空耶和华殿里的银子,交给督工和工人。” 18沙番书记又对王说:“希勒迦祭司交给我一卷书。”沙番就在王面前诵读这书。 19王听了律法书上的话,就撕裂衣服, 20吩咐希勒迦沙番的儿子亚希甘米迦的儿子亚比顿沙番书记和王的臣仆亚撒雅21“你们去为我及以色列犹大的余民求问耶和华有关这书卷上的话。耶和华的烈怒已经临到我们身上,因为我们的祖先没有遵守耶和华的话,没有遵行这书卷上的一切吩咐。”

22于是,王派去的人跟着希勒迦去见女先知户勒妲,她是负责管理礼服的沙龙之妻。沙龙哈斯拉的孙子、特瓦的儿子。户勒妲住在耶路撒冷第二区。他们向她说明来意, 23她对他们说:“以色列的上帝耶和华要你们回去告诉差你们来见我的人, 24耶和华说,‘我要照在犹大王面前所读的那书上的一切咒诅,降灾难给这地方及这里的居民。 25因为他们背弃我,给其他神明烧香,制造偶像惹我发怒,所以我的怒火要倾倒在这地方,绝不止息。’ 26你们告诉差你们来求问耶和华的犹大王,‘至于你所听见的那些话,以色列的上帝耶和华说, 27因为你听到我对这地方及其居民的警告,便悔改,在我面前谦卑、撕裂衣服,向我哭泣,我才垂听你的祷告。这是我耶和华说的。 28我会让你平安入土到你祖先那里,你不会看到我要降给这地方及这里居民的一切灾难。’”他们便回去禀告王。

约西亚立约顺服上帝

29于是,王派人召集犹大耶路撒冷的所有长老。 30王与犹大人和耶路撒冷的居民、祭司和利未人等全体民众,不论贵贱,一同上到耶和华的殿。王把在耶和华殿中发现的约书读给他们听。 31王站在自己的位置上,在耶和华面前立约,要全心全意地跟随耶和华,遵从祂的一切诫命、法度和律例,履行约书上的规定。 32他使耶路撒冷便雅悯的人都遵行这约。于是,耶路撒冷的居民都遵行他们祖先的上帝的约。 33约西亚除去以色列境内所有的可憎之物,又吩咐所有住在以色列的人都事奉他们的上帝耶和华。约西亚在世时,他们都没有偏离他们祖先的上帝耶和华。