2 Berɛsosɛm 33 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 33:1-25

Manase Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Ɛberɛ a Manase dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dumienu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonum enum. 2Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfoɔ aman nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔsuaa deɛ ɛnam so maa Awurade pamoo abosonsomfoɔ no firii asase a ɛda Israel anim no so no. 3Ɔsane sisii asɔreeɛ a nʼagya Hesekia sɛee no no. Ɔsii afɔrebukyia maa Baal ahoni, sisii Asera afɔrebukyia. Ɔsane kotoo nsoromma a ɛwɔ ewiem no nyinaa, somm wɔn. 4Mpo, ɔsisii abosonsom afɔrebukyia wɔ Awurade Asɔredan mu, baabi a Awurade aka sɛ, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wɔdi ne din ni afebɔɔ no. 5Ɔsisii saa afɔrebukyia no wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ, de maa ewiem nsoromma no. 6Manase de ɔno ankasa mmammarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya so wɔ Hinom Babarima Bɔnhwa mu. Ɔde ne ho hyɛɛ asumansɛm mu, kɔɔ abisa, yɛɛ abayisɛm, kɔɔ asamanfrɛfoɔ ne adunsifoɔ nkyɛn. Ɔyɛɛ nneɛma pii a ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, maa Awurade bo fuiɛ.

7Na Manase faa ohoni a wasene, de kɔsii Onyankopɔn Asɔredan mu. Ɔde kɔsii baabi korɔ no ara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo sɛ, “Wɔbɛdi me din ni wɔ ha afebɔɔ, asɔredan yi mu ne Yerusalem, kuropɔn a mayi afiri mmusuakuo a ɛwɔ Israel no nyinaa mu no. 8Sɛ Israelfoɔ di mʼahyɛdeɛ nyinaa so, me mmara a wɔnam Mose so maeɛ no nyinaa so a, merentwa wɔn asuo mfiri asase a mede maa wɔn agyanom no so.” 9Nanso, Manase dii ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem anim, ma wɔyɛɛ bɔnetrasoɔ sene abosonsom aman a Awurade sɛee wɔn wɔ ɛberɛ a Israelfoɔ kɔɔ asase no so no.

10Awurade kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfoɔ no, nanso wɔantie ne kɔkɔbɔ no mu biara. 11Enti, Awurade maa Asiriafoɔ akodɔm bɛfaa Manase yɛɛ no ɔdeduani. Wɔde darewa hyɛɛ ne hwene mu, de kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree no, de no kɔɔ Babilonia. 12Na ɛberɛ a Manase wɔ ahokyere a emu yɛ den mu no, ɔpɛɛ Awurade, ne Onyankopɔn akyiri kwan, na ɔde ahobrɛaseɛ su frɛɛ nʼagyanom Onyankopɔn. 13Na ɛberɛ a ɔbɔɔ mpaeɛ no, Awurade tiee no, na nʼabisadeɛ no kaa nʼakoma. Enti, Awurade maa Manase sane kɔɔ Yerusalem wɔ nʼahennie mu. Afei, Manase tee aseɛ sɛ, Awurade nko ara ne Onyankopɔn.

14Yei akyi, Manase sane sisii Dawid kuropɔn abɔntene afasuo; ɛfiri Gihon asutire atɔeɛ fam a ɛwɔ Kidron bɔnhwa mu, de kɔ Apataa Ɛpono ano, kɔsi Ofel bepɔ so a wɔsi maa ɛkɔɔ soro yie no. Na ɔduaa nʼasraafoɔ mpanimfoɔ no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu.

15Manase sane tutuu amamfrafoɔ anyame fifirii mmepɔ no so. Ɔsane tutuu anyame ne ahoni no firii Awurade Asɔredan mu. Ɔbubuu afɔrebukyia a wasisi wɔ bepɔ so, baabi a Asɔredan no si, ne afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔto guu kuropɔn no mfikyire. 16Na ɔsane sii Awurade afɔrebukyia no, bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ wɔ so. Afei, ɔhyɛɛ Yuda manfoɔ no nkuran sɛ, wɔnsom Awurade, Israel Onyankopɔn no. 17Nanso, na ɔmanfoɔ no gu so bɔ afɔdeɛ wɔ abosonsom asɔreeɛ so. Nanso, na wɔbɔ ma Awurade wɔn Onyankopɔn ara.

18Manase adedie ho nsɛm nkaeɛ, ne mpaeɛ a ɔbɔɔ Onyankopɔn ne nsɛm a adehunumufoɔ ka kyerɛɛ no wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn din mu no, wɔatwerɛ agu Israel ahemfo nwoma mu. 19Manase mpaeɛ ne ɛkwan a Onyankopɔn faa so buaa no, ne ne bɔne ne atorɔ a ɔdiiɛ nyinaa ho nsɛm no, wɔatwerɛ agu adehunumufoɔ nwoma mu. Baabi a ɔsii abosonsom asɔreeɛ, sisii Asera afɔrebukyia ne ahoni ansa na ɔrenu ne ho no nso ka ho. 20Ɛberɛ a Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼahemfie. Na ne babarima Amon na ɔyɛɛ ɔhene a ɔdi hɔ.

Amon Di Ɔhene Wɔ Yuda

21Ɛberɛ a Amon dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfeɛ mmienu. 22Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Manase yɛeɛ no. Ɔsomm ahoni a nʼagya yɛeɛ no nyinaa, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn. 23Nanso, wansɛ nʼagya Manase, ɛfiri sɛ, wammrɛ ne ho ase amma Awurade. Mmom, Amon yɛɛ bɔne maa ɛtraa so.

24Akyire yi, Amon no ara mpanimfoɔ pamm ne tiri so, kumm no wɔ nʼahemfie. 25Nanso, ɔmanfoɔ a wɔwɔ asase no so kunkumm wɔn a wɔbɔɔ pɔ tiaa ɔhene Amon no, na wɔsii ne babarima Yosia ɔhene, sii nʼanan mu.

Chinese Contemporary Bible 2022 (Simplified)

历代志下 33:1-25

犹大王玛拿西

1玛拿西十二岁登基,在耶路撒冷执政五十五年。 2他做耶和华视为恶的事,效法耶和华在以色列人面前赶走的外族人的可憎行径。 3他重建他父亲希西迦拆毁的丘坛,为巴力筑造祭坛,制造亚舍拉神像,并祭拜和供奉天上的万象。 4耶和华曾指着祂的殿说:“我的名必永远在耶路撒冷,”他却在耶和华的殿内建造异教的祭坛。 5他在耶和华殿的两个院子里为天上万象建造祭坛。 6他还在欣嫩子谷把自己的儿子烧死,献作祭物。他行邪术、占卜、观兆,求问灵媒和巫师,做了许多耶和华视为恶的事,惹耶和华发怒。 7他雕刻神像,放在上帝的殿中。关于这殿,上帝曾对大卫和他儿子所罗门说:“我从以色列各支派中选择了这殿和耶路撒冷,我的名要永远立在这里。 8只要以色列人谨遵我借着摩西颁给他们的一切法度、律例和典章,我就不再把他们从我赐给他们祖先的土地上赶走。” 9玛拿西诱使犹大人和耶路撒冷的居民作恶,比耶和华在以色列人面前所毁灭的各族更严重。

玛拿西悔改

10耶和华警告玛拿西和他的百姓,他们却不肯听从。 11所以,耶和华就差遣亚述王的将领来攻击他们,他们捉住玛拿西,把他用钩子钩着、用铜链锁着押往巴比伦12在困苦中,玛拿西祈求他的上帝耶和华的帮助,并且在他祖先的上帝面前极其谦卑。 13耶和华应允他的祷告,垂听他的恳求,使他返回耶路撒冷继续做王。玛拿西这才明白耶和华是上帝。

14这事以后,玛拿西重建大卫城的外墙,从谷中基训泉的西边直到鱼门口,环绕俄斐勒,筑高城墙。他又派将领驻扎犹大各坚城。 15玛拿西将偶像和外族人的神像从耶和华的殿中除去,又把他在圣殿山和耶路撒冷筑造的一切祭坛全部拆掉,扔在城外。 16他重建耶和华的祭坛,在上面献平安祭和感恩祭,又吩咐犹大人事奉以色列的上帝耶和华。 17然而,众人仍然在丘坛献祭,只是献给他们的上帝耶和华。

玛拿西逝世

18玛拿西其他的事、他向上帝的祷告和先见奉以色列的上帝耶和华的名对他说的话,都记在《以色列列王史》上。 19他的祷告,上帝的答复,他在谦卑下来之前的罪恶和不忠,他在哪里修筑丘坛以及设立亚舍拉神像和其他偶像的事,都记在《先知书》33:19 《先知书》或译《何赛的书》。上。 20玛拿西与祖先同眠后,葬在宫内,他儿子亚们继位。

亚们做犹大王

21亚们二十二岁登基,在耶路撒冷执政两年。 22亚们像他父亲玛拿西一样做耶和华视为恶的事。他祭拜和供奉他父亲玛拿西制造的一切偶像。 23可是,亚们没有像他父亲玛拿西一样在耶和华面前谦卑下来。相反,他犯的罪越来越多。 24他的臣仆谋反,在王宫里杀了他。 25民众杀死那些背叛亚们王的人,让他儿子约西亚接续他做王。