2 Ahemfo 8 – ASCB & NASV

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 8:1-29

Sunemni Baa No Sane Kɔ Ne Kurom

1Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no sɛ, “Wo ne wo fiefoɔ ntu nkɔ baabi foforɔ, ɛfiri sɛ, Awurade ahyɛ sɛ ɛkɔm mmra Israel mfeɛ nson.” 2Enti, ɔbaa no yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛeɛ no. Ɔfaa ne fiefoɔ kɔtenaa Filistifoɔ asase8.2 Na Filistiman no yɛ asase pa sene Israel mmepɔ mmepɔ so no. Afei na Siria asraafoɔ nhunahuna saa ɔman no. so mfeɛ nson.

3Ɛkɔm no twaa mu no, ɔsane baa Israel asase so, kɔhunuu ɔhene no sɛ ɔregye ne fie ne nʼasase. 4Ɔbaa mu no, na ɔhene no ne Gehasi a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ rekasa. Na ɔhene no rebisa sɛ: Ka nneɛma akɛseɛ a Elisa ayɛ no bi kyerɛ me. 5Saa ɛberɛ no ara na na Gehasi reka nyane a Elisa nyanee abarimaa bi no ho asɛm akyerɛ no. Ɛberɛ korɔ no ara mu, abarimaa no maame kɔɔ ɔhene no anim, kɔsrɛɛ ɔhene no fa nʼabisadeɛ no ho.

Gehasi teaam sɛ, “Hwɛ, me wura! Ɔbaa no nie na ne babarima no nso nie—ɔno na Elisa nyanee no no!”

6Ɔhene no bisaa ɔbaa no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ anaa?” Ɔbaa no buaa sɛ ɛyɛ ampa. Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako sɛ ɔnhwɛ na biribiara a wahwere no, wɔmfa mma no. Nʼafudeɛ a wɔtwaeɛ a na ɔnni hɔ nyinaa, wɔde maa no.

Hasael Kum Ben-Hadad

7Na Elisa kɔɔ Damasko a ɛyɛ Aram kuropɔn no mu a na ɔhene Ben-Hadad yare da no. Obi ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Onyankopɔn onipa no aba hɔ,” 8ɛberɛ a ɔhene no tee saa asɛm no, ɔka kyerɛɛ Hasael sɛ, “Fa akyɛdeɛ kɔma Onyankopɔn onipa no. Na ka kyerɛ no, na ɔmmisa Awurade sɛ, ‘Me ho bɛtɔ me bio anaa?’ ”

9Na Hasael hyehyɛɛ nyoma aduanan so nnepa a ɛfiri Damasko, sɛ akyɛdeɛ a ɔde rekɔma Elisa. Ɔkɔɔ ne nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ɔsomfoɔ Ben-Hadad a ɔyɛ Aramhene asoma me wo nkyɛn sɛ, memmɛbisa sɛ ne ho bɛyɛ no den anaa.”

10Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Wo ho bɛyɛ wo den.’ Nanso, Awurade ada no adi akyerɛ me sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, ɔbɛwu.” 11Elisa hwɛɛ Hasael anim, kɔsii sɛ Hasael yɛɛ basaa. Na Onyankopɔn onipa no hyɛɛ aseɛ suiɛ. 12Hasael bisaa no sɛ, “Me wura, ɛyɛ ɛdeɛn asɛm? Elisa buaa sɛ, Menim nneɛma a ɛyɛ hu a wobɛyɛ Israelfoɔ. Wobɛhye wɔn nkuro a wɔabobɔ ho ban, akunkum wɔn mmeranteɛ, de wɔn mma nketewa adweradwera fam, apaapae apemfoɔ yafunu!”

13Na Hasael buaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, bɛtumi adi dwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi?”

Nanso, Elisa buaa sɛ, “Awurade akyerɛ me sɛ, wo na wobɛyɛ Aramhene.”

14Ɛberɛ a Hasael sane kɔeɛ no, ɔhene no bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?”

Hasael buaa sɛ, “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, wo ho bɛyɛ wo den.” 15Nanso, adeɛ kyeeɛ no, Hasael faa nnasoɔ, de nuu nsuo mu, de kataa ɔhene no anim, kɔsii sɛ ɔwuiɛ. Na Hasael sii nʼanan mu sɛ Aramhene.

Yehoram Di Ɔhene Wɔ Yuda

16Ɔhene Yehosafat babarima Yehoram bɛdii Yuda so ɛberɛ a ɔhene Yoram adi adeɛ wɔ Israel mfeɛ enum so. Na Yoram yɛ Ahab babarima. 17Ɛberɛ a Yehoram dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduasa mmienu. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. 18Nanso, Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɔhene Ahab, ɛfiri sɛ, na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. 19Nanso, na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Yuda, ɛfiri sɛ, na ɔne Dawid ayɛ apam, ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefoɔ na wɔbɛkɔ so adi ɔman no so afebɔɔ.

20Yehoram berɛ so na Edomfoɔ sɔre tiaa Yuda, na wɔsii wɔn ankasa wɔn ɔhene. 21Enti, Yehoram faa ne nteaseɛnam nyinaa, kɔto hyɛɛ Sair kuro so. Edomfoɔ twaa ɔne ne nteaseɛnamkafoɔ ho hyiaeɛ, nanso ɔfaa anadwo sum no mu dwaneeɛ. Yehoram akodɔm nso gyaa no hɔ dwaneeɛ. 22Edom ate Yuda so atua de bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ no ara mu na Libna kuro nso sɔre tiaeɛ.

23Nsɛm a ɛsisii wɔ Yehoram ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 24Ɛberɛ a Yehoram wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Ahasia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Ahasia Di Ɔhene Wɔ Yuda

25Yehoram babarima Ahasia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene Yuda wɔ ɔhene Yoram8.25 Na wɔfrɛ Yoram yere Atalia. Na ɔyɛ Ahab babaa. adedie wɔ Israel ne mfeɛ dumienu mu no mu. Na Ahab babarima ne ɔhene Yoram no. 26Ɛberɛ a Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem afe. Ne maame ne Atalia a ɔyɛ Israelhene Omri nana. 27Ahasia dii amumuyɛsɛm, dii bɔne a ɔhene Ahab fiefoɔ yɛeɛ no anammɔn akyi. Ɔyɛɛ amumuyɛsɛm wɔ Awurade ani so ɛfiri sɛ, wɔbɔɔ ne din bataa awadeɛ a ɔkɔwaree Ahab efieni no ho.

28Ahasia de ne ho kɔbɔɔ Israelhene Yoram ho wɔ ne ko a ɔko tiaa Aramhene Hasael wɔ Ramot-Gilead no. 29Ɛberɛ a wɔpiraa ɔhene Yoram wɔ ɔko no mu no, ɔsane baa Yesreel sɛ ɔrebɛsa nʼapirakuro no. Ɛberɛ a Yoram wɔ hɔ no, Yudahene Ahasia kɔsraa no.

New Amharic Standard Version

2 ነገሥት 8:1-29

የሱነማዪቱ ርስት ተመለሰ

1በዚህ ጊዜ ኤልሳዕ፣ ልጇ ከሞት ያስነሣላትን ሴት፣ “እግዚአብሔር በምድሪቱ ላይ የሰባት ዓመት ራብ ስለ ወሰነ፣ ተነሺና ለጊዜው መቈየት ወደምትችዪበት ቦታ ከቤተ ሰብሽ ጋር ሂጂ” አላት። 2ሴቲቱም ተነሥታ የእግዚአብሔር ሰው እንደ ነገራት አደረገች፤ ከነቤተ ሰቧም ሄዳ፣ በፍልስጥኤም ምድር ሰባት ዓመት ተቀመጠች።

3ከሰባት ዓመት በኋላም፣ ከፍልስጥኤም ምድር ተመልሳ መጣች፤ ስለ ቤቷና ስለ መሬቷ አቤቱታ ለማቅረብም ወደ ንጉሡ ሄደች። 4በዚህ ጊዜ ንጉሡ የእግዚአብሔርን ሰው አገልጋይ ግያዝን፣ “ኤልሳዕ ያደረጋቸውን ታላላቅ ሥራዎች ሁሉ እስቲ ንገረኝ” እያለው ነበር። 5ኤልሳዕ ልጇን ከሞት ያስነሣላት ሴት ስለ ቤቷና ስለ መሬቷ ለማመልከት ወደ ንጉሡ ዘንድ የቀረበችውም፣ ኤልሳዕ የሞተውን ልጅ እንዴት እንዳስነሣ ግያዝ ለንጉሡ በሚነግርበት ወቅት ነበር።

ግያዝም፣ “ንጉሥ ጌታዬ ሆይ፤ ሴቲቱ ይህች ናት፤ ኤልሳዕ ከሞት ያስነሣው ልጇም ይህ ነው” አለ። 6ንጉሡም ስለ ስለዚሁ ጕዳይ ጠየቃትና ነገረችው።

ከዚያም ንጉሡ፣ “የነበራትን ሁሉ እንዲሁም ትታ ከሄደችበት ጊዜ አንሥቶ እስካሁን ድረስ ያለውን የዕርሻዋን ሰብል በሙሉ እንድትመልስላት” ሲል አንድ ሹም አዘዘላት።

አዛሄል ቤን ሃዳድን ገደለ

7ኤልሳዕ ወደ ደማስቆ ሄደ፤ በዚያን ጊዜም የሶርያ ንጉሥ ቤን ሃዳድ ታሞ ነበር፤ ለንጉሡም፣ “የእግዚአብሔር ሰው ወደዚህ መጥቷል” ብለው ነገሩት። 8እርሱም አዛሄልን፣ “ገጸ በረከት ይዘህ ሂድና የእግዚአብሔርን ሰው ተገናኘው። በእርሱም አማካይነት፣ ‘ከዚህ በሽታ እድናለሁን?’ ብለህ እግዚአብሔርን ጠይቅ” አለው።

9አዛሄልም ደማስቆ ካፈራቻቸው ምርጥ ነገሮች ሁሉ የአርባ ግመል ጭነት ገጸ በረከት ይዞ ኤልሳዕን ለመገናኘት ሄደ። ሄዶም ፊቱ ቆመና፣ “የሶርያ ንጉሥ ልጅህ ቤን ሃዳድ፣ ‘ከዚህ በሽታ እድናለሁን?’ ሲል ወደ አንተ ልኮኛል” አለው። 10ኤልሳዕም፣ “ሂድና፣ ‘መዳኑንስ በርግጥ ትድናለህ’ በለው፤ ነገር ግን እንደሚሞት እግዚአብሔር ገልጦልኛል” ሲል መለሰለት። 11እስኪያፍር ድረስም፣ አዛሄልን ትኵር ብሎ ተመለከተው፤ ከዚያም የእግዚአብሔር ሰው እንባውን አፈሰሰ።

12አዛሄልም፣ “ጌታዬ የሚያለቅሰው ለምንድን ነው?” ሲል ጠየቀ።

ኤልሳዕም መልሶ፣ “በእስራኤላውያን ላይ የምታደርሰውን ጕዳት ስለማውቅ ነው፤ ምሽጎቻቸውን በእሳት ታቃጥላለህ፤ ጕልማሶቻቸውን በሰይፍ ትገድላለህ፤ ሕፃናታቸውን በምድር ላይ ትፈጠፍጣለህ፤ ያረገዙ ሴቶቻቸውንም ሆድ ትቀድዳለህ” አለው።

13አዛሄልም፣ “ለመሆኑ እንደ ውሻ የሚቈጠር አገልጋይህ ይህን ጀብዱ መፈጸም እንዴት ይችላል?” አለ።

ኤልሳዕም መልሶ፣ “መቼም አንተ በሶርያ ላይ እንደምትነግሥ እግዚአብሔር አሳይቶኛል” አለው።

14ከዚያም አዛሄል ከኤልሳዕ ዘንድ ወጥቶ ወደ ጌታው ተመለሰ፤ ቤን ሃዳድም፣ “ለመሆኑ ኤልሳዕ ምን አለህ?” ሲል ጠየቀው፤ አዛሄልም፣ “በርግጥ ከበሽታህ እንደምትድን ነግሮኛል” አለው። 15በማግስቱም ግን ወፍራም ልብስ ወስዶ በውሃ ከነከረ በኋላ የንጉሡን ፊት ሸፈነው፤ ንጉሡም በዚሁ ሞተ፤ ከዚያም አዛሄል በእግሩ ተተክቶ ነገሠ።

የይሁዳ ንጉሥ ኢዮሆራም

8፥17-24 ተጓ ምብ – 2ዜና 21፥5-1020

16የእስራኤል ንጉሥ የአክዓብ ልጅ ኢዮራም በነገሠ በአምስተኛው ዓመት፣ የኢዮሣፍጥ ልጅ ኢዮሆራም በይሁዳ ነገሠ። 17እርሱም ሲነግሥ ዕድሜው ሠላሳ ሁለት ዓመት ነበር፤ በኢየሩሳሌም ተቀምጦም ስምንት ዓመት ገዛ። 18ያገባት የአክዓብ ልጅ ስለ ነበረች የአክዓብ ቤት እንደ አደረገው ሁሉ፣ እርሱም የእስራኤልን ነገሥታት መንገድ ተከተለ፤ በእግዚአብሔርም ፊት ክፉ ድርጊት ፈጸመ። 19ይሁን እንጂ ስለ ባሪያው ስለ ዳዊት ሲል፣ እግዚአብሔር ይሁዳን ሊያጠፋ አልፈለገም፤ ምክንያቱም ለዳዊትና ለዘሩ መብራት እንደማያሳጣ ተስፋ ሰጥቶ ነበርና።

20በኢዮሆራም ዘመነ መንግሥት፣ ኤዶምያስ በይሁዳ ላይ ዐምፆ የራሱን ንጉሥ አነገሠ። 21ስለዚህም ኢዮሆራም ሠረገሎቹን ሁሉ አሰልፎ ወደ ጸዒር ዘመተ። ኤዶማውያንም እርሱንና የሠረገላ አዛዦቹን ከበቡ፤ እርሱና የሠረገላ አዛዦቹ ግን በሌሊት ተነሥተው ከበባውን ጥሰው ወጡ፤ ሰራዊቱም ሸሽቶ ተመለሰ። 22ኤዶምያስም እስከ ዛሬ ድረስ በይሁዳ ላይ እንደ ዐመፀ ነው፤ ልብናም በዚሁ ጊዜ ዐምፆ ነበር። 23በኢዮሆራም ዘመነ መንግሥት የተከናወነው ሌላው ነገር ሁሉ በይሁዳ ነገሥታት ታሪክ ተጽፎ የሚገኝ አይደለምን? 24ኢዮሆራምም ከአባቶቹ ጋር አንቀላፋ፤ እንደ እነርሱም ሁሉ በዳዊት ከተማ ተቀበረ። ልጁ አካዝያስም በእግሩ ተተክቶ ነገሠ።

የይሁዳ ንጉሥ አካዝያስ

8፥25-29 ተጓ ምብ – 2ዜና 22፥1-6

25የእስራኤል ንጉሥ የአክዓብ ልጅ ኢዮራም በነገሠ በዐሥራ ሁለተኛው ዓመት፣ የኢዮሆራም ልጅ አካዝያስ በይሁዳ ነገሠ። 26አካዝያስ ሲነግሥ ዕድሜው ሀያ ሁለት ዓመት ነበር፤ በኢየሩሳሌም ተቀምጦም አንድ ዓመት ገዛ። እናቱ ጎቶልያ ትባላለች፤ እርሷም የእስራኤል ንጉሥ የዖምሪ የልጅ ልጅ ነበረች። 27አካዝያስ ከአክዓብ ቤተ ሰብ ጋር በጋብቻ የተሳሰረ ስለ ነበር፣ የአክዓብ ቤት እንደ አደረገው ሁሉ፣ እርሱም በአክዓብ ቤት መንገድ ሄደ፤ በእግዚአብሔርም ፊት ክፉ ነገር አደረገ።

28አካዝያስም ከአክዓብ ልጅ ከኢዮራም ጋር ሆኖ በሶርያ ንጉሥ በአዛሄል ላይ ለመዝመት ወደ ሬማት ዘገለዓድ ሄደ፤ ሶርያውያንም በዚያ ኢዮራምን አቈሰሉት። 29ስለዚህ ንጉሥ ኢዮራም፣ በሬማት ከአዛሄል ጋር ባደረገው ጦርነት ሶርያውያን ካደረሱበት ቍስል ለማገገም ወደ ኢይዝራኤል ተመለሰ።

ከዚያም የአክዓብ ልጅ ኢዮራም ስለ ታመመ፣ የይሁዳ ንጉሥ የኢዮራሆም ልጅ አካዝያስ ሊጠይቀው ወደ ኢይዝራኤል ወረደ።