2 Ahemfo 5 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 5:1-27

Naaman Ayaresa

1Na Aramhene5.1 Na ɔhene no din de Ben-Hadad II. bu Naaman a ɔyɛ akodɔm sahene no yie. Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Awurade maa Aram dii nkonim akɛseɛ bebree. Ɛwom sɛ na Naaman yɛ ɔkofoɔ kɛseɛ deɛ, nanso na ɔyare kwata.

2Afei, na Aram akofoɔ adi Israel asase so, na abaawa ketewa bi ka wɔn a wɔkyeree wɔn nnommum no ho. Wɔde saa abaayewa no maa Naaman yere sɛ nʼabaawa. 3Ɛda bi, abaawa no ka kyerɛɛ nʼawuraa sɛ, “Sɛ me wura kɔhunu odiyifoɔ no wɔ Samaria a, anka mɛpɛ. Anka ɔbɛsa no yadeɛ ama kwata no afiri ne honam ani.”

4Enti, Naaman kaa asɛm a abaawa a ɔfiri Israel no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ ɔhene. 5Ɔhene5.5 Ɔhene a na wɔreka ne ho asɛm yi, wɔfrɛ no Yoram. no ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, na kɔsra odiyifoɔ no. Mɛtwerɛ krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene.” Enti, Naaman hyɛɛ nʼakwantuo no ase. Ɔfaa dwetɛ akyɛdeɛ kilogram ahasa aduanan (340), sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntadeɛ mmɔho edu. 6Krataa a ɔde rekɔma Israelhene no mu asɛm ne sɛ, “Menam krataa yi so reda me ɔsomfoɔ Naaman adi, akyerɛ wo. Mepɛ sɛ wosa no yadeɛ ma ne kwata no firi ne honam ani.”

7Ɛberɛ a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee nʼatadeɛ mu, kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, sɛ mensa no yadeɛ! Meyɛ Onyankopɔn a metumi kum, sane ma nkwa? Ɔrepɛ ɛkwan bi afa so, anya nnyinasoɔ bi, na wabɛto ahyɛ yɛn so bio.”

8Ɛberɛ a Elisa, Onyankopɔn onipa, tee ɔhene no nsɛnkaeɛ no, ɔtoo nkra kɔmaa no sɛ, “Adɛn enti na woasunsuane wo ntadeɛ mu saa? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na ɔbɛhunu sɛ, odiyifoɔ papa bi wɔ Israel.” 9Enti, Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn wɔ Elisa fie ɛpono ano. 10Na Elisa somaa ɔbɔfoɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔhohoro wo ho mprɛnson wɔ Asubɔnten Yordan mu, na wo honam bɛba mu, ama wo kwata no akɔ.”

11Na Naaman bo fuiɛ, na ɔsii ɛkwan so. Ɔkaa sɛ, “Na menim sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɔbɛba abɛhyia me! Na menim sɛ ebia, ɔde ne nsa bɛfa kwata no so, na wabɔ Awurade a, ɔyɛ ne Onyankopɔn no din, nam so asa me yadeɛ. 12Nsubɔntene Abana ne Parpar a ɛwɔ Damasko nsene nsubɔntene a ɛwɔ Israel nyinaa? Adɛn enti na menkɔhohoro me ho wɔ mu, na mennya ayaresa?” Enti, Naaman danee ne ho de abufuo sii mu.

13Nanso, ne mpanimfoɔ bɔɔ mmɔden kasa kyerɛɛ no sɛ, “Owura, sɛ odiyifoɔ no kaa sɛ yɛ adwuma kɛseɛ bi a, anka worenyɛ anaa? Ɛno enti, tie asɛm a waka sɛ kɔhohoro wo ho kɛkɛ, na wo ho bɛtɔ wo no, na di so.” 14Enti, Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mprɛnson, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ne honam ani daa hɔ te sɛ abɔfra, maa ne kwata no nyinaa kɔeɛ.

15Naaman ne ne dɔm no sane kɔeɛ, kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn onipa no akyiri kwan. Wɔkɔgyinaa nʼanim, maa Naaman kaa sɛ, “Afei na mahunu sɛ Onyankopɔn nni ewiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛdeɛ yi.”

16Nanso, Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, merennye akyɛdeɛ biara.” Ɛwom sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ ɔnnye akyɛdeɛ no, nanso Elisa annye.

17Afei, Naaman kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, ma me ɛkwan na memfa ɛha dɔteɛ atifi mmienu nsoa me mfunumpɔnkɔ mmienu, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Ɛfiri ɛnnɛ, Awurade akyi no, meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame bi bio. 18Na mesrɛ sɛ, Awurade mfa saa bɔne yi nkyɛ me. Sɛ me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfie akɔsom, na mesosɔ ne mu a, me nso mɛkoto enti, Awurade mfa nkyɛ me.”

19Elisa kaa sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu.” Enti, Naaman sane sii ɛkwan so.

Gehasi Anibereɛ

20Nanso, Elisa ɔsomfoɔ Gehasi kaa wɔ ne tirim sɛ, “Anka ɛnsɛ sɛ me wura ma Aramni yi kɔ a wannye akyɛdeɛ yi. Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, mɛti no, na makɔgye biribi afiri ne nkyɛn.”

21Enti, Gehasi tii no. Ɛberɛ a Naaman hunuu no sɛ ɔde mmirika reba ne so no, ɔsi firii ne teaseɛnam mu kɔhyiaa no. Naaman bisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?”

22Gehasi buaa sɛ, “Aane, nanso me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, mmabunu baanu bi a wɔyɛ adiyifoɔ a wɔfiri Efraim kuro a ɛda bepɔ so no mu abɛduru seesei ara. Ɔse ɔrepɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan ne ntadeɛ nsakyeramu mmienu de ama wɔn.”

23Naaman kaa sɛ, “Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa ɛnan yi.” Ɔmaa no ntadeɛ nsakyeramu mmienu, kyekyeree sika no wɔ nkotokuo mmienu mu, yii asomfoɔ baanu soaa akyɛdeɛ no, maa Gehasi. 24Nanso, wɔduruu bepɔ no so no, Gehasi gyee akyɛdeɛ no firii asomfoɔ no nkyɛn, ma wɔsane wɔn akyi kɔeɛ. Afei, ɔde akyɛdeɛ no kɔsiee efie no mu.

25Ɛberɛ a ɔkɔɔ ne wura Elisa nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Gehasi, wokɔɔ he?”

Ɔbuaa sɛ, “Menkɔɔ baabiara.”

26Nanso, Elisa bisaa no sɛ, “Woanhunu sɛ ɛberɛ a Naaman si firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa wo no, na mewɔ hɔ honhom mu? Saa ɛberɛ yi na ɛsɛ sɛ wogye sika ne ntadeɛ ne ngo dua mfuo ne bobe mfuo ne nnwan ne anantwie ne asomfoɔ? 27Deɛ woayɛ yi enti, wo ne wo mma ne wo mma mma bɛyare Naaman kwata no bi afebɔɔ.” Ɛberɛ a Gehasi firii dan no mu no, na kwata ayɛ no a ne ho ahoa ayɛ sɛ sukyerɛmma.

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

4 Царств 5:1-27

Исцеление Наамана от проказы

1Нааман был военачальником царя Сирии. Он был великим и уважаемым человеком в глазах своего господина, потому что через него Вечный даровал Сирии победу. Он был доблестным воином, но болел проказой5:1 На языке оригинала здесь и далее в этой книге стоит слово, которое обозначает несколько разных кожных болезней, а не только проказу.. 2А отряды сирийцев во время одного из набегов взяли в Исроиле в плен маленькую девочку, и она служила жене Наамана. 3Она сказала госпоже:

– Если бы только моему господину повидать пророка, который в Сомарии! Он исцелил бы его от болезни.

4Нааман пошёл к господину и передал ему то, что сказала девочка из Исроила.

5– Конечно иди, – ответил царь Сирии. – Я напишу письмо царю Исроила.

И Нааман пошёл, взяв с собой триста шестьдесят килограммов серебра, семьдесят два килограмма5:5 Букв.: «десять талантов… шесть тысяч шекелей». золота и десять смен одежды. 6В письме, которое он принёс царю Исроила, говорилось: «Когда ты получишь это письмо, знай, что я послал к тебе моего слугу Наамана, чтобы ты вылечил его от проказы».

7Когда царь Исроила прочитал это письмо, он разорвал на себе одежду и сказал:

– Разве я Всевышний, чтобы умерщвлять и оживлять? Почему он посылает ко мне, чтобы я исцелил от проказы? Смотрите, он пытается затеять со мной ссору!

8Когда пророк Елисей услышал о том, что царь Исроила разорвал на себе одежду, он послал сказать ему:

– Почему ты разорвал на себе одежду? Пошли этого человека ко мне, и он узнает, что есть пророк в Исроиле.

9Нааман пришёл с конями и колесницами и остановился у двери дома Елисея. 10Елисей отправил посланца сказать ему:

– Пойди, омойся семь раз в Иордане, твоё тело исцелится, и ты станешь чист.

11Но Нааман разгневался и ушёл, говоря:

– Я думал, что он непременно выйдет ко мне, встанет, призовёт имя Вечного, своего Бога, поводит рукой над больным местом и исцелит меня от проказы. 12Разве Авана и Фарфар, реки Дамаска, не лучше всех вод Исроила? Разве я не мог омыться в них, чтобы очиститься?

Он повернулся и в гневе ушёл. 13Слуги Наамана подошли к нему и сказали:

– Отец, если бы пророк сказал тебе сделать нечто великое, разве бы ты этого не сделал? А он лишь сказал тебе: «Омойся и будешь чист».

14Тогда он пошёл и семь раз окунулся в Иордане, как сказал ему пророк, – и его тело исцелилось и стало чистым, как у младенца. 15Нааман со слугами вернулся к пророку. Он встал перед ним и сказал:

– Теперь я знаю, что во всём мире нет Бога, кроме как в Исроиле. А теперь, прошу, прими от твоего раба подарок.

16Пророк ответил:

– Верно, как и то, что жив Вечный, Которому я служу, – я ничего не приму.

И хотя Нааман уговаривал его, он отказался.

17– Если ты не желаешь, – сказал Нааман, – то прошу тебя, пусть твоему рабу дадут столько земли5:17 Большинство неисроильтян верило, что божеству можно поклоняться только на земле, принадлежащей этому божеству, или же соорудив ему жертвенник из этой земли., сколько сможет увезти пара мулов, потому что твой раб никогда больше не будет приносить всесожжения и жертвы никакому богу, кроме Вечного. 18Пусть только Вечный простит твоего раба за одно: когда мой господин входит в храм Риммона5:18 Риммон – сирийский бог-громовержец., чтобы поклониться там, и опирается на мою руку, я кланяюсь тоже. Когда я буду кланяться в храме Риммона, пусть Вечный простит за это твоего раба.

19– Иди с миром, – сказал Елисей.

Гехази наказан проказой

Когда Нааман уже отошёл на некоторое расстояние, 20Гехази, слуга пророка Елисея, сказал себе: «Мой господин отпустил этого сирийца Наамана слишком легко, не взяв у него никаких даров. Верно, как и то, что жив Вечный, – я побегу за ним и возьму у него что-нибудь». 21И Гехази помчался за Нааманом. Когда Нааман увидел, как он бежит к нему, он слез с колесницы, чтобы встретить его.

– Всё ли благополучно? – спросил он.

22– Всё благополучно, – ответил Гехази. – Просто мой господин послал меня сказать: «Два молодых ученика пророков пришли ко мне из нагорий Ефраима. Прошу тебя, дай им тридцать шесть килограммов5:22 Букв.: «один талант». серебра и две смены одежды».

23– Конечно! Бери семьдесят два килограмма5:23 Букв.: «два таланта»., – сказал Нааман.

Он уговорил Гехази взять семьдесят два килограмма серебра в двух мешках, вместе с двумя сменами одежды. Он отдал их двум слугам, и они понесли их перед Гехази. 24Когда Гехази пришёл на холм, он взял это у слуг и положил у себя дома. Он отпустил людей, и они ушли. 25После этого он вошёл и встал перед своим господином Елисеем.

– Где ты был, Гехази? – спросил Елисей.

– Твой раб никуда не ходил, – ответил Гехази.

26Но Елисей сказал ему:

– Разве не был с тобой мой дух, когда Нааман слез с колесницы, чтобы встретить тебя? Время ли брать деньги или принимать одежды, масличные рощи, виноградники, отары, стада, слуг или служанок? 27Так пусть проказа Наамана пристанет к тебе и твоим потомкам навеки.

И когда Гехази вышел от Елисея, он был бел от проказы, как снег.