2 Ahemfo 10 – ASCB & BDS

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 10:1-36

Yehu Kunkum Ahab Efiefoɔ

1Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson a wɔtete Samaria.10.1 Na Samaria yɛ Atifi Ahemman no kuropɔn firi Ɔhene Omri berɛ so (1 Ah 16.24). Na Yehu twerɛɛ krataa, kyekyɛ maa kuro no mpanimfoɔ, ntuanofoɔ ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmammarima no so no. Na krataa no ka sɛ, 2“Ɔhene mmammarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kuro a wɔabɔ ho ban ne akodeɛ nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a, 3monyi ɔhene Ahab mmammarima no mu deɛ ɔfata a ɔwɔ mu no, na monsi no mo so ɔhene, na monsiesie mo ho nko mma Ahab fie.”

4Nanso, wɔbɔɔ huboa kaa sɛ, “Ahemfo baanu10.4 Ahemfo baanu a wɔreka wɔn ho asɛm yi yɛ Yoram ne Ahasia (9.22-28). mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na ɛdeɛn na yɛbɛtumi ayɛ?”

5Enti, mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahemfie hɔ ne kuro no so ne ntuanofoɔ ahodoɔ no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmammarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara ɔhene. Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara no, yɛ.”

6Yehu twerɛɛ krataa a ɛtɔ so mmienu de buaa sɛ, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mobɛtie mʼasɛm deɛ a, ɔkyena ɛbɛyɛ sɛsɛɛ mmerɛ mu, momfa ɔhene no mmammarima tiri mmrɛ me wɔ Yesreel.”

Na Samaria ntuanofoɔ bi na wɔhwɛ ɔhene mmammarima aduɔson no so a wɔatete wɔn firi wɔn mmɔfraase pɛɛ. 7Krataa no duruiɛ ara pɛ, na ntuanofoɔ no kunkumm ɔhene no mmammarima aduɔson no nyinaa. Wɔde wɔn tiri no guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa Yehu wɔ Yesreel. 8Ɔbɔfoɔ kɔɔ Yehu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔde ɔhene mmammarima no tiri no aba.” Enti, Yehu hyɛɛ sɛ, “Mommoaboa ano akuo mmienu wɔ kuro no ɛpono ano, na monnya hɔ nkɔsi adekyeeɛ.”

9Adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔkasa kyerɛɛ ɛdɔm a ahyia hɔ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo soboɔ. Me na mebɔɔ pɔ de tiaa me wura, nam so kumm no. Na hwan na ɔkunkumm yeinom? 10Deɛ ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn a wɔka faa Ahab fie ho no ba mu. Awurade nam ne ɔsomfoɔ Elia so daa no adi sɛ yei bɛba mu.” 11Na Yehu kunkumm Ahab abusuafoɔ a wɔtete Yesreel no ne ne mpanimfoɔ atitire ne nnamfonom ne nʼabosomfoɔ nyinaa. Enti, anka Ahab aseni biara.

12Na Yehu firii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nnwanhwɛfoɔ ahɔhodan mu. 13Ɔhyiaa Yudahene Ahasia abusuafoɔ bi. Ɔbisaa sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ?”

Wɔbuaa sɛ, “Yɛyɛ ɔhene Ahasia abusuafoɔ. Yɛrekɔsra ɔhene Ahab mmammarima ne ɔhemmaa no.”

14Yehu teaam, ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan mmienu no nyinaa kunkumm wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wɔn mu biara annwane.

15Ɛberɛ a Yehu firii hɔ no, ɔhyiaa Rekab10.15 Na Rekabfoɔ no yɛ Rekab asefoɔ a na wɔda so te ase Yeremia berɛ so (Yer 35.6,8). Na wɔpɛ sɛ wɔbɛn Awurade yie. Na wɔdi atutena. Na wɔyɛ Kenifoɔ a Yetro a na ɔyɛ Mose agya nsiananmu ase firi wɔn mu. babarima Yehonadab a na ɔrebɛhyia no. Wɔkyeakyeaa wɔn ho wieeɛ no, Yehu bisaa no sɛ, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛdeɛ mewɔ wo ho adwene pa no anaa?”

Yehonadab buaa sɛ, “Aane.”

Yehu toaa so sɛ, “Sɛ wowɔ me ho adwene pa deɛ a, ɛnneɛ, kyea me.” Yehonadab tenee ne nsa ma Yehu kyeaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu. 16Na Yehu kaa sɛ, “Afei, wo ne me nkɔ, na hunu sɛdeɛ mede me ho ama Awurade no.” Enti, Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔeɛ.

17Ɛberɛ a Yehu duruu Samaria no, ɔkunkumm Ahab fiefoɔ a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛeɛ no.

Yehu Kum Baal Abosomfoɔ

18Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ahab somm Baal kakra; Yehu bɛsom no yie. 19Momfrɛ Baal adiyifoɔ, asomfoɔ ne nʼabosomfoɔ nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, ɛfiri sɛ, merebɛbɔ Baal afɔdeɛ kɛseɛ. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wɔbɛkum no.” Na Yehu adwene ne sɛ, ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa.

20Afei, Yehu hyɛɛ sɛ, “Monhyia, mmɔ dwa anibereɛ so, na monsɔre Baal!” Enti, wɔyɛɛ saa. 21Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfie10.21 Ahab na ɔsii Baal abosomfie no (1 Ah 16.32). hɔ ma tɔ, firi tire kɔsi tire. 22Na Yehu hyɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadedaka no so no sɛ, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti, wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn.

23Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfie hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfoɔ no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu.” 24Enti, na wɔn nyinaa wɔ abosomfie hɔ rekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yehu de nʼasraafoɔ aduɔwɔtwe twaa ɛdan no ho hyiaeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moma obi dwane a, mo ara mode mo nkwa bɛtwa so.”

25Yehu wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfoɔ ne ne mpanimfoɔ no sɛ, “Monkɔkunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nnwane!” Enti, wɔde wɔn akofena kunkumm wɔn nyinaa. Na awɛmfoɔ no ne mpanimfoɔ no twee wɔn amu no bɛguu abɔntene. Yehu asraafoɔ no kɔɔ Baal abosomfie no aban mu. 26Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no. 27Wɔbubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfie no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfoɔ agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de bɛsi ɛnnɛ.

28Yehu nam saa ɛkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu. 29Nanso, Yehu ansɛe sika anantwie mma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no, bɔne kɛseɛ a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim ma wɔyɛeɛ.

30Na Awurade ka kyerɛɛ Yehu sɛ, “Woayɛ ade sɛ wotiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fiefoɔ. Ne saa enti, mɛma wʼasefoɔ adi ahene wɔ Israel, akɔsi awontoatoasoɔ ɛnan so.” 31Nanso, Yehu amfa nʼakoma anni Awurade, Israel Onyankopɔn mmara no so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛeɛ no ho.

Yehu Owuo

32Nna no mu, Awurade hyɛɛ aseɛ tee Israel asase no kɛseɛ so. Ɔhene Hasael dii ɔman no afaafa bebree so 33wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a Gilead nyinaa, Gad, Ruben ne Manase ka ho. Ɔdii asase a ɛfiri Aroer kuro a ɛda Arnon Subɔnhwa ho, de kɔsi atifi fam wɔ Gilead ne Basan.

34Na Yehu ahennie mu nsɛm a ɛsisiiɛ, ne dwuma ahodoɔ a ɔdiiɛ ne deɛ ɔtumi yɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.

35Ɛberɛ a Yehu wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 36Ne nyinaa mu, Yehu dii adeɛ Israel firii Samaria mfeɛ aduonu nwɔtwe.

La Bible du Semeur

2 Rois 10:1-36

L’extermination de la famille d’Achab

1Soixante-dix princes descendant d’Achab vivaient à Samarie10.1 Capitale du royaume du Nord depuis Omri (1 R 16.24).. Jéhu écrivit des lettres qu’il fit envoyer à Samarie, aux chefs militaires de Jizréel10.1 Certains manuscrits de l’ancienne version grecque et la Vulgate ont : la ville., aux responsables, aux chefs de la ville et aux précepteurs chargés d’élever les descendants d’Achab. Dans ces lettres, il disait : 2Vous avez parmi vous les princes de la famille royale. Vous disposez d’autre part de chars, de chevaux et d’armes, vous habitez une ville fortifiée. Dès que cette lettre vous sera parvenue, 3choisissez parmi les descendants du roi celui qui vous paraît le plus qualifié et le plus juste, et installez-le sur le trône de son père ; puis combattez pour la maison de votre souverain.

4Quand les destinataires reçurent cette lettre, ils furent pris de panique et ils se dirent les uns aux autres : Deux rois10.4 Yoram et Ahazia (9.22-28). n’ont pas pu résister à ce Jéhu. Comment pourrions-nous lui tenir tête ?

5C’est pourquoi le chef du palais royal, le commandant de la ville, les responsables et les précepteurs des fils royaux envoyèrent ce message à Jéhu : Nous sommes à ton service et nous ferons tout ce que tu nous ordonneras ; nous ne proclamerons personne roi. Agis donc comme bon te semblera.

6Jéhu leur écrivit une seconde lettre, dans laquelle il disait : Si vous êtes de mon côté et si vous voulez m’obéir, prenez les têtes de tous les descendants de votre souverain, et venez me les amener demain à la même heure à Jizréel.

Or, les soixante-dix princes descendant du roi étaient répartis chez les principaux personnages de la ville qui assuraient leur éducation. 7Quand les dirigeants reçurent la lettre, ils saisirent les soixante-dix princes et les tuèrent, puis ils entassèrent leurs têtes dans des corbeilles qu’ils firent porter à Jéhu, à Jizréel. 8Un messager vint l’informer qu’on avait apporté les têtes des princes royaux. Jéhu ordonna qu’on en fasse deux tas et qu’on les expose sur la place à l’entrée de la ville jusqu’au matin suivant. 9Le lendemain matin, il sortit et, se tenant devant tout le peuple, il dit : Vous êtes innocents. C’est moi seul qui suis responsable d’avoir comploté contre mon maître le roi Yoram et de l’avoir tué ; mais tous ceux-ci, qui les a massacrés ? 10Reconnaissez donc qu’aucune des paroles que l’Eternel a prononcées contre la maison d’Achab ne restera sans effet : l’Eternel a accompli ce qu’il avait annoncé par l’intermédiaire de son serviteur Elie10.10 Voir 1 R 21.20-24, 29..

11Jéhu tua encore tous ceux qui restaient de la maison d’Achab à Jizréel, il fit mettre à mort tous ses grands, ses familiers et ses prêtres sans en laisser survivre aucun. 12Puis il partit et rentra à Samarie.

En chemin, à Beth-Eqed-des-Bergers, 13il rencontra des proches parents d’Ahazia, l’ancien roi de Juda. Il leur demanda : Qui êtes-vous ?

– Nous sommes des parents d’Ahazia, lui répondirent-ils, et nous allons saluer les fils du roi et la reine.

14Alors Jéhu ordonna : Saisissez-les vivants !

On les saisit et on les égorgea pour les jeter dans la citerne de Beth-Eqed. Ils étaient au nombre de quarante-deux et Jéhu n’en épargna aucun.

15Jéhu partit de là et rencontra Yonadab, fils de Rékab10.15 Les Rékabites, descendants de Rékab, existaient encore au temps de Jérémie (Jr 35.6, 8). Ils se caractérisaient par un zèle ardent pour l’Eternel et l’attachement à la vie nomade. Ils descendaient des Qéniens dont Jéthro, le beau-père de Moïse, avait fait partie (1 Ch 2.55 ; cf. Jg 4.11)., qui venait à sa rencontre. Il le salua et lui demanda : Es-tu aussi loyal envers moi que je le suis envers toi ?

Yonadab répondit : Tout autant.

– S’il en est ainsi, répliqua Jéhu, donne-moi la main.

Ils se serrèrent la main. Alors Jéhu le fit monter à côté de lui sur son char.

16Il lui dit : Viens avec moi et tu verras avec quel zèle je combats pour l’Eternel.

Il l’emmena ainsi dans son char.

17Rentré à Samarie, il mit à mort tous les survivants de la maison d’Achab jusqu’à leur entière extermination, conformément à ce que l’Eternel avait annoncé par Elie.

Jéhu extermine les adorateurs de Baal

18Puis Jéhu convoqua toute la population. Il leur dit : Achab a un peu rendu un culte au dieu Baal ; moi, je vais l’adorer beaucoup plus. 19Maintenant, convoquez auprès de moi tous les prophètes de Baal, tous ses fidèles et tous ses prêtres ! Que personne ne manque, car je vais offrir un grand sacrifice à Baal. Quiconque manquera ne restera pas en vie.

Jéhu agissait ainsi par ruse afin d’exterminer tous les adorateurs de Baal. 20Il ordonna : Convoquez une assemblée cultuelle en l’honneur de Baal !

Ce qui fut fait.

21Jéhu envoya des messagers dans tout Israël, et tous les fidèles de Baal accoururent. Pas un ne manqua. Ils se rendirent tous au temple de Baal10.21 Construit par Achab (1 R 16.32)., qui fut complètement rempli. 22Alors Jéhu ordonna au responsable des vêtements sacrés de sortir les vêtements pour en fournir à tous les fidèles de Baal. L’homme les leur sortit donc. 23Puis Jéhu se rendit au temple de Baal en compagnie de Yonadab, fils de Rékab. Il s’adressa aux adorateurs de Baal en leur disant : Assurez-vous bien que vous êtes entre vous et qu’il n’y a ici aucun adorateur de l’Eternel, mais seulement des adorateurs de Baal.

24Ensuite Jéhu et Yonadab s’apprêtèrent à offrir des sacrifices et des holocaustes.

Or Jéhu avait posté à l’extérieur de la maison quatre-vingts soldats avec cette consigne : Je remets tous ces gens entre vos mains. Celui qui laissera s’échapper un seul d’entre eux le paiera de sa vie.

25Lorsqu’on eut achevé de préparer les holocaustes, Jéhu sortit et dit aux soldats et à leurs chefs : Entrez et massacrez-les ! Que personne ne sorte vivant !

Les soldats entrèrent donc, l’épée à la main et les massacrèrent, puis ils jetèrent leurs cadavres dehors. Après cela, ils revinrent à la ville où se trouvait le temple de Baal. 26Ils en sortirent les stèles sacrées et les jetèrent au feu. 27Ils renversèrent la stèle de Baal et démolirent le temple lui-même, qu’ils transformèrent en toilettes publiques qui existent encore aujourd’hui. 28C’est ainsi que Jéhu mit fin au culte de Baal dans le royaume d’Israël.

Le règne de Jéhu sur Israël

29Toutefois, il ne se détourna pas des péchés que Jéroboam, fils de Nebath, avait fait commettre à Israël, c’est-à-dire que les Israélites adorèrent les veaux d’or à Béthel et à Dan10.29 Voir 1 R 12.28-30..

30L’Eternel lui fit cette promesse : Parce que tu as bien accompli ce que je considère comme juste et que tu as traité la famille d’Achab tout à fait comme je le désirais, tes descendants te succéderont sur le trône d’Israël jusqu’à la quatrième génération.

31Pourtant Jéhu n’eut pas soin d’obéir de tout son cœur à la Loi de l’Eternel, le Dieu d’Israël. Il ne se détourna pas des péchés que Jéroboam avait fait commettre à Israël. 32C’est vers cette même époque que l’Eternel commença à réduire le territoire du royaume d’Israël. Tout au long de la frontière, Hazaël, le roi de Syrie, mit les Israélites en déroute. 33Il occupa le pays à l’est du Jourdain, depuis Aroër situé sur le torrent de l’Arnon jusqu’à Galaad et au Basan, c’est-à-dire toute la région de Galaad et le territoire des tribus de Gad, de Ruben et de Manassé.

34Les autres faits et gestes de Jéhu, toutes ses réalisations et toutes ses victoires sont cités dans le livre des Annales des rois d’Israël. 35Jéhu rejoignit ses ancêtres décédés et on l’ensevelit à Samarie. Son fils Yoahaz lui succéda sur le trône. 36Jéhu avait régné vingt-huit ans sur Israël à Samarie10.36 De 841 à 814 av. J.-C..