2 Ahemfo 1 – ASCB & NASV

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 1:1-18

Ɔhene Ahasia Adebisa

1Ɔhene Ahab wuo akyi, Moabman tee wɔn ho firii Israel ho, nyaa nʼahofadie. 2Ɛda bi, Israelhene foforɔ Ahasia firii nʼabansoro dan a ɛwɔ Samaria ahemfie mpomma mu te hwee fam, ma ɔpiraa yie. Enti ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Baal-Sebub1.2 Baal-Sebub asekyerɛ ne “nwansena wura.” Saa din yi yɛ fɛdie din bi a wɔde too Kanaanfoɔ nyame Beelsebul (honhommɔne heneba) so a ɛwɔ Mateo 10.25; 12.27 no. Ekron nyame nkyɛn abisa, kɔbisaa sɛ ɔbɛnya ahoɔden anaa.

3Na Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ, “Kɔ na kɔhyia Samariahene abɔfoɔ no, na bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene bɛnya ahoɔden anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa?’ 4Seesei, sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.’ ” Na Elia kɔkaa nkra no.

5Ɛberɛ a abɔfoɔ no sane baa ɔhene nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moaba ntɛm saa?”

6Wɔbuaa sɛ, “Ɔbarima bi bɛhyiaa yɛn, ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsane nkɔ ɔhene nkyɛn, na nkra a ɔde firi Awurade nkyɛn a ɔde kaa ho ne sɛ, ‘Adɛn enti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa sɛ ɔhene ho bɛtɔ no anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa? Esiane sɛ woayɛ saa enti, worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.’ ”

7Ɔhene no bisaa sɛ, “Na saa ɔbarima no yɛ hwan? Na ɔte sɛn?”

8Wɔbuaa sɛ, “Na ne ho wɔ nwi a ɔbɔ aboa nwoma abɔsoɔ.”

Ɔhene no teaam sɛ, “Ɛyɛ Tisbini Elia.”

9Ɔsomaa asraafoɔ so safohene ne asraafoɔ aduonum sɛ wɔnkɔkye no. Wɔhunuu sɛ ɔte bepɔ bi atifi. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn onipa, ɔhene asoma yɛn sɛ yɛmmɛfa wo mmra.”

10Na Elia buaa ɔsahene no sɛ, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn onipa deɛ a, ɛnneɛ, ma ogya mfiri ɔsoro mmra mmɛhye wo ne wo mmarima aduonum no!” Na ogya firi ɔsoro bɛkunkum wɔn nyinaa.

11Enti, ɔhene no sane somaa ɔsafohene foforɔ a asraafoɔ aduonum ka ne ho. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn onipa, ɔhene se bra seesei ara.”

12Elia buaa sɛ, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn onipa deɛ a, ɛnneɛ, ma ogya mfiri ɔsoro mmra mmɛhye wo ne wo mmarima aduonum no!” Na bio, ogya firi ɔsoro bɛkunkum wɔn nyinaa.

13Bio, ɔhene no somaa ɔsafohene bi ne asraafoɔ aduonum. Saa ɛberɛ yi deɛ, ɔsafohene no kɔbuu Elia nkotodwe. Ɔsrɛɛ no sɛ, “Ao, Onyankopɔn onipa, mesrɛ sɛ, fa me ne saa asomfoɔ aduonum yi nkwa kyɛ yɛn. 14Hwɛ sɛdeɛ ogya firi ɔsoro abɛhye akuo mmienu a wɔdi ɛkan no. Nanso, seesei mesrɛ sɛ, fa me nkwa kyɛ me!”

15Na Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Nsuro. Wo ne no nkɔ.” Na Elia sɔre kɔɔ ɔhene no nkyɛn.

16Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Adɛn enti na wosomaa abɔfoɔ kɔɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene bɛnya ahoɔden anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa? Esiane sɛ woayɛ saa enti, worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛwu.” 17Na Ahasia wuiɛ sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛeɛ no. Esiane sɛ na Ahasia nni ɔbabarima a ɔbɛdi nʼadeɛ enti, ne nuabarima Yoram na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Saa asɛm yi sii Yehosafat a na ɔyɛ Yudahene babarima Yehoram adedie mfeɛ mmienu mu. 18Nsɛm a ɛsisii wɔ Ahasia ahennie mu no nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.

New Amharic Standard Version

2 ነገሥት 1:1-18

የእግዚአብሔር ፍርድ በአካዝያስ ላይ

1አክዓብ ከሞተ በኋላ ሞዓብ በእስራኤል ላይ ዐመፀ። 2በዚህ ጊዜ አካዝያስ በሰማርያ ካለው እልፍኝ ሰገነቱ ላይ ሳለ፣ ከዐይነ ርግቡ ሾልኮ ወድቆ ነበርና ታመመ፤ ስለዚህ፣ “ሄዳችሁ ከዚህ ሕመም እድን እንደ ሆነ የአቃሮንን አምላክ ብዔልዜቡልን ጠይቁ” ሲል መልእክተኞች ላከ።

3የእግዚአብሔር መልአክ ግን ቴስብያዊውን ኤልያስን እንዲህ አለው፤ “ተነሥተህ የሰማርያን ንጉሥ መልእክተኞች ለመገናኘት ውጣና፣ ‘የአቃሮንን አምላክ ብዔልዜቡልን ለመጠየቅ የምትሄዱ በእስራኤል አምላክ ስለሌለ ነውን?’ ብለህ ጠይቃቸው። 4ስለዚህ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ ‘ከተኛህበት ዐልጋ አትነሣም፤ በርግጥ ትሞታለህ።’ ” ከዚያም ኤልያስ ሄደ።

5መልእክተኞቹ ወደ ንጉሡ ሲመለሱ እርሱም፣ “ለምን ተመልሳችሁ መጣችሁ?” ሲል ጠየቃቸው።

6እነርሱም እንዲህ ሲሉ መለሱለት፤ “አንድ ሰው ሊገናኘን መጥቶ፣ ‘ወደ ላካችሁ ንጉሥ ተመልሳችሁ ሂዱና፣ “እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ የአቃሮንን አምላክ ብዔልዜቡልን ለመጠየቅ ሰዎች የምትልከው በእስራኤል አምላክ ስለሌለ ነውን? ስለዚህ ከተኛህበት ዐልጋ አትነሣም፤ በርግጥ ትሞታለህ።” ’ ”

7ንጉሡም፣ “ለመሆኑ ሊገናኛችሁ መጥቶ እንዲህ ያላችሁ ሰው እንዴት ያለ ነው?” ሲል ጠየቃቸው።

8እነርሱም “ሰውየው ጠጕራም ልብስ የለበሰ ነው፤ በወገቡም ላይ ጠፍር ታጥቋል” አሉት።

ንጉሡም፣ “ዐወቅሁት፤ ቴስብያዊው ኤልያስ ነው” አላቸው።

9ከዚያም ንጉሡ አንድ የአምሳ አለቃ ከአምሳ ወታደሮቹ ጋር ወደ ኤልያስ ላከ። የአምሳ አለቃውም ኤልያስ ወደ ተቀመጠበት ኰረብታ ጫፍ ወጥቶ፣ “አንተ የእግዚአብሔር ሰው፤ ንጉሡ፣ ‘ና ውረድ’ ይልሃል” አለው።

10ኤልያስም መልሶ የአምሳ አለቃውን፣ “እኔ የእግዚአብሔር ሰው ከሆንሁ፣ እሳት ከሰማይ ወርዳ፣ አንተንና አምሳውን ሰዎችህን ትብላ!” አለው። ከዚያም እሳት ከሰማይ ወርዳ የአምሳ አለቃውንና ሰዎቹን ፈጽማ በላች።

11እንደ ገናም ንጉሡ ሌላ የአምሳ አለቃ ከአምሳ ሰዎቹ ጋር ላከ፤ የአምሳ አለቃውም፣ “አንተ የእግዚአብሔር ሰው፤ ንጉሡ፣ ‘አሁኑኑ ና ውረድ’ ይልሃል” አለው።

12ኤልያስም መልሶ፣ “እኔ የእግዚአብሔር ሰው ከሆንሁ እሳት ከሰማይ ወርዳ አንተንና ሃምሳውን ሰዎችህን ትብላ!” አለው፤ ከዚያም እሳት ከሰማይ ወርዳ እርሱንና ሰዎቹን ፈጽማ በላች።

13ስለዚህም ንጉሡ ሦስተኛውን የአምሳ አለቃ ከአምሳ ሰዎቹ ጋር ላከ። ይህም ሦስተኛው የአምሳ አለቃ ወጥቶ፣ በኤልያስ ፊት በጕልበቱ ተንበርክኮ እንዲህ ሲል ለመነ፤ “አንተ የእግዚአብሔር ሰው፤ እባክህ የእኔና የእነዚህ የአምሳዎቹ አገልጋዮችህ ነፍስ በፊትህ የከበረች ትሁን። 14እነሆ፤ እሳት ከሰማይ ወርዳ፣ የፊተኞቹን ሁለት አምሳ አለቆችና ሰዎቻቸውን ሁሉ በላች፤ አሁን ግን ሕይወቴ በፊትህ የከበረች ትሁን።”

15የእግዚአብሔርም መልአክ ኤልያስን፣ “አብረኸው ውረድ፤ ደግሞም አትፍራው” አለው። ስለዚህ ኤልያስ ተነሣ፤ አብሮትም ወደ ንጉሡ ወረደ።

16ንጉሡንም፣ “እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ ‘ለመሆኑ የአቃሮንን አምላክ ብዔልዜቡልን ስለ ራስህ ለመጠየቅ መልእክተኞች የላክኸው በእስራኤል አምላክ ስለሌለ ነውን? ይህን በማድረግህም ከተኛህበት ዐልጋ ፈጽሞ አትነሣም፤ በርግጥ ትሞታለህ’ ” ብሎ ነገረው። 17ስለዚህ አካዝያስ ኤልያስ እንደ ተናገረው እንደ እግዚአብሔር ቃል ሞተ።

አካዝያስ ወንድ ልጅ ስላልነበረው፣ የኢዮሣፍጥ ልጅ ኢዮራም በይሁዳ በነገሠ በሁለተኛው ዓመት ወንድሙ ኢዮራም በእግሩ ተተክቶ ነገሠ። 18ሌላው አካዝያስ በዘመኑ ያከናወናቸውና የፈጸማቸው ሥራዎች ሁሉ በእስራኤል ነገሥታት ታሪክ የተጻፉ አይደለምን?