Ɔhene Ahasia Adebisa
1Ɔhene Ahab wuo akyi, Moabman tee wɔn ho firii Israel ho, nyaa nʼahofadie. 2Ɛda bi, Israelhene foforɔ Ahasia firii nʼabansoro dan a ɛwɔ Samaria ahemfie mpomma mu te hwee fam, ma ɔpiraa yie. Enti ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Baal-Sebub1.2 Baal-Sebub asekyerɛ ne “nwansena wura.” Saa din yi yɛ fɛdie din bi a wɔde too Kanaanfoɔ nyame Beelsebul (honhommɔne heneba) so a ɛwɔ Mateo 10.25; 12.27 no. Ekron nyame nkyɛn abisa, kɔbisaa sɛ ɔbɛnya ahoɔden anaa.
3Na Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ, “Kɔ na kɔhyia Samariahene abɔfoɔ no, na bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene bɛnya ahoɔden anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa?’ 4Seesei, sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.’ ” Na Elia kɔkaa nkra no.
5Ɛberɛ a abɔfoɔ no sane baa ɔhene nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moaba ntɛm saa?”
6Wɔbuaa sɛ, “Ɔbarima bi bɛhyiaa yɛn, ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsane nkɔ ɔhene nkyɛn, na nkra a ɔde firi Awurade nkyɛn a ɔde kaa ho ne sɛ, ‘Adɛn enti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa sɛ ɔhene ho bɛtɔ no anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa? Esiane sɛ woayɛ saa enti, worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.’ ”
7Ɔhene no bisaa sɛ, “Na saa ɔbarima no yɛ hwan? Na ɔte sɛn?”
8Wɔbuaa sɛ, “Na ne ho wɔ nwi a ɔbɔ aboa nwoma abɔsoɔ.”
Ɔhene no teaam sɛ, “Ɛyɛ Tisbini Elia.”
9Ɔsomaa asraafoɔ so safohene ne asraafoɔ aduonum sɛ wɔnkɔkye no. Wɔhunuu sɛ ɔte bepɔ bi atifi. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn onipa, ɔhene asoma yɛn sɛ yɛmmɛfa wo mmra.”
10Na Elia buaa ɔsahene no sɛ, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn onipa deɛ a, ɛnneɛ, ma ogya mfiri ɔsoro mmra mmɛhye wo ne wo mmarima aduonum no!” Na ogya firi ɔsoro bɛkunkum wɔn nyinaa.
11Enti, ɔhene no sane somaa ɔsafohene foforɔ a asraafoɔ aduonum ka ne ho. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn onipa, ɔhene se bra seesei ara.”
12Elia buaa sɛ, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn onipa deɛ a, ɛnneɛ, ma ogya mfiri ɔsoro mmra mmɛhye wo ne wo mmarima aduonum no!” Na bio, ogya firi ɔsoro bɛkunkum wɔn nyinaa.
13Bio, ɔhene no somaa ɔsafohene bi ne asraafoɔ aduonum. Saa ɛberɛ yi deɛ, ɔsafohene no kɔbuu Elia nkotodwe. Ɔsrɛɛ no sɛ, “Ao, Onyankopɔn onipa, mesrɛ sɛ, fa me ne saa asomfoɔ aduonum yi nkwa kyɛ yɛn. 14Hwɛ sɛdeɛ ogya firi ɔsoro abɛhye akuo mmienu a wɔdi ɛkan no. Nanso, seesei mesrɛ sɛ, fa me nkwa kyɛ me!”
15Na Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Nsuro. Wo ne no nkɔ.” Na Elia sɔre kɔɔ ɔhene no nkyɛn.
16Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Adɛn enti na wosomaa abɔfoɔ kɔɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene bɛnya ahoɔden anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa? Esiane sɛ woayɛ saa enti, worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛwu.” 17Na Ahasia wuiɛ sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛeɛ no. Esiane sɛ na Ahasia nni ɔbabarima a ɔbɛdi nʼadeɛ enti, ne nuabarima Yoram na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Saa asɛm yi sii Yehosafat a na ɔyɛ Yudahene babarima Yehoram adedie mfeɛ mmienu mu. 18Nsɛm a ɛsisii wɔ Ahasia ahennie mu no nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
엘리야와 아하시야왕
1아합왕이 죽은 후에 모압이 독립하고자 이스라엘에 반기를 들었다.
2이스라엘의 아하시야왕이 사마리아에 있는 자기 왕궁 다락 난간에서 떨어져 심한 부상을 입자 그는 블레셋 땅에 사람을 보내 에그론의 신 바알 – 세붑에게 자기가 회복될 것인지 물어 오라고 명령하였다.
3그러나 여호와의 천사는 디스베 사람 엘리야에게 아하시야왕이 보낸 그 사람들을 만나 이렇게 말하라고 지시하였다. “이스라엘에 하나님이 없어서 너희가 에그론 신 바알 – 세붑에게 물으러 가느냐?
4너희는 왕에게 여호와께서 이렇게 말씀하신다고 일러라. ‘너는 네가 누운 침대에서 일어나지 못하고 반드시 죽고 말 것이다!’ ” 엘리야가 가서 그들에게 그대로 말하자
5그들은 즉시 왕에게 돌아갔다. 그러자 왕이 그들에게 물었다. “너희가 어째서 벌써 돌아왔느냐?”
6“가는 도중에 어떤 사람이 우리에게 와서 왕에게 돌아가 여호와의 말씀을 이렇게 전하라고 했습니다. ‘이스라엘에 하나님이 없어서 네가 에그론 신 바알 – 세붑에게 물어 오라고 사람을 보내느냐? 너는 누운 침대에서 일어나지 못하고 반드시 죽고 말 것이다.’ ”
7“그놈이 어떻게 생겼더냐?”
8“그는 1:8 또는 ‘털이 많은 사람인데’털옷을 입고 허리에 가죽 띠를 두르고 있었습니다.” “그는 디스베 사람 엘리야가 틀림없다.”
9그러고서 아하시야왕은 1:9 또는 ‘오십부장’소대장 한 사람과 그의 부하 50명을 보내며 엘리야를 데려오라고 지시하였다. 그래서 그 소대장이 산언덕에 앉아 있는 엘리야를 보고 그에게 가서 “하나님의 사람이여, 왕이 당신을 데려오라고 명령하셨습니다” 하자
10엘리야는 “내가 하나님의 사람이라면 불이 하늘에서 내려와 너와 50명의 네 부하들을 태워 죽이기를 바란다” 하고 대답하였다. 그러자 즉시 하늘에서 불이 내려와 그들을 모두 태워 버렸다.
11그래서 왕은 다른 소대장과 그의 부하 50명을 보냈다. 그래서 그 소대장도 엘리야에게 “하나님의 사람이여, 왕이 당신을 빨리 데려오라고 명령하셨습니다” 하자
12이번에도 엘리야는 “내가 하나님의 사람이라면 불이 하늘에서 내려와 너와 50명의 네 부하들을 태워 죽이기를 바란다” 하고 대답하였다. 그러자 즉시 하늘에서 불이 내려와 그들을 모조리 태워 버렸다.
13왕은 세 번째 소대장과 그의 부하 50명을 보냈다. 그러자 그 소대장은 올라가서 엘리야 앞에 무릎을 꿇고 엎드려 이렇게 간청하였다. “하나님의 사람이여, 나와 내 부하들의 목숨을 구해 주십시오.
14앞서 온 두 소대장과 그 부하들을 하늘의 불로 죽이셨으나 제발 저희들만은 불쌍히 여기셔서 살려 주십시오.”
15그때 여호와의 천사가 엘리야에게 “두려워하지 말고 그와 함께 내려가거라” 하시므로 엘리야는 그 소대장과 함께 왕에게 가서
16여호와의 말씀을 이렇게 전하였다. “어째서 너는 에그론 신 바알 – 세붑에게 사람을 보내 물어 보려고 하였느냐? 이스라엘에 그것을 물어 볼 하나님이 없었기 때문이냐? 너는 이 일로 네가 누운 침대에서 일어나지 못하고 반드시 죽을 것이다!”
17그래서 아하시야왕은 여호와께서 엘리야를 통해 말씀하신 대로 죽고 말았다. 그에게는 아들이 없었으므로 그의 동생 1:17 또는 ‘여호람’요람이 그의 뒤를 이어 왕이 되었는데 그 때는 여호사밧의 아들인 유다 왕 여호람 2년이었다.
18그 밖에 아하시야왕이 행한 모든 일은 이스라엘 왕들의 역사책에 기록되어 있다.