1 Timoteo 6 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Timoteo 6:1-21

Adwuma Ne Sika

1Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfoɔ no nyinaa de anidie ma wɔn wuranom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛkyerɛ. 2Ɛnsɛ sɛ asomfoɔ bu wɔn wuranom a wɔyɛ agyidifoɔ no abomfiaa sɛ wɔyɛ anuanom enti. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn yie, ɛfiri sɛ, wɔn som no ho wɔ mfasoɔ ma agyedifoɔ ne adɔfoɔ bebree. 3Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka yeinom nyinaa. Obiara a ɔbɛma nkyerɛkyerɛ foforɔ na ɔnka nokorɛ a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no 4yɛ ɔhantanni a ɔnnim hwee. Ɔyɛ obi a ɔfiri adwemmɔne mu gye akyinnyeɛ na ɔka nsɛm a ɛnam so de anibereɛ, akasakasa, kasafi, nnipa ho adwemmɔne 5ne mansotwe a ɛfiri adwene a emu nnɔ mu na nokorɛ nni mu ba. Wɔdwene sɛ nyamesom yɛ kwan bi a wɔnam so pɛ sika.

6Onyamesom pa a abodwoɔ wɔ muo yɛ adenya kɛseɛ. 7Yɛamfa hwee amma ewiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ. 8Ɛno enti, sɛ yɛwɔ aduane ne ntoma a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn. 9Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdane ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛeɛ mu. 10Na sikanibereɛ yɛ bɔne nyinaa nhini. Nnipa bi de sikanibereɛ asi wɔn ani so dendeenden nam so ama wɔapa wɔn gyidie ama awerɛhoɔ ahyɛ wɔn akoma ma.

11Enti, wo a woyɛ Onyankopɔn onipa, twe wo ho firi yeinom nyinaa ho. Di tenenee, Onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyi. 12Bɔ gyidie mu mmirikatuo no ho mmɔden na pere nya nkwa a ɛnni awieeɛ no ma wo ho, ɛfiri sɛ, saa abrabɔ yi enti na ɛberɛ a wodaa wo gyidie adi wɔ adansefoɔ bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo. 13Meka no wɔ Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokorɛ wɔ Pontio Pilato anim, hyɛ wo sɛ, 14tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kɔsi da a Yesu Kristo bɛba. 15Onyankopɔn a wɔahyira no na ɔno nko ara di Ɔhene, Ahene mu Ɔhene ne Awura mu Awurade no bɛma no aba ɛberɛ a ɛsɛ mu. 16Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhunuu no da na obiara nso rentumi nhunu no da. Ɔno na anidie ne tumi a ɛnni awieeɛ wɔ no. Amen.

17Bɔ ewiase yi mu ahonyafoɔ kɔkɔ sɛ, wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidasoɔ nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom, wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɛnam nʼadɔeɛ so, ɔmaa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. 18Hyɛ wɔn sɛ, wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefoɔ wɔ nnwuma pa yɛ mu. Wɔnyɛ ayamyɛ na wɔne afoforɔ nkyɛ. 19Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena a ɛyɛ asetena pa.

20Timoteo, hwɛ deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no so yie. Twe wo ho firi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a wɔnam atorɔ so frɛ no “Nimdeɛ” no ho. 21Nnipa bi gye tom sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidie kwan no.

Onyankopɔn adom nka mo.

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Timoteo 6:1-21

Adwuma Ne Sika

1Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfo no nyinaa de nidi ma wɔn wuranom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛkyerɛ. 2Ɛnsɛ sɛ asomfo bu wɔn wuranom a wɔyɛ agyidifo no abomfiaa sɛ wɔyɛ anuanom nti. Mmom ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn yiye, efisɛ wɔn som no so wɔ mfaso ma agyidifo ne adɔfo bebree. 3Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka eyinom nyinaa. Obiara a ɔbɛma nkyerɛkyerɛ foforo na ɔnka nokware a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no 4yɛ ɔhantanni a onnim hwee. Ɔyɛ obi a ofi adwemmɔne mu gye akyinnye na ɔka nsɛm a ɛde anibere, akasakasa, kasafi, nnipa ho adwemmɔne 5ne mansotwe a efi adwene a emu nnɔ na nokware nni mu mu ba. Wodwen sɛ nyamesom yɛ ɔkwan bi a wɔfa so pɛ sika.

6Onyamesom pa a abodwo wɔ mu yɛ adenya kɛse. 7Yɛamfa hwee amma wiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ. 8Ɛno nti sɛ yɛwɔ aduan ne ntama a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn. 9Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdan ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛe mu. 10Na sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntin. Nnipa bi de sikanibere asi wɔn ani so denneennen nam so ama wɔapa wɔn gyidi ama awerɛhow ahyɛ wɔn koma ma.

11Enti wo a woyɛ Onyankopɔn nipa no, twe wo ho fi eyinom nyinaa ho. Di trenee, Onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ ne odwo akyi. 12Bɔ gyidi mu mmirikatu no ho mmɔden na pere nya nkwa a enni awiei no ma wo ho, efisɛ saa abrabɔ yi nti na bere a wodaa wo gyidi adi wɔ nnansefo bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo. 13Meka no Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokware wɔ Pontio Pilato anim no hyɛ wo sɛ, 14tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kosi da a Yesu Kristo bɛba. 15Onyankopɔn a wɔahyira no na ne nkutoo di Hene, Ahene mu Hene ne Awura mu Awurade no bɛma no aba bere a ɛsɛ mu. 16Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, na ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhuu no da na obiara nso rentumi nhu no da. Ɔno na nidi ne tumi a enni awiei wɔ no. Amen.

17Bɔ wiase yi mu ahonyafo kɔkɔ se wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidaso nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɔnam nʼadɔe so maa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. 18Hyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma payɛ mu. Wɔnyɛ ayamye na wɔne afoforo nkyɛ nea wɔwɔ. 19Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena pa.

20Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so yiye. Twe wo ho fi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a wɔnam atoro so frɛ no “Nimdeɛ” no ho. 21Nnipa bi gye to mu sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidi kwan no.

Onyankopɔn adom nka mo.