1 Samuel 31 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 31:1-13

Saulo Owuo

1Afei, Filistifoɔ no ko tiaa Israel. Israelfoɔ no dwanee wɔ wɔn anim, na wɔkunkumm pii wɔ Gilboa bepɔ so. 2Filistifoɔ no kɔɔ Saulo ne ne mmammarima so, kunkumm wɔn mu baasa a ɛyɛ Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. 3Ɔko no mu yɛɛ den wɔ baabi a na Saulo wɔ hɔ. Filistifoɔ agyantofoɔ no bɛn no, na wɔpiraa no kɛse pa ara.

4Saulo firi yea mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wo akofena no, na fa wɔ me, na wɔn a wɔntwaa twetia no amfa wɔn akofena ammɛwɔ me, angu mʼanim ase.”

Na nʼakodeɛkurafoɔ no suroo sɛ ɔbɛyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ankasa akofena sinaa ne ho wɔ so. 5Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu sɛ wawuo no, ɔno nso sinaa ne ho wɔ nʼankasa akofena no so, na ɔwu daa ne ho. 6Enti, Saulo ne ne mma mmarima baasa, nʼakodeɛkurafoɔ ne nʼakodɔm nyinaa totɔɔ saa ɛda no.

7Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no fa baabi ne Yordan agya no hunuu sɛ Israel akodɔm no adi nkoguo, na Saulo nso ne ne mmammarima no nso atotɔ no, wɔgyaa wɔn nkuro hɔ dwaneeɛ. Na Filistifoɔ no bɛtenaa hɔ.

8Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ kɔyiyii atɔfoɔ no ho no, wɔhunuu Saulo ne ne mmammarima baasa no amu wɔ Gilboa bepɔ so. 9Enti, wɔtwaa Saulo ti, yiyii nʼakodeɛ nyinaa. Afei, wɔbɔɔ Saulo wuo no dawuro wɔ wɔn abosomfie, ne ɔman no mu nyinaa. 10Wɔde nʼakodeɛ no kɔguu Astoret asɔreeɛ so, na wɔkyekyeree nʼamu no fam kuropɔn Bet-San ɔfasuo ho.

11Na Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no, 12wɔn akofoɔ twaa ɛkwan anadwo mu no nyinaa kɔɔ Bet-San kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu firii ɔfasuo no ho. Wɔde kɔɔ Yabes bɛhyee wɔn. 13Afei, wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no odum dua no ase wɔ Yabes, na wɔdii mmuada nnanson.