1 Mose 7 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 7:1-24

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkɔ Adaka no mu, ɛfiri sɛ, asase so nnipa nyinaa no, wo na mahunu sɛ woyɛ ɔteneneeni. 2Fa mmoa a wɔn ho te biara, anini nson ne abereɛ nson ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho nte nso mmienu, onini ne ɔbereɛ. 3Na fa nnomaa biara anini nson ne abereɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuyire no akyiri no, wɔn ase bɛfɛe. 4Nnanson sɛ ɛnnɛ pɛpɛɛpɛ, mɛma osuo atɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afiri asase so.”

5Noa dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa so.

6Ɛberɛ a nsuyire baa asase so no, na Noa adi mfeɛ aha nsia. 7Noa ne ne mmammarima ne ne yere ne ne nsenom mmaa kɔhyɛɛ adaka no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuyire no renka wɔn. 8Mmoa a wɔn ho te ne wɔn a wɔn ho nte, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, 9mmienu mmienu a wɔyɛ anini ne abereɛ kɔkaa Noa ho wɔ adaka no mu, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no. 10Na nnanson no akyiri no, nsuyire no hyɛɛ aseɛ.

11Noa dii mfeɛ ahansia no mu no, bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunson no, nsutire a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔeɛ, na ɛsoro mpomma nso buebueeɛ. 12Osuo tɔɔ asase so awia ne anadwo adaduanan.

13Saa ɛda no ara, Noa ne ne mmammarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmammarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu. 14Na wiram mmoa ahodoɔ ne nyɛmmoa ahodoɔ ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔdeɛ biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu. 15Abɔdeɛ biara a nkwa wɔ wɔn mu mmienu mmienu baa Noa nkyɛn bɛwuraa Adaka no mu. 16Mmoa a wɔwuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abereɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu.

17Nsuyire no toaa so adaduanan asase so. Ɛmaa Adaka no so ma ɛtɛɛ nsuo no ani. 18Nsuo no kɔɔ so yirii tɛnn wɔ asase so, ma Adaka no tɛɛ nsuo no ani. 19Nsuo no yirii tɛntɛntɛn wɔ asase so ara kɔsii sɛ, ɛkataa mmepɔ atentene akɛseɛ a ɛwɔ asase so nyinaa so. 20Nsuo no yirii ara kɔsii sɛ ɛkataa mmepɔ no so boroo so anammɔn aduonu. 21Abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a ɛnam asase so te sɛ nnomaa, wiram mmoa a wɔwea asase so ne adasamma ase hyeeɛ. 22Biribiara a ɛte asase kesee so nso ase hyeeɛ. 23Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔdeɛ a wɔnam asase so ne ewiem nnomaa nyinaa nso, wɔpepaa wɔn firii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu nko ara.

24Nsuyire no toaa so asase so nnafua ɔha aduonum.