1 Mose 5 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 5:1-32

Adam Asefoɔ

1Sɛdeɛ Adam asefoɔ nnidisoɔ teɛ nie.

Ɛberɛ a Onyankopɔn nwonoo onipa no, ɔnwonoo no sɛ ɔno ara ne sɛso. 2Ɔbɔɔ ɔbaa ne ɔbarima, na ɔhyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wieeɛ no, ɔtoo wɔn edin onipa.

3Adam dii mfeɛ ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo no edin Set. 4Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe a, ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 5Sɛ wɔka Adam mfeɛ nyinaa bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduasa, ansa na ɔrewu.

6Set dii mfeɛ ɔha ne enum no, ɔwoo Enos. 7Set woo Enos akyiri no, ɔtenaa ase, dii mfeɛ aha nwɔtwe ne nson, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 8Sɛ wɔka Set mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne dumienu, ansa na ɔrewu.

9Enos dii mfeɛ aduɔkron no, ɔwoo Kenan. 10Enos woo Kenan akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe ne dunum, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 11Sɛ wɔka Enos mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne enum, ansa na ɔrewu.

12Kenan dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Mahalalel. 13Kenan woo Mahalalel akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe aduanan, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 14Sɛ wɔka Kenan mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne edu, ansa na ɔrewu.

15Mahalalel dii mfeɛ aduosia enum no, ɔwoo Yared. 16Mahalalel woo Yared akyiri no, ɔtenaa ase, dii mfeɛ aha nwɔtwe aduasa, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 17Sɛ wɔka Mahalalel mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nwɔtwe aduɔkron enum, ansa na ɔrewu.

18Yared dii mfeɛ ɔha aduosia mmienu no, ɔwoo Henok. 19Yared woo Henok akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 20Sɛ wɔka Yared mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduosia mmienu, ansa na ɔrewu.

21Henok dii mfeɛ aduosia enum no, ɔwoo Metusela. 22Henok woo Metusela akyiri no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfeɛ ahasa, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 23Sɛ wɔka Henok mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ ahasa aduosia enum. 24Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhunu no bio, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn faa no kɔeɛ.

25Metusela dii mfeɛ ɔha aduɔwɔtwe nson no, ɔwoo Lamek. 26Metusela woo Lamek akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanson aduɔwɔtwe mmienu, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 27Sɛ wɔka Metusela mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduosia nkron, ansa na ɔrewu.

28Lamek dii mfeɛ ɔha ne aduɔwɔtwe mmienu no, ɔwoo ɔbabarima. 29Ɔtoo no edin Noa, na ɔkaa sɛ, ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegyeɛ afiri kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so. 30Lamek woo Noa akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanum aduɔkron enum, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho. 31Sɛ wɔka Lamek mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ ahanson aduɔson nson, ansa na ɔrewu.

32Noa dii mfeɛ ahanum no, ɔwoo mmammarima baasa a, wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet.