1 Mose 48 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 48:1-22

Yakob Hyira Efraim Ne Manase

1Yei akyiri no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya yare.” Enti, Yosef faa ne mmammarima baanu, Efraim ne Manase kaa ne ho kɔsraa no. 2Ɛberɛ a wɔbɔɔ Yakob amaneɛ sɛ, “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn rebɛsra wo” no, Yakob miaa nʼani sɔre tenaa ne mpa so maa no akwaaba.

3Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Otumfoɔ Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ɔhyiraa me, 4ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ. Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ afebɔɔ.’

5“Ɛno enti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛdeɛ Ruben ne Simeon yɛ me mma no. 6Mma foforɔ biara a wobɛwo wɔn wɔ Efraim ne Manase akyiri no na wɔbɛyɛ wo dea. Wɔde wɔn bɛka wɔn nuanom no ho wɔ asase a wɔde bɛma wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ no so. 7Ɛberɛ a mefiri Paddan-Aram reba no, ababaawa Rahel wuu wɔ ɛkwan mu, ma ɛyɛɛ me ya. Na aka akwansini kakra na yɛaduru Efrat. Ɛno enti, mesiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”

8Ɛberɛ a Israel hunuu Yosef mmammarima no, ɔbisaa sɛ, “Na yeinom yɛ ɛhefoɔ?”

9Yosef buaa nʼagya sɛ, “Wɔyɛ mmammarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.”

Na Israel kaa sɛ, “Fa wɔn bra mʼanim ha na menhyira wɔn.”

10Saa ɛberɛ no, ɛsiane onyini enti, na Israel ani so ayɛ wisiwisi a, ɔnhunu adeɛ papa. Ne saa enti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ, ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fefee wɔn ano.

11Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Manna mannwene sɛ mɛhunu wʼanim bio da, nanso hwɛ deɛ Onyame ayɛ. Wama me ho kwan ama mahunu wo mma nso.”

12Yosef pagyaa wɔn firii Israel kotodwe anim, ɛnna ɔno ara nso buu nkotodwe de nʼanim butuu fam. 13Ɔpagyaa ne mu no, ɔde ne nsa nifa sɔɔ Efraim mu, de no gyinaa Yakob benkum so, ɛnna ɔde ne nsa benkum sɔɔ Manase mu, de no gyinaa Yakob nifa so bɛn no pɛɛ. 14Israel tenee ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, ɛnna ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwom sɛ na Manase yɛ abakan deɛ, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam.

15Ɔhyiraa Yosef sɛ,

“Onyankopɔn a mʼagyanom

Abraham ne Isak nantee nʼanim,

ne me Onyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ odwanhwɛfoɔ

de bɛsi ɛnnɛ no,

16ɔsoro ɔbɔfoɔ a ɔgyee me firii ɔhaw nyinaa mu no,

ɔnhyira saa mmarimaa yi.

Wɔmfa me din ne mʼagyanom,

Abraham ne Isak edin ntoto wɔn,

na wɔn ase mfɛe

wɔ asase so.”

17Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti, ɔyii nʼagya nsa nifa no firii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam. 18Yosef ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Dabi, mʼagya, yei ne mʼabakan, enti fa wo nsa nifa to nʼapampam.”

19Nanso, nʼagya ampene so kaa sɛ, “Me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ kɛse. Nanso, ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no, na nʼasefoɔ bɛyɛ amanaman bebree.” 20Enti ɛda no, Yakob hyiraa mmarimaa no sɛ,

“Israelfoɔ nyinaa nam mo din so bɛhyirahyira wɔn ho wɔn ho.

Wɔbɛka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛhyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’ ”

Saa ɛkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bɛdii Manase anim.

21Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Merebɛwu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasane de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio. 22Wo a seesei woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panin no, mede asase a menam me sekan ne mʼagyan so gye firii Amorifoɔ nkyɛn no rema wo.”