1 Mose 33 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 33:1-20

Yakob Ne Esau Ka Wɔn Ho Bom

1Yakob pagyaa nʼani hunuu sɛ Esau ne ne mmarima ahanan a wɔka no ho firi akyirikyiri reba. Enti, ɔkyekyɛɛ ne mma no mu maa Lea, Rahel ne nʼasomfoɔ baanu no. 2Ɔmaa asomfoɔ no ne wɔn mma dii ɛkan. Lea ne ne mma nso dii hɔ. Ɛnna Rahel ne ne ba Yosef nso dii akyire. 3Yakob deɛ, ɔdii wɔn anim. Ɔreyɛ abɛn ne nua Esau no, ɔbɔɔ ne mu ase mprɛnson.

4Esau tuu mmirika kɔhyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, fee nʼano. Na wɔn baanu nyinaa suiɛ. 5Afei, Esau maa nʼani so hunuu mmaa no ne mmɔfra no. Ɔbisaa Yakob sɛ, “Yeinom yɛ ɛhefoɔ?”

Ɔbuaa sɛ, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa.”

6Afei, Yakob asomfoɔ ne wɔn mma twe bɛn Esau bɛkotoo no. 7Saa ara na Lea ne ne mma nso bɛkotoo no. Afei, Yosef ne ne maame Rahel nso ba bɛkotoo no.

8Esau bisaa sɛ, “Nnwan ne anantwie ne mmoa bebrebe a wɔsa so reba yi nso, aseɛ ne sɛn?”

Yakob buaa sɛ, “Me wura, ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo, na manya wʼanim animuonyam.”

9Nanso, Esau sere buaa no sɛ, “Me nua, mewɔ saa mmoa yi bebree ma ɛboro so. Enti, fa deɛ wode rebrɛ me yi ka wo deɛ ho.”

10Yakob kaa sɛ, “Dabi, sɛ woagye me fɛ so deɛ a, mesrɛ wo, gye akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi. Nokorɛ ni, ɛsiane sɛ wogyee me ɔdɔ so enti, mehunuu wʼanim no, na ayɛ me sɛdeɛ mahunu Onyankopɔn anim. 11Mesrɛ wo, gye mʼakyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi, ɛfiri sɛ, Awurade adom me ama mayɛ ɔdefoɔ.” Esiane sɛ Yakob kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ ɔnnye nʼakyɛdeɛ no enti, Esau gyeeɛ.

12Afei, Esau kaa sɛ, “Ma yɛnkɔ. Yɛbɛdi mo anim ne mo akɔ.”

13Nanso, Yakob buaa no sɛ, “Me wura ankasa nim sɛ, mmɔfra no bi susua. Ɛsɛ sɛ mehwɛ anantwie ne nnwan ne mmoa a wɔawowo no nso ka wɔn so brɛoo. Sɛ meka wɔn so den ɛda koro pɛ mpo a, wɔn nyinaa bɛwuwu. 14Enti, me wura, di yɛn ɛkan na yɛne nyɛmmoa no bɛdi wʼakyi nkakrankakra abɛto wo wɔ Seir.”

Yakob Kɔ Sekem

15Enti, Esau kaa sɛ, “Anyɛ bi koraa no, ma mennya me mmarima na wɔnni wʼanim, mmɔ wo ho ban.”

Yakob kaa sɛ, “Ɛho nhia sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ me saa adɔeɛ no.”

16Enti, ɛda no ara, Esau sane nʼakyiri kɔɔ Seir. 17Nanso, Yakob deɛ, ɔkɔɔ Sukot kɔsisii ne ntomadan, pɛɛ baabi a ne mmoa no nso bɛda, de hɔ yɛɛ nʼatenaeɛ. Ɛno enti na wɔfrɛ saa beaeɛ hɔ Sukot, a asekyerɛ ne Asese no.

18Yakob firii Paddan-Aram no, ɔkɔduruu Sekem kuro a ɛwɔ Kanaan asase so asomdwoeɛ mu. 19Yakob tɔɔ asase a ɔtenaa so no nnwetɛ mpɔ ɔha firii Sekem agya Hamor mma nkyɛn. 20Wɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, too saa afɔrebukyia no edin El-Elohe-Israel, a asekyerɛ ne Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn Afɔrebukyia.