1 Mose 3 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 3:1-24

Bɔne A Adam Yɛeɛ Ne Akyire Asɛm

1Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafoɔ wɔ wiram mmoadoma a Awurade Onyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Enti, ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Monnni turo yi mu aduaba biara?’ ”

2Ɔbaa no buaa ɔwɔ sɛ, “Yɛtumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara, 3nanso Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ yɛdi dua a ɛsi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a, yɛbɛwuwu.’ ”

4Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Morenwuwu. 5Onyankopɔn nim sɛ, ɛda a mobɛdi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahunu papa ne bɔne.”

6Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu sɛ dua a ɛsi mfimfini no so aba no wɔdi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛte ani no, ɔtee bi diiɛ, de bi ma ne kunu a na ɔne no wɔ hɔ maa ɔno nso diiɛ. 7Wɔdi wieeɛ no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wɔhunuu sɛ wɔn nyinaa da adagya. Enti, wɔkekaa nhahan sisii animu de kataa wɔn adagya so.

8Ɛda no anwummerɛ, wɔtee Awurade Onyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu. Enti, Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kɔsiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn renhunu wɔn. 9Enti, Awurade Onyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no sɛ, “Mowɔ he?”

10Adam buaa sɛ, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na mesuro, ɛfiri sɛ, na meda adagya enti mekɔtɛeɛ.”

11Na Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ na woda adagya? Gyama dua a meka kyerɛɛ wo sɛ, nni so aba no, woadi nʼaba no bi?”

12Adam kaa sɛ, “Aane. Ɔbaa no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔte firii dua no so no brɛɛ me ma mediiɛ.”

13Enti, Awurade Onyankopɔn bisaa ɔbaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi?”

Ɔbaa no buaa sɛ, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma mediiɛ.”

14Enti, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ, “Esiane saa adeɛ a woayɛ yi enti,

“Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa

ne nkekaboa mu.

Wobɛwea wʼafuru so,

na wo nkwa nna

nyinaa woadi mfuturo.

15Mede ɔtan bɛto

wo ne ɔbaa no

ne wʼasefoɔ ne nʼasefoɔ ntam.

Ɔno na ɔbɛbɔ wo tire,

na wo nso woaka ne nantin.”

16Afei, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no nso sɛ,

“Wobɛte ɔyea pa ara wɔ wʼawoɔ mu;

ɔyea mu na wobɛwo mma.

Yei nyinaa akyiri no,

wʼani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so.”

17Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso sɛ, “Esiane sɛ wotiee wo yere asɛm, na wodii dua a mehyɛɛ wo sɛ, ‘Nni so aba no’ enti,

“Madome asase,

na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wobɛdidi so

wo nkwa nna nyinaa.

18Ɛbɛfifiri nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ

ama wo na woadi wiram nhahan.

19Wobɛsiam wʼanim fifire

ansa na woanya aduane adi,

kɔsi sɛ wobɛwu akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ,

dɔteɛ no mu na menwonoo wo firiiɛ;

woyɛ dɔteɛ,

na dɔteɛ mu na wobɛsane akɔ.”

20Adam too ne yere no edin Hawa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛyɛ ateasefoɔ nyinaa na.

21Awurade Onyankopɔn de aboa nwoma yɛɛ ntadeɛ maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho. 22Awurade Onyankopɔn kaa sɛ, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahunu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no ɛkwan na ɔtene ne nsa kɔte nkwa dua no so aba no bi die, na ɔtena ase afebɔɔ.” 23Enti, Awurade Onyankopɔn pamoo no firii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a, wɔnwonoo no firii mu no so. 24Ɔpamoo onipa no. Na Eden turo no apueeɛ fam hɔ no, ɔde Kerubim ne afena a ɛredɛre twa ne ho fa baabiara no sii hɔ sɛ, ɛnwɛn ɛkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho.

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Mose 3:1-24

Bɔne A Adam Yɛe Ne Akyi Asɛm

1Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?’ ”

2Ɔbea no buaa ɔwɔ se, “Yetumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara, 3nanso Onyankopɔn kae se, ‘Ɛnsɛ sɛ yedi dua a esi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a yebewu.’ ”

4Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Morenwuwu. 5Mmom, Onyankopɔn nim sɛ, da a mubedi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahu papa ne bɔne.”

6Bere a ɔbea no huu sɛ dua a esi mfimfini no so aba no wodi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛtew ani no, ɔtew bi dii, de bi maa ne kunu a na ɔne no wɔ hɔ no, maa ɔno nso dii. 7Wodi wiee no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wohuu sɛ wɔn nyinaa da adagyaw. Enti wɔkekaa nhaban sisii anim, de kataa wɔn adagyaw so.

8Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn. 9Na Awurade Nyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no se, “Mowɔ he?”

10Adam buae se, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na misuro, efisɛ na meda adagyaw nti mekɔtɛwee.”

11Na Onyankopɔn bisaa no se, “Hena na ɔka kyerɛɛ wo se na woda adagyaw? Woadi dua a meka kyerɛɛ wo se nni so aba no bi ana?”

12Adam kae se, “Yiw, nanso ɔbea no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔtew fii dua no so no brɛɛ me maa midii.”

13Enti Awurade Nyankopɔn bisaa ɔbea no se, “Dɛn na woayɛ yi?”

Ɔbea no buae se, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma midii.”

14Enti Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no se, “Esiane saa ade a woayɛ yi nti,

“Wɔadome wo wɔ mmoa

nyinaa ne nkekaboa mu.

Wobɛwea wʼafuru so,

na wo nkwanna

nyinaa woadi mfutuma.

15Mede ɔtan bɛto

wo ne ɔbea no

ne wʼasefo ne nʼasefo ntam.

Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti,

na wo nso woaka ne nantin.”

16Afei, Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no nso se,

“Wobɛte ɔyaw pa ara wɔ wʼawo mu;

ɔyaw mu na wobɛwo mma.

Eyi nyinaa akyi no,

wʼani begyina wo kunu na obedi wo so.”

17Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso se, “Esiane sɛ wutiee wo yere asɛm, na wudii dua a mehyɛɛ wo se, ‘nni so aba no’ nti,

“Madome asase,

na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wubedidi so

wo nkwanna nyinaa.

18Ebefifi nsɔe ne nkyɛkyerɛ

ama wo na woadi wuram nhaban.

19Wubesiam wʼanim fifiri

ansa na woanya aduan adi,

kosi sɛ wubewu akɔ dɔte mu,

efisɛ dɔte no mu na menwen wo fii;

woyɛ dɔte,

na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”

20Adam too ne yere no din Hawa, efisɛ ɔno na ɔbɛyɛ ateasefo nyinaa na.

21Awurade Nyankopɔn de aboa nhoma yɛɛ ntade maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho. 22Awurade Nyankopɔn kae se, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no kwan na ɔteɛ ne nsa kɔtew nkwa dua no so aba no bi di, na ɔtena ase afebɔɔ.” 23Enti Awurade Nyankopɔn pam no fii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a wɔnwenee no fii mu no so. 24Ɔpam onipa no, ɔde Kerubim ne afoa a ɛdɛw twaa ne ho fa baabiara no sii Eden turo no apuei fam sɛ ɛnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no.