1 Mose 20 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 20:1-18

Abraham Ne Abimelek

1Afei, Abraham tu firii hɔ kɔɔ anafoɔ mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkuro Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra. 2Abraham maa nnipa no tee aseɛ sɛ, Sara yɛ ne nuabaa. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfie.

3Nanso, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wosɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔbaa a woakɔfa no no yɛ obi yere.”

4Nanso, na Abimelek nnya ne Sara nnaeɛ, enti ɔkaa sɛ, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi? 5Abraham ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa.’ Na Sara no nso kaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwenem fann ne akoma mu teɛ na meyɛɛ deɛ meyɛeɛ no.”

6Afei, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ bio ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, wode adwenem fann ne akoma mu teɛ na ɛyɛɛ deɛ woyɛeɛ no; ɛno enti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno enti na mamma woamfa wo ho anka no no. 7Ne saa enti sane fa ɔbarima no yere no kɔma no, ɛfiri sɛ, saa ɔbarima no yɛ odiyifoɔ a ɔbɛtumi abɔ mpaeɛ ama wo, ama woatena. Na sɛ woansane amfa no ankɔma no a, hunu sɛ, wo ne wʼasefoɔ nyinaa bɛwuwu.”

8Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ntɛm ara, Abimelek frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisie no ho amaneɛ. Na wɔsuroo yie. 9Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me ɔman so yi? Adeɛ a wode ayɛ me yi nyɛ adeɛ a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.” 10Afei, Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Ɛdeɛn adwene na ɛkaa wo a ɛmaa woyɛɛ saa?”

11Abraham buaa sɛ, “Mesusuu sɛ, nokorɛm, Onyankopɔn biara nni mo mu, ne saa enti, me yere enti, mobɛtumi akum me. 12Yei akyiri no, ampa ara, ɔyɛ me nuabaa. Yɛfiri agya korɔ. Yɛmfiri ɛna korɔ. Ɛno enti na mewaree no no. 13Na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham sɛ, mentu mfiri mʼagya fie nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no, me nso, meka kyerɛɛ Sara sɛ, ‘Adɔeɛ a ɛsɛ sɛ woyɛ me nie: baabiara a yɛbɛduru no, ka sɛ, meyɛ wo nuabarima.’ ”

14Enti, Abimelek de nnwan, anantwie, nkoa ne mfenaa brɛɛ Abraham. Na ɔde ne yere Sara sane brɛɛ no. 15Abimelek kaa sɛ, “Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ sɛ wotena no, fa.”

16Abimelek ka kyerɛɛ Sara nso sɛ, “Mede dwetɛ kilogram dubaako ne fa rema wo nuabarima no. Yei ne mpatadeɛ a mede rema wo wɔ bɔne a wɔde too wo so no, wɔ wɔn a wɔka wo ho no nyinaa anim. Asodie biara nna wo so.”

17Enti, Abraham bɔɔ mpaeɛ, srɛɛ Onyankopɔn sɛ, ɔnsa ɔhene Abimelek, ɔhemmaa ne mfenaa a wɔwɔ efie hɔ yadeɛ, ma wɔnwo mma. 18Esiane Abraham yere Sara enti, Awurade too Abimelek fiefoɔ nyinaa yafunu mu, de twee Abimelek aso.