1 Mose 16 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 16:1-16

Ismael Awoɔ

1Saa ɛberɛ yi, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar; 2enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Wo ara wonim sɛ Awurade ama mayɛ obonini; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.”

Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so. 3Abram tenaa Kanaan asase so mfeɛ edu akyiri no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ, ɔnware no. 4Abram ne Hagar daeɛ, na ɔnyinsɛneeɛ.

Ɛberɛ a Hagar hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔhyɛɛ aseɛ buu nʼawuraa Sarai animtia. 5Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa firi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahunu sɛ wanyinsɛn no enti, ɔtiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”

6Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ, “Ɔyɛ wʼabaawa. Deɛ wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sarai tanee nʼabaawa Hagar ani, ma ɔdwane firii ne nkyɛn.

7Awurade ɔbɔfoɔ hunuu Hagar wɔ nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ no so. Na saa nsuo aniwa no da ɛkwan a ɛkɔ kuro bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn. 8Ɔbɔfoɔ no bisaa Hagar sɛ, “Sarai abaawa Hagar, wofiri he, na worekɔ he?”

Hagar buaa no sɛ, “Meredwane afiri mʼawuraa Sarai nkyɛn.”

9Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Hagar sɛ, “Sane kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.” 10Ɔbɔfoɔ no ka kaa ho sɛ, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a, ɛnyɛ yie.”

11Awurade ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Hagar sɛ,

“Woanyinsɛn,

na wobɛwo ɔbabarima.

Wobɛto no edin Ismael, ɛfiri sɛ,

Awurade ate wʼamanehunu.

12Ɔbɛyɛ sɛ ɛserɛ so afunumu.

Ɔbɛtia nnipa nyinaa,

na nnipa nyinaa nso bɛtia no;

atutupɛ so na

ɔne ne nuanom bɛtena.”

13Yei akyiri ɔde edin foforɔ maa Awurade. Ɔkaa sɛ, “Mahunu Deɛ ɔhunu me.” Ɛno enti, ɔde edin El-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn a ɔhunu me” no, too no. 14Ɛno enti na wɔfrɛ nsuo aniwa no sɛ Beer-Lahai-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn Teasefoɔ a ɔhunu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam bɛsi ɛnnɛ.

15Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abɔfra no edin Ismael. 16Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.