Onyankopɔn Ne Abram Apam
1Yeinom akyiri no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehunu mu sɛ,
“Abram, nsuro.
Meyɛ wo kyɛm.
Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo.”
2Abram nso buaa sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me wɔ ɛberɛ a menni ɔba. Onipa a ɔbɛdi mʼadeɛ no yɛ Damaskoni Elieser?” 3Na Abram toaa so sɛ, “Wommaa me mma enti, akoa a wɔwoo no wɔ me fie no na ɔbɛdi mʼadeɛ.”
4Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔbarima yi renni wʼadeɛ da, agye wʼankasa wo yafumma.” 5Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyire, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Pagya wʼani hwɛ soro na hwɛ sɛ wobɛtumi akan ɔsoro nsoromma anaa.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ara na wʼasefoɔ bɛdɔɔso.”
6Abram gyee asɛm a Awurade kaeɛ no diiɛ. Ne saa enti, Awurade buu no onipa tenenee.
7Awurade Onyankopɔn kyerɛɛ Abram bio sɛ, “Mene Awurade a mede wo firi Ur a ɛwɔ Kaldeafoɔ asase so baeɛ sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapadeɛ.”
8Nanso, Abram kaa sɛ, “Ao, Ɔsorosoro Awurade, ɛbɛyɛ sɛn na mɛhunu sɛ, asase no bɛyɛ me dea?”
9Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyibereɛ a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me.”
10Abram de yeinom nyinaa brɛɛ Onyankopɔn, paapae wɔn mu mmienu, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ animu, de guguu hɔ. Na nnomaa no deɛ, wampaapae wɔn mu. 11Na apete bɛsisii mmoa no afunu so no, Abram pamoo wɔn.
12Ɛberɛ a owia rekɔtɔ no, Abram daa hatee, na esum kabii a ɛyɛ hu tɔɔ ne so. 13Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gye di sɛ wʼasefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan. 14Nanso, mɛtwe saa ɔman a wʼasefoɔ bɛsom wɔn no aso, na ɛno akyiri no, wɔbɛfiri ɔman a wɔsom mu no mu aba sɛ adefoɔ. 15Wo deɛ, wobɛwu asomdwoeɛ mu. Wobɛnyini akyɛre yie ansa na woawu. 16Nanso, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan no mu, wʼasefoɔ bɛsane aba saa ɔman yi mu bio. Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ yi, Amorifoɔ a wɔte saa asase yi so ɛnnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuruu deɛ wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yie.”
17Na ɛbaa sɛ owia kɔtɔeɛ, na esum duruiɛ no, Abram hunuu egyakukuo bi sɛ ɛrefiri wisie ne ogyatɛn a ɛrederɛ bɛfaa mmoa a wɔakum wɔn no afunu afaafa no ntam. 18Saa ɛda no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kaa sɛ, “Mede saa asase a ɛfiri Misraim asubɔnten no ho, de kɔsi asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefoɔ. 19Saa ara nso na mede Kenifoɔ, Kenesifoɔ, Kadmonifoɔ, 20Hetifoɔ, Perisifoɔ, Refaimfoɔ, 21Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Girgasifoɔ ne Yebusifoɔ nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ no.”
Onyankopɔn Ne Abram Apam
1Eyinom akyi no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehu mu se,
“Abram, nsuro.
Meyɛ wo nkatabo.
Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo.”
2Abram nso buae se, “Awurade Nyankopɔn, dɛn na wode bɛma me wɔ bere a minni ɔba. Onipa a obedi mʼade no yɛ Damaskoni Elieser?” 3Na Abram toaa so se, “Wommaa me mma nti, akoa a wɔwoo no wɔ me fi no na obedi mʼade.”
4Na Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔbarima yi renni wʼade da, gye wʼankasa wo yafunumma.” 5Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyiri, na ɔka kyerɛɛ no se, “Ma wʼani so hwɛ soro na hwɛ sɛ wubetumi akan soro nsoromma ana.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ara na wʼasefo bɛdɔɔso nen.”
6Abram gyee asɛm a Awurade kae no dii. Ne saa nti, Awurade buu no onipa trenee.
7Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ Abram bio se, “Mene Awurade a mede wo fi Ur a ɛwɔ Kaldeafo asase so bae sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapade.”
8Nanso Abram kae se, “Ɔsorosoro Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na mehu sɛ asase no bɛyɛ me dea?”
9Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Fa nantwi ba a wadi mfe abiɛsa, abirekyibere a wadi mfe abiɛsa, Odwennini a wadi mfe abiɛsa, agyenkuku ne aborɔnoma ba brɛ me.”
10Abram de eyinom nyinaa brɛɛ Onyankopɔn, paapae wɔn mu abien abien, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ anim, de guguu hɔ. Na nnomaa no de, wampaapae wɔn mu. 11Na apete besisii mmoa no afunu so no, Abram pam wɔn.
12Bere a owia rekɔtɔ no, Abram daa hatee, na sum kabii a ɛyɛ hu tɔɔ ne so. 13Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Gye di sɛ wʼasefo bɛyɛ ahɔho wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan. 14Nanso mɛtwe saa ɔman a wʼasefo bɛsom wɔn no aso, na ɛno akyi no, wobefi ɔman a wɔsom mu no mu aba sɛ adefo. 15Wo de, wubewu asomdwoe mu. Wubenyin akyɛ yiye ansa na woawu. 16Nanso awo ntoatoaso a ɛto so anan no mu, wʼasefo bɛsan aba saa ɔman yi mu bio. Efisɛ saa bere yi, Amorifo a wɔte saa asase yi so nnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuu nea wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yiye ɛ.”
17Na ɛbaa sɛ owia kɔtɔe, na sum durui no, Abram huu ogyaframa bi sɛ ɛrefi wusiw ne ogyatɛn a ɛredɛw bɛfaa mmoa a wɔakum wɔn no afunu afaafa no ntam. 18Saa da no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kae se, “Mede saa asase a efi Misraim asubɔnten no ho, de kosi asubɔnten kɛse Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefo. 19Saa ara nso na mede Kenifo, Kenesifo, Kadmonifo, 20Hetifo, Perisifo, Refaimfo, 21Amorifo, Kanaanfo, Girgasifo ne Yebusifo nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefo no.”