1 Korintofoɔ 8 – ASCB & CCBT

Asante Twi Contemporary Bible

1 Korintofoɔ 8:1-13

Nnuane A Wɔde Ma Ahoni

1Asɛm a ɛfa nnuane a wɔde ma ahoni ho nso nie: Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Nanso, saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan; ɔdɔ deɛ, ɛma nkɔsoɔ. 2Onipa a ɔgye ne ho di sɛ ɔnim biribi no nnim sɛdeɛ anka ɛsɛ sɛ ɔhunu. 3Nanso, onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no.

4Enti, nnuane a wɔde ma ahoni a wɔdi no, yɛnim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yɛnim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ. 5Nneɛma bebree wɔ soro ne asase so a yɛfrɛ wɔn anyame ne awuranom, nanso wɔn mu biara nyɛ anyame anaasɛ awuranom. 6Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ adeɛ nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ adeɛ nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.

7Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔnim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kɔsi sɛ, sɛ wɔdi saa nnuane no a, wɔnim pefee sɛ ohoni aduane na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛ enti, wɔgye di nso sɛ aduane no gu wɔn ho fi. 8Ɛnyɛ aduane a yɛdie no na ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛanni saa aduane no a, yɛntɔ sin, ɛnna sɛ yɛdi nso a, yɛn mmoro so.

9Monhwɛ yie na moamma mo ahofadie no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛ wɔ gyidie mu no ankɔ bɔne mu. 10Sɛ ɛba sɛ obi a nʼahonim yɛ mmerɛ wɔ saa asɛm yi mu hunu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkɔdi aduane a wɔde ama ahoni no bi anaa? 11Enti, saa onipa a ɔyɛ mmerɛ yi a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, ɛsiane wo “nimdeɛ” enti ɔbɛyera! 12Na ɛnam saa ɛkwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom. Sɛ ɛba saa a, woyɛ bɔne tia Kristo nso, ɛfiri sɛ wonam wɔn adwenem mmerɛ so adaadaa wɔn. 13Enti, sɛ aduane ma me nua yɛ bɔne a, merenwe ɛnam bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

哥林多前書 8:1-13

祭偶像的食物

1關於獻給偶像的祭物,我們知道大家都有這方面的知識,但知識會使人自高,唯有愛心才能造就人。 2若有人自以為知道些什麼,其實他需要知道的,他還不知道。 3但如果有人愛上帝,這人是上帝所認識的。

4論到吃獻給偶像的祭物,我們知道世上的偶像算不得什麼,只有一位上帝,此外別無他神。 5雖然天上地上有許多被稱為神的,好像有許多神、許多主, 6但我們只有一位神,就是父上帝,祂是萬物的源頭,是我們的歸宿。我們也只有一位主,就是耶穌基督,萬物都是藉著祂存在,我們也是藉著祂存在。

7不過,並不是所有的人都有這種知識。有些人因為以前拜慣了偶像,現在吃到某些食物就覺得是祭過偶像的,因而良心不安,覺得自己被玷污了。 8其實食物並不能改變上帝對我們的看法,我們不吃也沒有損失,吃了也不會更好。

9但你們要小心,不要讓你們的自由絆倒那些信心軟弱的人。 10如果有人看見你這明白以上道理的人竟然坐在偶像的廟中吃喝,他雖然良心不安,豈不還是會放膽吃獻給偶像的祭物嗎? 11這樣,你的知識反而令那軟弱的人,就是基督捨命救回的弟兄沉淪。 12你們這樣得罪弟兄,傷了他脆弱的良心,就是得罪基督。 13所以,如果我吃某些食物會令我的弟兄在信仰上跌倒,我就情願永遠不吃8·13 不吃」希臘文是「不吃肉」。,免得令他們跌倒。