1 Korintofoɔ 3 – ASCB & CCL

Asante Twi Contemporary Bible

1 Korintofoɔ 3:1-23

Onyankopɔn Asomfoɔ

1Nokorɛm, anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a wɔwɔ Honhom no. Na ɛsɛ sɛ mekasa kyerɛ mo sɛ ewiasefoɔ a wɔte sɛ mmɔfra a wɔwɔ Kristo mu gyidie. 2Memaa mo nufosuo. Mamma mo aduane a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ mma mo. Na seesei ara mpo ɛnyɛ mma mo, 3ɛfiri sɛ, moda so te hɔ sɛ ewiasefoɔ. Sɛ anibereɛ wɔ mo mu na motwa mo ho ne mo ho mo ho nya akasakasa a, ɛnna no adi sɛ moyɛ ewiasefoɔ a mote hɔ ma ewiase? 4Sɛ obi ka sɛ, “Me deɛ, medi Paulo akyi” na ɔfoforɔ nso ka sɛ, “Me nso mewɔ Apolo afa” a, ɛnkyerɛ sɛ moyɛ ewiasefoɔ anaa?

5Mebisa sɛ, Apolo yɛ hwan? Na Paulo nso yɛ hwan? Yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ kwa a ɛnam yɛn so na monya gyidie. Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ. 6Meduaa aba no na Apolo guguu so nsuo nanso Onyankopɔn na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ. 7Obi a ɔduaeɛ ne obi a ɔguguu so nsuo no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ. 8Nsonsonoeɛ biara nni onipa a ɔdua ne deɛ ɔgugu so nsuo ntam. Onyankopɔn bɛhwɛ dwuma a wɔn mu biara diiɛ so na wama wɔn so adeɛ. 9Yɛn deɛ yɛyɛ aboafoɔ a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuo. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan.

10Menam adom a Onyankopɔn de maa me no so meyɛɛ ɔdanseni pa adwuma. Metoo fapem ɛnna onipa foforɔ nso resi ato so. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara fa ɛkwan pa so si. 11Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ayɛ Yesu Kristo nko ɛdan no fapem enti wɔrentumi nto fapem foforɔ biara bio. 12Ebinom de sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ anaa aboɔden aboɔ na ɛbɛsi wɔn dan wɔ fapem no so; afoforɔ nso de nnua anaa ɛserɛ anaa wira. 13Obiara dwuma a ɔdiiɛ no, ɛda no bɛda no adi; ɛda no ogya no bɛda obiara adwuma adi. Ogya no bɛsɔ ahwɛ, ahunu dwuma ko no yɛ a ɛyɛ. 14Sɛ deɛ onipa ko no de sii fapem no so no tumi gyina ogya no ano a, ɛbɛnya akatua. 15Na sɛ obi adwuma hye wɔ ogya no ano a, akatua no bɛbɔ no, nanso ɔno deɛ, ɔbɛnya nkwa sɛ obi a wadwane afiri gyaframa mu.

16Nokorɛm, monim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu! 17Enti, obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no.

18Ɛnsɛ sɛ obiara daadaa ne ho. Sɛ obi a ɔka mo ho fa ne ho sɛ ɔyɛ ewiase yi mu onyansafoɔ a, ɛwɔ sɛ ɔyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafoɔ. 19Ɛfiri sɛ, deɛ ewiase bu no nyansa no yɛ asɛm a aba nni mu wɔ Onyankopɔn ani so. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn aniteɛ mu.” 20Bio, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Awurade nim onipa nsusuiɛ. Ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee.” 21Enti, ɛnsɛ sɛ obiara de deɛ onipa tumi yɛ hoahoa ne ho na biribiara yɛ mo dea. 22Paulo, Apolo ne Petro, saa ewiase yi, nkwa ne owuo, ɛnnɛ ne daakye nyinaa yɛ mo dea, 23na moyɛ Kristo dea na Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea.

The Word of God in Contemporary Chichewa

1 Akorinto 3:1-23

Mpingo ndi Atsogoleri Ake

1Ndipo abale sindikanakuyankhulani ngati auzimu koma adziko lapansi, makanda chabe mwa Khristu. 2Ndinakupatsani mkaka osati chakudya cholimba pakuti munali musanakonzeke kuchilandira. Zoonadi, simunakonzekebe. 3Mukanali adziko lapansi. Pakuti pakati panu pali kaduka ndi kukangana, kodi si inu a dziko lapansi? Kodi simukuchita ngati anthu wamba? 4Pamene wina anena kuti, “Ine ndimatsatira Paulo,” ndipo wina akuti, “Ine ndimatsatira Apolo,” Kodi si inu akunja?

5Ndiponso kodi Apolo ndi ndani? Nanga Paulo ndi ndani? Otumikira chabe, omwe kudzera mwa iwo inu munakhulupirira monga Ambuye anawagawira aliyense ntchito yake. 6Ine ndinadzala mbewu, Apolo anayithirira, koma Mulungu ndiye anayikulitsa. 7Choncho kuphatikiza iye wodzala ndi iye wothirira, onse sali kanthu, koma Mulungu yekha amene amakulitsa zinthu. 8Munthu wodzala ndi munthu wothirira ali ndi cholinga chimodzi, ndipo aliyense adzapatsidwa mphotho molingana ndi ntchito yake. 9Pakuti ife ndife antchito anzake a Mulungu; inu ndinu munda wa Mulungu, Nyumba ya Mulungu.

10Mwachisomo chimene Mulungu wandipatsa, ine ndinayika maziko monga mmisiri waluntha, ndipo ena akumangapo. Koma aliyense ayenera kuchenjera mmene akumangira. 11Pakuti wina sangayikenso maziko ena oposera amene anakhazikitsidwa kale, amene ndi Yesu Khristu. 12Ngati munthu aliyense amanga pa maziko awa pogwiritsa ntchito golide, siliva, miyala yamtengowapatali, milimo yamitengo, tsekera kapena udzu, 13ntchito yake idzaonekera pamene Tsiku la chiweruzo lidzazionetsa poyera. Tsikulo lidzafika ndi moto, ndipo motowo ndi umene udzayesa ntchito ya munthu aliyense. 14Ngati zimene zamangidwazo sizidzagwa, adzalandira mphotho yake. 15Ndipo ngati zidzanyeke ndi moto, sadzalandira mphotho koma iye mwini adzapulumukabe, koma monga ngati munthu amene wapulumuka mʼmoto.

16Kodi inu simukudziwa kuti ndinu Nyumba ya Mulungu ndipo kuti Mzimu wa Mulungu amakhala mwa inu? 17Ngati wina aliyense awononga Nyumba ya Mulunguyo, Mulungu nayenso adzamuwononga ameneyo; popeza Nyumba ya Mulungu ndi yopatulika ndipo Nyumbayo ndi inu amene.

18Choncho musadzinyenge. Ngati wina wa inu akuganiza kuti ndi wanzeru pa mulingo wa mʼbado uno, ayenera kukhala “wopusa” kuti athe kukhala wanzeru. 19Pakuti nzeru ya dziko lapansi ndi yopusa pamaso pa Mulungu. Monga kwalembedwera kuti, “Iye amakola anthu ochenjera mu msampha wa kuchenjera kwawo,” 20ndiponso, “Ambuye amadziwa kuti maganizo a wanzeru ndi opandapake.” 21Choncho, wina asanyadire anthu chabe! Zonse ndi zanu, 22kaya Paulo kapena Apolo kapena Kefa kapena dziko lapansi, kapena moyo, kapena imfa, kapena tsopano, kapena mʼtsogolo, zonse ndi zanu, 23ndipo inu ndinu a Khristu, ndipo Khristu ndi wa Mulungu.