1 Berɛsosɛm 27 – ASCB & PCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 27:1-34

Asahene Ne Wɔn Akuo

1Israelfoɔ akuo ahodoɔ no nie—mmusuapanin, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ a na wɔhwɛ asraafoɔ akuo ahodoɔ so de som ɔhene, a ekuo biara kɔ adwuma bosome baako wɔ afe mu. Na ɛdɔm a wɔwɔ ekuo biara mu nso dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:

2Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ ekuo a ɛdi ɛkan no sahene, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛdi ɛkan wɔ afe no mu. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 3Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa so bosome a ɛdi ɛkan no mu.

4Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmienu a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000), a na Miklot yɛ nʼabadiakyire.

5Ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmiɛnsa a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 6Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafoɔ akunini kuo, a na wɔfrɛ wɔn Akofoɔ Akɛseɛ Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabadiakyire.

7Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so ɛnan, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so ɛnan mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Asahel babarima Sebadia na ɔdii nʼadeɛ.

8Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so enum, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so enum mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).

9Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nsia, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nsia mu no sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).

10Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ɔfiri Pelon no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nson, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nson mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).

11Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ɔfiri Husa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nwɔtwe, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).

12Abieser a na ɔfiri Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nkron, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nkron mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).

13Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ɔfiri Netofa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so edu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so edu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).

14Benaia a ɔfiri Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dubaako, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dubaako mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).

15Heldai a ɔyɛ Otniel a ɔfiri Netofa aseni no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dumienu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dumienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).

Mmusuakuo No Ntuanofoɔ

16Mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ nie:

Ruben abusuakuo: Sikri babarima Elieser;

Simeon abusuakuo: Maaka babarima Sefatia;

17Lewi abusuakuo: Kemuel babarima Hasabia

Aaron (asɔfoɔ no) abusuakuo: Sadok;

18Yuda abusuakuo: Dawid nuabarima Elihu;

Isakar abusuakuo: Mikael babarima Omri;

19Sebulon abusuakuo: Obadia babarima Yismaia;

Naftali abusuakuo: Asriel babarima Yerimot;

20Efraim abusuakuo: Asasia babarima Hosea;

Manase (atɔeɛ fam) abusuakuo: Pedaia babarima Yoɛl;

21Manase (apueeɛ fam) abusuakuo Sakaria babarima Ido;

Benyamin abusuakuo: Abner babarima Yaasiel;

22Dan abusuakuo: Yeroham babarima Asarel.

Yeinom ne Israel mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ.

23Ɛberɛ a Dawid ma wɔkanee nnipa no, wɔankan wɔn a wɔnnii mfeɛ aduonu, ɛfiri sɛ, na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfoɔ no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma. 24Yoab na ɔhyɛɛ nnipakan no ase, nanso wanwie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bo fuu Israel. Wɔantwerɛ nnipa no nyinaa dodoɔ angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.

Dawid Ahennie Mu Mpanimfoɔ

25Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfie sikakorabea so.

Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkuro, nkuraaseɛ ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.

26Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafoɔ a na wɔdɔ ɔhene mfuo so.

27Simei a na ɔfiri Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuo so.

Sabdi a ɔfiri Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsã ne nsã a wɔayɛ so.

28Baal-Hanan a ɔfiri Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngo nnua ne akyee nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔ ase no so.

Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.

29Sitrai a ɔfiri Saron na na ɔhwɛ anantwie a na wɔwɔ Saron ɛserɛ so no so.

Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwie a wɔwɔ bɔnhwa ahodoɔ mu no so.

30Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so.

Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so.

31Yasis a ɔfiri Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nnwan so.

Saa mpanimfoɔ yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapadeɛ so.

32Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufoɔ nyansafoɔ maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔwɔ nhunumu.

Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmammarima adeɛ.

33Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene ɔfotufoɔ.

Na Husai a ɔfiri Arki yɛ ɔhene adamfo.

34Benaia babarima Yehoiada na ɔdii Ahitofel adeɛ na Abiatar bɛtoaa adedie no so.

Yoab na na ɔyɛ Israel akodɔm so sahene.

Persian Contemporary Bible

اول تواريخ 27:1-34

تقسيمات سپاه اسرائيل

1سپاه اسرائيل از افراد و رؤسای خاندانها و طايفه‌ها و بزرگان تشكيل يافته بود و شامل دوازده سپاه می‌شد. هر سپاه كه متشكل از ۲۴,۰۰۰ نفر بود، به نوبت، سالی يک ماه به خدمت فرا خوانده می‌شد. فرماندهان اين سپاهيان، به ترتيب ماه خدمت، عبارت بودند از:

2‏-3ماه اول: يشبعام، پسر زبدی‌ئيل، از طايفهٔ فارص؛

4ماه دوم: دودای اخوخی (معاون او مقلوت نام داشت)؛

5‏-6ماه سوم: بنايا، پسر يهوياداع كاهن اعظم (بنايا همان كسی است كه فرماندهٔ سی سردار داوود بود؛ پسرش عميزاباد از فرماندهان سپاه او بود)؛

7ماه چهارم: عسائيل، برادر يوآب (بعد از او پسرش زبديا جای او را گرفت)؛

8ماه پنجم: شمهوت يزراحی؛

9ماه ششم: عيرا، پسر عقيش تقوعی؛

10ماه هفتم: حالص فلونی از قبيلهٔ افرايم؛

11ماه هشتم: سبكای حوشاتی از طايفه زارح؛

12ماه نهم: ابيعزر عناتوتی از قبيلهٔ بنيامين؛

13ماه دهم: مهرای نطوفاتی از طايفه زارح؛

14ماه يازدهم: بنايا فرعاتونی از قبيلهٔ افرايم؛

15ماه دوازدهم: خلدای نطوفاتی از نسل عتنی‌ئيل.

رؤسای قبيله‌ها

16‏-22رؤسای قبيله‌های اسرائيل به شرح زير بودند:

العازار پسر زكری، رئيس قبيلهٔ رئوبين؛

شفطيا پسر معكه، رئيس قبيلهٔ شمعون؛

حشبيا پسر قموئيل، رئيس قبيلهٔ لاوی؛

صادوق، رئيس خاندان هارون؛

اليهو برادر داوود پادشاه، رئيس قبيلهٔ يهودا؛

عمری پسر ميكائيل، رئيس قبيلهٔ يساكار؛

يشمعيا پسر عوبديا، رئيس قبيلهٔ زبولون؛

يريموت پسر عزری‌ئيل، رئيس قبيلهٔ نفتالی؛

هوشع پسر عزريا، رئيس قبيلهٔ افرايم؛

يوئيل پسر فدايا، رئيس نصف قبيلهٔ منسی؛

يدو پسر زكريا، رئيس نصف ديگر قبيلهٔ منسی در جلعاد؛

يعسی‌ئيل پسر ابنير، رئيس قبيله بنيامين؛

عزرئيل پسر يروحام، رئيس قبيلهٔ دان.

23داوود هنگام سرشماری، جوانان بيست سال يا كمتر را به حساب نياورد، زيرا خداوند وعده داده بود كه جمعيت اسرائيل را مثل ستارگان آسمان بی‌شمار گرداند. 24يوآب سرشماری را شروع كرد ولی آن را تمام نكرد، چون خشم خداوند بر اسرائيل افروخته شد. لذا آمار نهايی در سالنامهٔ داوود پادشاه ثبت نشد.

ناظران دارايی پادشاه

25عزموت پسر عدی‌ئيل سرپرست انبارهای سلطنتی و يوناتان پسر عزيا سرپرست انبارهای شهرها و روستاها و قلعه‌ها بود.

26عزری پسر كلوب، سرپرست كارگرانی بود كه در املاک پادشاه كار می‌كردند. 27شمعی راماتی بر باغهای انگور پادشاه نظارت می‌كرد. زبدی شفماتی مسئول تهيهٔ شراب و انبار كردن آن بود. 28بعل حانان جديری مسئول باغهای زيتون و درختان افراغ در دشتهای هم مرز كشور فلسطين بود. يوآش متصدی ذخيرهٔ روغن زيتون بود.

29شطرای شارونی در دشت شارون از رمه‌ها نگهداری می‌كرد، و شافاط پسر عدلائی مسئول نگهداری رمه‌هايی بود كه در دره‌ها می‌چريدند. 30عوبيل اسماعيلی بر كار نگهداری شترها و يحديای ميرونوتی بر كار نگهداری الاغها نظارت می‌كردند. 31يازيز مسئول نگهداری گله‌ها بود. تمام اين مردان ناظران دارايی داوود پادشاه بودند.

32يوناتان عموی داوود مشاوری دانا و عالم بود و يحی‌ئيل، پسر حكمونی از پسران پادشاه مواظبت می‌كرد.

33اخيتوفل مشاور پادشاه و حوشای اركی دوست پادشاه بود. 34پس از اخيتوفل، يهوياداع (پسر بنايا) و ابياتار به جای او مشاور شدند. فرماندهٔ سپاه اسرائيل يوآب بود.