1 Berɛsosɛm 16 – ASCB & NRT

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 16:1-43

1Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔsii ntomadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn anim. 2Dawid wieeɛ no, ɔhyiraa nnipa no wɔ Awurade din mu. 3Na ɔkyɛɛ Israelfoɔ mmaa ne mmarima nyinaa aduane. Obiara nyaa burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam.

4Dawid yii saa Lewifoɔ yi sɛ wɔnni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Onyankopɔn ase na wɔnkamfo no. 5Asaf a na ɔda kuo yi ano no bɔɔ kyankyan no. Na nʼabadiakyirefoɔ yɛ Sakaria a ɔtɔ so mmienu, afei, Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten. 6Asɔfoɔ Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntotorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.

Dawid Aseda Dwom

7Saa ɛda no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ:

8Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.

Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ.

9Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;

monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.

10Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;

momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.

11Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;

na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.

12Monkae anwanwadeɛ a wayɛ,

ne nsɛnkyerɛnneɛ ne atemmuo a ɔbuiɛ.

13Ao Israel mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,

Ao Yakob mma a wapa wɔn.

14Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn;

nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa.

15Ɔkae nʼapam daa nyinaa,

asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no.

16Yei ne apam a ɔne Abraham yɛeɛ

ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.

17Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,

de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ;

18“Mede Kanaan asase no bɛma wo

sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.”

19Ɔkaa yei wɔ ɛberɛ a na wɔnnɔɔso,

ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.

20Wɔfirii aman so kɔɔ aman so,

firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.

21Nanso, wamma obi anhyɛ wɔn so;

wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ;

22“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo,

na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.”

23Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade!

Ɛda biara mompae mu nka asɛmpa no sɛ ɔgye nkwa.

24Mommɔ nʼanimuonyam nneyɛɛ ho dawuro wɔ amanaman mu.

Monka anwanwadeɛ a ɔyɛ nkyerɛ obiara.

25Awurade yɛ kɛseɛ! Na ɔfata ayɛyie!

Ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa.

26Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa,

nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro!

27Animuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia,

ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenaeɛ.

28Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo,

momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.

29Momfa animuonyam a ɛfata mma Awurade!

Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra mmɛsom no.

Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.

30Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim.

Wɔatim ewiase denden a ɛntumi nhinhim.

31Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛ ne ho!

Momma aman nyinaa nte sɛ, “Awurade yɛ ɔhene!”

32Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no.

Momma mfuo ne wɔn nnɔbaeɛ mfa ahosɛpɛ mpue.

33Momma kwaeɛm nnua nnyegyeeɛ

nyɛ ayɛyie Awurade anim!

Ɛfiri sɛ ɔrebɛbu asase atɛn.

34Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ

na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

35Monteateam sɛ, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn!

Boa yɛn ano, na gye yɛn firi amanaman nsam,

na yɛatumi ada wo din kronkron ase,

na yɛadi ahurisie akamfo wo.”

36Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn,

ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten.

Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.

Yerusalem Ne Gibeon Ɔsom

37Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ deɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no da biara. 38Saa ekuo yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifoɔ aduosia nwɔtwe a wɔyɛ apono anohwɛfoɔ.

39Dawid de ɔsɔfoɔ Sadok ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ tenaa Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ bepɔ Gibeon mu no, sɛ wɔnsom Awurade anim wɔ hɔ. 40Anɔpa ne anwummerɛ biara, wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadie no so. Na wɔdii biribiara a wɔatwerɛ sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so. 41Dawid sane yii Heman, Yedutun ne afoforɔ bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ, wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔeɛ no tim hɔ daa.” 42Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ de gyegyee ayɛyie nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na wɔyii Yedutun mmammarima maa wɔyɛɛ apono anohwɛfoɔ.

43Na nnipa no nyinaa sane kɔɔ wɔn afie mu. Dawid nso sane kɔɔ ne fie, kɔhyiraa ne fiefoɔ.

New Russian Translation

1 Паралипоменон 16:1-43

1А Божий ковчег принесли и поставили в шатре, который разбил для него Давид, и вознесли перед Богом всесожжения и жертвы примирения. 2Закончив приносить всесожжения и жертвы примирения, он благословил народ во имя Господа. 3Затем он раздал каждому израильтянину и израильтянке по одной лепешке, по куску жареного мяса и по связке изюма. 4Он поставил некоторых из левитов служить перед ковчегом Господа, чтобы они взывали, благодарили и воздавали хвалу Господу, Богу Израиля: 5Асаф был руководителем, Захария вторым после него, затем Иеил, Шемирамоф, Иехиил, Маттифия, Элиав, Беная и Овид-Эдом с Иеилом. Они должны были играть на лирах и арфах, Асаф на тарелках, 6а священники Беная и Иахазиил постоянно трубить в трубы перед ковчегом Божьего завета.

Хвалебная песнь Давида

(Пс. 104:1-15; 95:1-13; 105:1, 47-48)

7В тот день Давид впервые дал Асафу и его родственникам песню для прославления Господа:

8Благодарите Господа, призывайте Его имя;

возвещайте среди народов о Его делах.

9Воспойте Ему, пойте Ему хвалу,

рассказывайте о всех Его чудесах.

10Хвалитесь Его святым именем;

пусть веселятся сердца ищущих Господа.

11Ищите Господа и силу Его,

ищите лица Его всегда.

12Помните чудеса, которые Он сотворил,

знамения Его и суды, что Он произнес.

13О потомки Израиля, слуги Его,

о сыновья Иакова, избранные Его.

14Он – Господь, наш Бог;

суды Его по всей земле.

15Помните: вечен Его завет –

слово, данное Им для тысяч поколений, –

16завет, что Он заключил с Авраамом,

и клятву Его Исааку.

17Утвердил Он это Иакову в Закон

и Израилю вечным заветом,

18сказав: «Я отдам тебе ханаанскую землю

в удел твоего наследия».

19Когда они были малочисленны

и незначительны, и были чужеземцами на этой земле,

20то скитались от народа к народу

и из царства в царство.

21Он никому не давал их притеснять

и укорял за них царей:

22«Не трогайте помазанников Моих

и пророкам Моим не делайте зла».

23Воспойте Господу, вся земля,

возвещайте о Его спасении каждый день.

24Возвещайте славу Его среди народов,

чудеса Его – среди всех людей,

25потому что велик Господь и достоин беспредельной хвалы;

Он внушает страх более всех богов.

26Все боги народов – идолы,

а Господь сотворил небеса.

27Слава и величие перед Ним,

сила и радость на месте Его.

28Воздайте Господу, народы,

воздайте Ему славу и силу.

29Воздайте Господу славу, присущую Его имени.

Несите дар, предстаньте пред Ним.

Прославьте Господа в великолепии Его святости16:29 Или: «в святом облачении прославьте Господа»; или: «прославьте Господа в Его великолепном святилище»..

30Трепещи перед Ним, вся земля!

Прочно мир утвержден – не поколеблется.

31Да возвеселятся небеса и возликует земля,

и пусть скажут среди народов: «Господь правит!»

32Да восшумит море и все, что в нем,

пусть ликует поле и все, что на нем,

33и да возликуют все деревья лесные,

будут петь от радости перед Господом,

ведь Он идет судить землю.

34Славьте Господа, потому что Он благ

и милость Его навеки!

35Взывайте: «Спаси нас, Боже, Спаситель наш;

собери нас, защити нас от народов,

чтобы мы воздали благодарность

Твоему святому имени

и хвалились Твоей славой».

36Прославлен будь, Господь, Бог Израиля,

от века и до века!

И весь народ сказал: «Аминь!»16:36 Аминь – еврейское слово, которое переводится как «да, верно, воистину так» или «да будет так». – и восславил Господа.

Служение Господу в Иерусалиме и Гаваоне

37Давид оставил Асафа и его родственников перед ковчегом Господнего завета, чтобы они служили там постоянно, по потребностям каждого дня. 38Еще он оставил Овид-Эдома и шестьдесят восемь его родственников, чтобы они служили вместе с ними. Овид-Эдом, сын Идутуна, и Хоса были привратниками.

39Давид оставил священника Цадока и его собратьев-священников перед скинией Господа на возвышенности в Гаваоне, 40чтобы они постоянно приносили Господу всесожжения на жертвеннике для всесожжений, утром и вечером, так, как написано в Законе Господа, который Он дал Израилю16:40 Хотя ковчег завета находился в Иерусалиме, Израиль продолжал совершать жертвоприношения в шатре, который находился в Гиве, до построения храма Соломоном. См. 1 Пар. 1:13; 5:5.. 41С ними были Еман и Идутун с прочими избранными, которые были назначены поименно, чтобы славить Господа ведь «милость Его навеки». 42Еман и Идутун отвечали за игру на трубах и тарелках, а также на прочих музыкальных инструментах, когда пелись песни Богу. Сыновья Идутуна были поставлены у ворот.

43Когда весь народ разошелся по домам, вернулся и Давид, чтобы благословить своих домашних.