1 Berɛsosɛm 12 – ASCB & NASV

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 12:1-40

Nnɔmmarima Kɔka Dawid Akodɔm Ho

1Ɛberɛ a Dawid dwane firii Kis babarima Saulo anim kɔhintaa wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔmm no. Na wɔka nnɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodie mu. 2Na wɔn nyinaa yɛ agyantofoɔ toamfomfoɔ. Na wɔtumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa to agyan ne ahwimmoɔ. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu.

3Na deɛ ɔtua wɔn ano yɛ Semaa a ɔfiri Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabadiakyire. Yeinom ne nnɔmmarima no nkaeɛ:

Asmawet mmammarima Yesiel ne Pelet;

Beraka ne Yehu a wɔfiri Anatot; 4Ismaia a ɔfiri Gibeon, ɔkofoɔ kɛseɛ ne ntuanoni wɔ Aduasa no mu;

Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wɔfiri Gedera; 5Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, ne Sefatia a ɔfiri Harif;

6Elkana, Yesia, Asarel, Yoeser, Yasobeam a wɔyɛ Korafoɔ;

7Yoela, Sebadia, Yeroham mmammarima a wɔfiri Gedor.

8Gadfoɔ akofoɔ akokoɔdurufoɔ bi a wɔakwadare akodie mu dwane kɔɔ Dawid afa ɛberɛ a na ɔwɔ abanbɔeɛ mu wɔ ɛserɛ no so. Na wɔyɛ anintini wɔ nkataboɔ ne pea akodie mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔ so atwe.

9Eser na na ɔtua wɔn ano.

Obadia yɛ abadiakyire.

Eliab na ɔtɔ so mmiɛnsa.

10Deɛ ɔtɔ so ɛnan ne Mismana.

Deɛ ɔtɔ so enum ne Yeremia.

11Atai tɔ so nsia, Eliel tɔ so nson.

12Yohanan tɔ so nwɔtwe, Elsabad tɔ so nkron.

13Yeremia tɔ so edu, Makbanai tɔ so dubaako.

14Saa nnɔmmarima a wɔfiri Gad yi yɛ asahene. Deɛ ɔnyɛ den koraa no, ɔtumi ne asraafoɔ ɔha ko, ɛnna deɛ ɔyɛ den no tumi ne asraafoɔ apem ko. 15Afe no ahyɛaseɛ a Asubɔnten Yordan ayiri no, wɔtwa kɔpamoo nnipa a wɔtete tata so wɔ nʼapueeɛ ne nʼatɔeɛ nkonkɔn so nyinaa firii hɔ.

16Afoforɔ a wɔfiri Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ abanbɔeɛ hɔ. 17Dawid kɔhyiaa wɔn kaa sɛ, “Sɛ moaba asomdwoeɛ so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebɛyi me ama mʼatamfoɔ wɔ ɛberɛ a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Onyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.”

18Na honhom no sii Amasai a akyire no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panin no so, na ɔkaa sɛ,

“Yɛyɛ wo dea, Dawid!

Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba;

Asomdwoeɛ ne nkɔsoɔ nyɛ wo kyɛfa

na wʼaboafoɔ nyinaa nnya nkɔsoɔ,

ɛfiri sɛ, wo Onyankopɔn ne deɛ ɔboa wo.”

Enti, Dawid maa wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nʼakodɔm mu.

19Manase mmarima no bi tee wɔn ho kɔdɔmm Dawid wɔ ɛberɛ a na ɔne Filistifoɔ no rekɔko atia Saulo no. Nanso, asɛm no ani daneeɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wɔdwendwenee ho ara no, wɔmaa wɔsanee wɔn akyi kaa sɛ, “Sɛ Dawid dane nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde bɛtwa so.” 20Manase mmarima a wɔwae kɔɔ Dawid afa wɔ ɛberɛ a na ɔresane akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da akodɔm apem ano. 21Wɔboaa Dawid maa ɔtaa afomfafoɔ no, ɛfiri sɛ, na wɔyɛ akokoɔdurufoɔ ne akofoɔ akɛseɛ a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakodɔm mu. 22Adekyeeɛ biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kɔsii sɛ ɔnyaa asraadɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn deɛ.

23Yeinom ne akofoɔ akɛseɛ dodoɔ a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di ɔhene, sɛdeɛ Awurade ahyɛ ato hɔ no.

24Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem nsia ne aha nwɔtwe a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.

25Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem nson ne ɔha.

26Akodɔm a na wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem ɛnan ne ahansia (4,600). 27Na Yehoiada a ɔtua Aaron abusua no ano no wɔ akodɔm mpem mmiɛnsa ne ahanson (3,700) a wɔhyɛ nʼase. 28Saa ara nso na na Sadok, ɔbabunu ɔkofoɔ kɛseɛ ne nʼabusuafoɔ aduonu mmienu a wɔn nyinaa yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ ka ho.

29Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔyɛ Saulo abusuafoɔ no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem mmiɛnsa (3,000). Na Benyaminfoɔ no mu fa kɛseɛ no taa Saulo akyi ara.

30Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Efraim abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu ne aha nwɔtwe (20,800) a wɔn mu biara agye edin wɔ nʼabusua mu.

31Manase abusuakuo fa a na ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nso, wɔtuu mmarima mpem dunwɔtwe (18,000) a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi ɔhene.

32Ntuanofoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo mu ne wɔn abusuafoɔ dodoɔ yɛ ahanu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa ɛberɛ no ase, na wɔnim ɛkwan pa a ɛyɛ ma Israel nso.

33Akofoɔ a wɔakwadare akodie mu a wɔfiri Sebulon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonum (50,000). Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodie, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn.

34Wɔn a wɔfiri Naftali abusuakuo mu no yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ apem (1,000) ne akofoɔ akɛseɛ mpem aduasa nson (37,000) a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.

35Akofoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu nwɔtwe ne ahansia (28,600) a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.

36Akofoɔ akɛseɛ a wɔatete wɔn yie a wɔfiri Aser abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduanan (40,000) a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.

37Ruben, Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no maa asraadɔm mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akodeɛ ahodoɔ nyinaa.

38Saa asraafoɔ yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene.

Nokorɛm, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn ɔhene. 39Wɔne Dawid didiiɛ, nomeeɛ nnansa, ɛfiri sɛ, na wɔn abusuafoɔ no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn ɛkwan. 40Nnipa bi a wɔfiri akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuane tenaa wɔn mfunumu, nyoma ne anantwie so baeɛ. Wɔde asikyiresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsã, ngo, anantwie ne nnwan bebree baa afahyɛ no ase. Anigyeɛ a ɛnni kabea baa Israel asase so.

New Amharic Standard Version

1 ዜና መዋዕል 12:1-40

ከዳዊት ጋር የተቀላቀሉ ተዋጊዎች

1ዳዊት ከቂስ ልጅ ከሳኦል ፊት ሸሽቶ በጺቅላግ ሳለ ወደ እርሱ የመጡት ሰዎች እነዚህ ናቸው፤ እነርሱም በጦርነቱ ላይ ከረዱት ተዋጊዎች መካከል ነበሩ። 2ሰዎቹ ቀስተኞች ሲሆኑ፣ በቀኝም ሆነ በግራ እጃቸው ፍላጻ መወርወርና ድንጋይ መወንጨፍ የሚችሉ ነበሩ፤ እነርሱም ከብንያም ነገድ የሆነው የሳኦል ሥጋ ዘመዶች ነበሩ፤

3አለቃቸው አሒዔዝር ነበረ፤ ከእርሱም በኋላ ኢዮአስ ነበረ፤ ሁለቱም የጊብዓዊው የሸማዓ ልጆች ነበሩ፤

የዓዝሞት ልጆች ይዝኤልና ፋሌጥ፣ በራኪያ፣ ዓናቶታዊው ኢዩ፤

4ገባዖናዊው ሰማያስ ከሠላሳዎቹ መካከል ኀያልና የሠላሳዎቹም መሪ ነበረ፤

ኤርምያስ፣ የሕዚኤል፣ ዮሐናን፣ ገድሮታዊው ዮዛባት፣ 5ኤሉዛይ፣ ለኢያሪሙት፣ በዓልያ፣ ሰማራያ፣ ሐሩፋዊው ሰፋጥያስ፣

6ቆሬያውያኑ ሕልቃና፣ ይሺያ፣ ዓዘርኤል፣ ዮዛር፣ ያሾብዓም፤

7የጌዶር ሰው ከሆነው ደግሞ የይሮሐም ልጆች ዮዔላና ዝባድያ።

8ዳዊት በምድረ በዳ በሚገኘው ምሽጉ ውስጥ ሳለ፣ ከጋድ ነገድ የሆኑ ሰዎች መጥተው የእርሱን ሰራዊት ተቀላቀሉ፤ እነርሱም ለውጊያ የተዘጋጁ ጋሻና ጦር ለመያዝ የሚችሉ ብርቱ ተዋጊዎች ነበሩ፤ ፊታቸው እንደ አንበሳ ፊት የሚያስፈራና በየተራራውም ላይ እንደሚዘልል ሚዳቋ ፈጣኖች ነበሩ።

9የእነዚህም አለቃ ዔጼር ነበረ፤

ሁለተኛው አዛዥ አብድዩ፣ ሦስተኛው ኤልያብ፣

10አራተኛው መስመና፣ አምስተኛው ኤርምያስ፣

11ስድስተኛው ዓታይ፣ ሰባተኛው ኢሊኤል፣

12ስምንተኛው ዮሐናን፣ ዘጠነኛው ኤልዛባድ፣

13ዐሥረኛው ኤርምያስ፣ ዐሥራ አንደኛው መክበናይ።

14እነዚህ ጋዳውያን የጦር አዛዦች ነበሩ፣ ከእነርሱ ታናሽ የሆነው እንደ መቶ፣ ታላቅ የሆነው ደግሞ እንደ ሺሕ አለቃ ይቈጠር ነበር። 15በመጀመሪያው ወር የዮርዳኖስ ወንዝ ከአፍ እስከ ገደፍ ሞልቶ ሳለ፣ ወንዙን ተሻግረው በስተ ምሥራቅና በስተ ምዕራብ ሸለቆዎች ይኖሩ የነበሩትን ሁሉ ከዚያ ያባረሩት እነዚህ ሰዎች ነበሩ።

16ሌሎች ከብንያምና ከይሁዳም ወገን የሆኑ ሰዎች ዳዊት ወደሚገኝበት ምሽግ መጡ። 17ዳዊትም እነዚህን ሰዎች ሊቀበል ወጥቶ እንዲህ አላቸው፤ “የመጣችሁት ልትረዱኝና በሰላም ከሆነ፣ ከእኔ ጋር እንድትሰለፉ ልቀበላችሁ ዝግጁ ነኝ፤ ነገር ግን እጄ ከበደል ንጹሕ ሆኖ ሳለ፣ ለጠላቶቼ አሳልፋችሁ ልትሰጡኝ ከሆነ፣ የአባቶቻችን አምላክ ይመልከተው፤ ይፍረደውም።”

18ከዚያም የእግዚአብሔር መንፈስ በሠላሳዎቹ አለቃ በዓማሣይ ላይ ወረደ፤ እርሱም እንዲህ አለ፤

“ዳዊት ሆይ፤ እኛ የአንተ ነን፤

የእሴይ ልጅ ሆይ፤ እኛ ከአንተ ጋር ነን፤

ሰላም ፍጹም ሰላም ለአንተ ይሁን፤

አንተን ለሚረዱም ሁሉ ሰላም ይሁን፤

አምላክህ ይረዳሃልና።”

ስለዚህ ዳዊት ተቀበላቸው፤ የሰራዊቱም አለቃ አደረጋቸው።

19ዳዊት ከፍልስጥኤማውያን ጋር ተባብሮ ሳኦልን ለመውጋት በሄደ ጊዜ፣ ከምናሴ ነገድ የሆኑ ጥቂት ሰዎች ከድተው ከዳዊት ሰራዊት ጋር ተቀላቀሉ። እርሱ ግን ርዳታ አላደረገላቸውም፤ ምክንያቱም የፍልስጥኤማውያን ገዦች ምክር ካደረጉ በኋላ እንዲህ ሲሉ ልከውት ነበር፤ “ከድቶ ወደ ጌታው ወደ ሳኦል ቢሄድ እኛን ያስጨርሰናል።” 20ዳዊት ወደ ጺቅላግ በሄደ ጊዜ ከድተው ወደ እርሱ የተቀላቀሉ የምናሴ ነገድ ሰዎች እነዚህ ነበሩ፤ ዓድና፣ ዮዛባት፣ ይዲኤል፣ ሚካኤል፣ ዮዛባት፣ ኤሊሁ፣ ጺልታይ፤ እነዚህ በምናሴ ግዛት ሳሉ ሻለቆች ነበሩ። 21ሁሉም ብርቱ ተዋጊዎችና በዳዊትም ሰራዊት ውስጥ አዛዦች ስለ ነበሩ፣ አደጋ ጣዮችን በመውጋት ረዱት። 22ሰራዊቱም እንደ እግዚአብሔር ሰራዊት12፥22 ወይም፣ ታላቅና ኀያል ሰራዊት እስኪሆን ድረስ፣ ዳዊትን ለመርዳት በየዕለቱ ብዙ ሰዎች ይጐርፉ ነበር።

ሌሎችም በኬብሮን የዳዊትን ሰራዊት ተቀላቀሉ

23እግዚአብሔር ለዳዊት በገባለት ቃል ኪዳን መሠረት፣ የሳኦልን መንግሥት አንሥተው ለእርሱ ለመስጠት ዳዊት ወደሚገኝበት ወደ ኬብሮን የመጡት ሰዎች ቍጥር ይህ ነው፤

24ጋሻና ጦር አንግበው ለጦርነት የተዘጋጁት የይሁዳ ሰዎች ስድስት ሺሕ ስምንት መቶ፤

25ከስምዖን ነገድ ለጦርነት ዝግጁ የሆኑ ሰባት ሺሕ አንድ መቶ።

26ከሌዊ ነገድ አራት ሺሕ ስድስት መቶ፤ 27የአሮን ቤተ ሰብ መሪ የሆነውን ዮዳሄን ጨምሮ ሦስት ሺሕ ሰባት መቶ ሰዎች፤ 28ወጣቱ ብርቱ ተዋጊ ጻዶቅና ከቤተ ሰቡ ሃያ ሁለት የጦር አለቆች፤

29የሳኦል ሥጋ ዘመድ የሆኑ የብንያም ሰዎች ሦስት ሺሕ፤ ከእነዚህም አብዛኞቹ እስከዚያች ጊዜ ድረስ ለሳኦል ቤት ታማኝ ነበሩ፤

30ከኤፍሬም ሰዎች በጐሣዎቻቸው ዘንድ ታዋቂ የሆኑ ብርቱ ተዋጊዎች ሃያ ሺሕ ስምንት መቶ፤

31ከምናሴ ነገድ እኩሌታ ዐሥራ ስምንት ሺሕ ሰዎች፤ እነርሱም ዳዊትን ለማንገሥ በየስማቸው ተጽፈው የመጡ ነበሩ።

32ዘመኑን የተረዱና እስራኤላውያንም ምን ማድረግ እንደሚገባቸው የተገነዘቡ የይሳኮር ሰዎች ሁለት መቶ አለቆች፤ በእነርሱም ሥር ሆነው የሚታዘዙ ዘመዶቻቸው።

33ልምድ ያላቸው፣ በሁሉም ዐይነት መሣሪያ ለመዋጋት የተዘጋጁና ዳዊትን ለመርዳት የመጡት መንታ ልብ የሌላቸው የዛብሎን ሰዎች ሃምሳ ሺሕ፤

34ከንፍታሌም ሰዎች አንድ ሺሕ የጦር አለቆች፤ ከእነርሱም ጋር ጋሻና ጦር የያዙ ሠላሳ ሰባት ሺሕ ሰዎች፤

35ከዳን ሰዎች ለጦርነት የተዘጋጁ ሃያ ስምንት ሺሕ ስድስት መቶ፤

36ከአሴር ሰዎች ልምድ ያላቸውና ለጦርነት የተዘጋጁ ወታደሮች አርባ ሺሕ፤

37ከምሥራቅ ዮርዳኖስ ከሮቤል፣ ከጋድና ከምናሴ ነገድ እኩሌታ ልዩ ልዩ ዐይነት መሣሪያ የታጠቁ አንድ መቶ ሃያ ሺሕ ሰዎች።

38እነዚህ ሁሉ በሰራዊቱ ውስጥ ለማገልገል ፈቃደኞች የሆኑ ተዋጊዎች ናቸው።

ወደ ኬብሮን የመጡትም ዳዊትን በእስራኤል ሁሉ ላይ ለማንገሥ ወስነው ስለ ነበር ነው። የቀሩትም እስራኤላውያን ሁሉ ዳዊትን ለማንገሥ በአንድ ሐሳብ ጸኑ። 39የሚያስፈልጋቸውንም ቤተ ሰቦቻቸው አዘጋጅተውላቸው ስለ ነበር፣ ሰዎቹ እየበሉና እየጠጡ ከዳዊት ጋር ሦስት ቀን ቈዩ። 40እንዲሁም ሩቅ ከሆነው ከይሳኮር፣ ከዛብሎንና ከንፍታሌም አገር ሳይቀር ጎረቤቶቻቸው በአህያ፣ በግመል፣ በበቅሎና በበሬ ጭነው ምግብ አመጡላቸው፤ በእስራኤል ታላቅ ደስታ ስለሆነ ዱቄት፣ የበለስና የዘቢብ ጥፍጥፍ፣ የወይን ጠጅ፣ የወይራ ዘይት፣ የቀንድ ከብትና በጎች በገፍ ቀርበው ነበር።