Ɛster 3 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛster 3:1-15

Haman Pam Yudafoɔ Tiri So

1Mmerɛ bi akyi, ɔhene Ahasweros pagyaa Agagni Hamedata babarima Haman diberɛ, yɛɛ no ɔsoafoɔ panin wɔ ahemman no mu ma ɔbɛyɛɛ ɔhene abadiakyire. 2Sɛ Haman retwam a, ɔhene mpanimfoɔ bɔ wɔn mu ase, de kyerɛ obuo ne anidie a wɔwɔ ma no, ɛfiri sɛ, saa na ɔhene ahyɛ. Nanso, Mordekai ammɔ ne mu ase da, na wankyerɛ obuo ne anidie nso da.

3Ahemfie mpanimfoɔ a wɔwɔ ɔhene ɛpono ano no bisaa Mordekai sɛ, “Adɛn enti na worebu ɔhene ɔhyɛ nsɛm so?” 4Adeɛ akye a ade asa yi, wɔkasa kyerɛɛ no nanso ɔkɔɔ so buu ɔhyɛ nsɛm no so. Enti, wɔbɔɔ Haman amaneɛ hwɛɛ sɛ ɔbɛpene Mordekai suban no so anaa, ɛfiri sɛ, na Mordekai aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.

5Ɛberɛ a Haman hunuu sɛ Mordekai nkoto no, anaa ɔnnkyerɛ no obuo ne anidie no, ne bo fuiɛ. 6Enti, Haman yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremfa ne nsa nka Mordekai nko ara. Esiane sɛ na wate sɛ Mordekai yɛ Yudani no enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtɔre Yudafoɔ a wɔwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa ase.

7Na ɔbosome Nisan (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedie mfeɛ dumienu so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ ɛda pa ne bosome a ɛfata sɛ wɔdi dwuma no. Na da a wɔyiiɛ no yɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu.

8Na Haman kɔɔ ɔhene Ahasweros nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnipa bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete amantam a ɛwɔ wʼahemman yi nyinaa so. Wɔn mmara ne ɔman foforɔ biara deɛ bɔ abira, na mpo, wɔbu ɔhene mmara so. Ɛno enti, ɛnyɛ mma ɔhene sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔatena ase. 9Sɛ ɛbɛtumi a, Ɔhene kɛseɛ, hyɛ mmara na wɔntɔre wɔn ase, na mɛma aban amammufoɔ dwetɛ tɔno 375, na wɔde agu adehyeɛ fotoɔ no mu.”

10Ɔhene no penee so, worɔɔ ne pɛtea de maa Agagni Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no de sii asɛm no so dua.3.10 Na wɔde adehyekawa hyɛ wɔn mmara mu den. 11Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ, “Ma sika no ntena hɔ, nanso wo ne nnipa no nni no sɛdeɛ wopɛ no biara.”

12Nisan bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so dunson no, Haman frɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ ma ɔkaa deɛ ɔpɛ sɛ ɔtwerɛ de kɔma mmapɔmma, amantam amradofoɔ a wɔwɔ mmea nyinaa, adwumayɛfoɔ a wɔwɔ amantam no mu, ma wɔtwerɛɛ no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɔhene Ahasweros na wɔde ne din hyɛɛ nkrataa no ase, na wɔde ne kawa no sosɔɔ ano, 13na wɔde somaa abɔfoɔ maa wɔde kokɔɔ amantam a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa. Nkrataa no hyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkunkum Yudafoɔ nyinaa, mmɔfra ne mpanin, a mmaa ne mmɔfra ka ho, tɔre wɔn ase ɛda koro. Wɔhyɛɛ sɛ, saa asɛm yi nsi wɔ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson, a ɛyɛ afe akyi a wɔhyɛɛ mmara no. Yudafoɔ agyapadeɛ no, wɔde bɛma wɔn akumfoɔ. 14Wɔde mmara no sɛso bi bɛkokɔ amantam no nyinaa so, na wɔbɛma ɔmanfoɔ nyinaa nso ate mu nsɛm, sɛdeɛ wɔbɛtumi adi dwuma no wɔ ɛda a wɔahyɛ no so.

15Ɔhene no hyɛ maa wɔde mmara no somaa abɔfoɔ a wɔn ho yɛ herɛ na wɔbɔɔ no dawuro wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nomm nsã; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛster 3:1-15

Haman Pam Yudafo Ti So

1Eyinom akyi no, ɔhene Ahasweros pagyaw Agagni Hamedata babarima Haman dibea, yɛɛ no ɔsoafo panyin wɔ ahemman no mu ma ɔbɛyɛɛ ɔhene abediakyiri. 2Sɛ Haman reba a, ɔhene mpanyimfo no bɔ wɔn mu ase de kyerɛ obu ne nidi a wɔwɔ ma no, efisɛ saa na ɔhene ahyɛ. Nanso Mordekai ammɔ ne mu ase da, na wankyerɛ obu ne nidi nso da.

3Ahemfi mpanyimfo a wɔwɔ ɔhene pon ano no bisaa Mordekai se, “Adɛn nti na worebu ɔhene mmara so?” 4Wɔkasa kyerɛɛ no mpɛn pii nanso ɔkɔɔ so buu mmara no so. Enti wɔbɔɔ Haman amanneɛ hwɛɛ sɛ ɔbɛpene Mordekai suban no so ana, efisɛ na Mordekai aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.

5Bere a Haman huu sɛ Mordekai nkotow no, anaa ɔnna obu ne nidi adi nkyerɛ no no, ne bo fuwii. 6Enti Haman yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔrenhaw Mordekai nko ara. Esiane sɛ na wate sɛ Mordekai yɛ Yudani no nti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛhwehwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so de atɔre Yudafo a wɔwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa ase.

7Na ɔsram Abib (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedi mfe dumien so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ da ne ɔsram a ɛfata sɛ wɔhyɛ fa no. Na da a woyii no yɛ Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu.

8Na Haman kɔɔ ɔhene Ahasweros nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nnipa bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete amantam a ɛwɔ wʼahenni yi nyinaa so. Wɔn mmara ne ɔman foforo biara de bɔ abira, na mpo, wobu ɔhene mmara so. Ɛno nti, enye mma ɔhene sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔatena ase. 9Sɛ ebetumi a, Ɔhempɔn, hyɛ mmara na wɔntɔre wɔn ase, na mɛma aban amammuifo dwetɛ tɔn ahaasa aduɔson anum na wɔde agu adehye foto no mu.”

10Ɔhene no penee so, worɔw ne pɛtea de maa Agagni Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no de sii asɛm no so dua.3.10 Na wɔde adehyekaa na ɛhyɛ wɔn mmara mu den. 11Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “Ma sika no ntena hɔ, nanso wo ne nnipa no nni no sɛnea wopɛ no biara.”

12Abib (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so dunson no, Haman frɛɛ ɔhene akyerɛwfo ma ɔkaa nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛw de kɔma mmapɔmma, amantam amradofo a wɔwɔ mmeae nyinaa, adwumayɛfo a wɔwɔ amantam no mu ma wɔkyerɛw no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɔhene Ahasweros na wɔde ne din hyɛɛ nkrataa no ase, na wɔde ne kaa no sɔw ano, 13na wɔde somaa abɔfo ma wɔde kokɔɔ amantam a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa. Nkrataa no hyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wokunkum Yudafo nyinaa, mmofra ne mpanyin, mmea ne mmarima, tɔre wɔn ase da koro na wɔfa wɔn agyapade. Wɔhyɛɛ sɛ, saa asɛm yi nsi wɔ Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason, a ɛyɛ afe akyi a wɔhyɛɛ mmara no. 14Wɔde mmara no sɛso bi bɛkɔ amantam no nyinaa so, na wɔbɛma ɔmanfo nyinaa nso ate mu nsɛm, sɛnea wobetumi adi dwuma no wɔ da a wɔahyɛ no.

15Ɔhene no hyɛ ma wɔde mmara no somaa abɔfo a wɔn ho yɛ hare ma wɔbɔɔ no dawuru wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nom nsa; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa.