Ɔsɛnkafoɔ 9 – ASCB & OL

Asante Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafoɔ 9:1-18

Hyɛberɛ A Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Nyinaa

1Enti medwenee yeinom nyinaa ho na mehunuu sɛ ateneneefoɔ, anyansafoɔ ne deɛ wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no. 2Wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ baako; ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ ne wɔn a wɔmmɔ.

Sɛdeɛ ɛte ma onipa pa no,

saa ara na ɛte ma ɔbɔnefoɔ;

sɛdeɛ ɛte ma wɔn a wɔka ntam no,

saa ara na ɛte ma wɔn a wɔsuro sɛ wɔbɛka ntam.

3Yei ne bɔne a ɛwɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu. Hyɛberɛ baako ba yɛn nyinaa so. Deɛ ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa akoma mu ma na abɔdamsɛm wɔ wɔn akoma mu ɛberɛ a wɔwɔ nkwa mu, na akyire no, wɔkɔka awufoɔ ho. 4Obiara a ɔka ateasefoɔ ho no wɔ anidasoɔ, mpo ɔkraman a ɔte ase yɛ sene gyata a wawuo.

5Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwu,

nanso awufoɔ nnim hwee;

wɔnni akatua biara bio,

na wɔn ho nkaeɛ mpo ayera.

6Wɔn dɔ, ɔtan

ne ninkunu atu ayera dada;

wɔnni hwee yɛ wɔ

biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu.

7Enti kɔ, fa anigyeɛ di wʼaduane, na fa ahosɛpɛ akoma nom wo nsã, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ yi na Onyankopɔn pene deɛ woyɛ so. 8Ɛberɛ biara ma wʼaduradeɛ nyɛ fitaa na fa ngohwam sra wo tirim. 9Wo ne wo yere monnye mo ani, ɔbaa a wo dɔ noɔ no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhudeɛ nna no. Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwa nna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase. 10Deɛ wo nsa bɛso mu biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ damena a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwendwene, nhunumu ne nimdeɛ nni hɔ.

11Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase:

Mmirikakansie nni hɔ mma deɛ ne ho yɛ herɛ

anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfoɔ,

aduane mma onyansafoɔ nkyɛn

anaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ hɔ

na adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn;

nanso berɛ ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.

12Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso:

Sɛdeɛ asau tumi kyere mpataa,

ne sɛdeɛ afidie yi nnomaa no

saa ara na mmerɛ bɔne to nnipa

wɔ ɛberɛ a wɔn ani nni wɔn ho so.

Nimdeɛ Yɛ Sene Nkwaseasɛm

13Bio, mehunuu saa nimdeɛ ho nhwɛsoɔ yi wɔ owia yi ase ma ɛtɔɔ me so yie: 14Ɛberɛ bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a emu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi to hyɛɛ kuropɔn yi so. Ɔtwaa ho hyiaeɛ na ɔsisii mpie akɛseɛ tiaa no. 15Na ohiani bi a ɔnim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no. 16Enti mekaa sɛ, “Nimdeɛ yɛ sene ahoɔden.” Nanso wɔbuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.

17Ɛsɛ sɛ wɔtie onyansafoɔ nsɛm a ɔka no brɛoo no

na ɛnyɛ nkwaseafoɔ sodifoɔ nteateam.

18Nimdeɛ yɛ sene akodeɛ,

nanso ɔdebɔneyɛfoɔ baako sɛe nnepa bebree.

O Livro

Eclesiastes 9:1-18

O destino de todos

1Também isto cuidadosamente tomei em consideração, que os justos e os sábios estão dependentes da vontade de Deus. Os homens não sabem sequer se virão a conhecer o amor ou o ódio. Não podem prever coisa nenhuma. 2Acontece o mesmo a toda a gente, tanto ao justo como ao ímpio, ao bom e ao mau, ao puro e ao impuro, ao que consagra sacrifícios e louvores e àquele que não os oferece. O que acontece com o homem bom, ocorre também com o pecador, e o que faz juramentos passa pelas mesmas circunstâncias que aquele que evita jurar.

3Essa é a razão por que os homens não procuram ser bons e escolhem os seus maus caminhos; porque na vida não lhes resta senão, como esperança, a morte. 4A esperança é apenas para os vivos. Um cão vivo vale mais que um leão morto!

5Os vivos, esses sabem, pelo menos, que hão de morrer! Os mortos não sabem nada, nem sequer têm memória. 6Tudo o que fizeram, os seus amores, ódios, invejas, tudo se foi com eles e já não têm participação, de espécie alguma, naquilo que se passa aqui na Terra. 7Por isso, come e bebe com alegria, porque Deus já se agradou do que fazes! 8Veste sempre roupa de festa e nunca deixes de ungir a tua cabeça com óleo! 9Vive feliz com a mulher que amas, cada dia da breve existência que Deus te concede aqui no mundo. Esse é o quinhão com que Deus te recompensa pelo que passas aqui em baixo. 10Tudo o que fizeres, fá-lo bem, porque no mundo dos mortos9.10 Sheol. Segundo o pensamento hebraico do Antigo Testamento, é o lugar dos mortos, mas não necessariamente como um sepulcro ou sepultura, que é um lugar de morte e definhamento, mas sim um lugar de existência consciente, embora sombria e infeliz., para onde acabarás por ir, não há realizações, nem planos para fazer, nem coisas para compreender e analisar.

11Voltei-me de novo para o que se passa sobre a face da Terra e vi que os que correm mais rápido não são sempre os que ganham as corridas, nem são os mais fortes que ganham sempre as batalhas. Também vi que os homens mais sábios são frequentemente pobres e que os mais capazes não são necessariamente famosos; o tempo e a sorte sobrevêm a todos.

12O ser humano nunca é capaz de prever quando sobrevirão tempos maus. Como o peixe capturado na rede ou o pássaro apanhado na armadilha, assim vê a desgraça cair-lhe em cima, repentinamente.

A sabedoria é melhor que a tolice

13Há ainda outra coisa que me impressionou bastante, enquanto observava os assuntos dos homens. 14Havia uma pequena localidade, apenas com alguns habitantes. Veio um poderoso rei atacá-la com o seu exército e sitiá-la com grandes engenhos bélicos. 15Vivia ali um homem sábio, muito pobre, que sabia como salvar aquela povoação, mas ninguém se preocupou em ir ter com ele. 16Então dei-me conta de que, apesar da sabedoria ser melhor do que a força, se uma pessoa sábia for pobre será desprezada, e aquilo que ela disser não será tido em consideração. 17Mesmo assim, vale mais escutar as palavras sábias de um homem sensato, falando calmamente, do que os gritos dum rei de tolos. 18A sabedoria tem mais valor do que um arsenal de guerra, mas um só erro é capaz de destruir os bens que ela concede.