Ɔsɛnkafoɔ 3 – ASCB & APSD-CEB

Asante Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafoɔ 3:1-22

Biribiara Wɔ Ne Ɛberɛ

1Biribiara wɔ ne berɛ,

na dwumadie biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne berɛ.

2Awoɔ wɔ ne berɛ, na owuo wɔ ne berɛ,

ogu wɔ ne berɛ, na otwa nso wɔ ne berɛ,

3ɔkum wɔ ne berɛ, na ayaresa wɔ ne berɛ,

ɔbubu wɔ ne berɛ, na ɔsi nso wɔ ne berɛ,

4agyaadwotwa wɔ ne berɛ, na ɔsereɛ nso wɔ ne berɛ,

awerɛhoɔ wɔ ne berɛ, na asa wɔ ne berɛ,

5aboɔ hweteɛ wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ,

akwaaba wɔ ne berɛ, na nanteyie wɔ ne berɛ,

6adehwehwɛ wɔ ne berɛ, na adehwereɛ wɔ ne berɛ,

adekora wɔ ne berɛ, na adetoguo wɔ ne berɛ,

7adeɛ mu sunsuane wɔ ne berɛ, na ne pempam wɔ ne berɛ,

kommyɛ wɔ ne berɛ, na kasa wɔ ne berɛ,

8ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtan wɔ ne berɛ,

ɔko wɔ ne berɛ, na asomdwoeɛ wɔ ne berɛ.

9Mfasoɔ bɛn na odwumayɛfoɔ nya firi nʼadwumaden mu? 10Mahunu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so. 11Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne berɛ mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa akoma mu, nanso wɔntumi nte deɛ Onyankopɔn ayɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no ase. 12Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma nnipa kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wayɛ deɛ ɛyɛ ɛberɛ a wɔte ase. 13Sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ. 14Menim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yɛ yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no.

15Biribiara a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ no, aba pɛn,

na deɛ ɛbɛba no nso aba dada;

na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo.

16Na mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase sɛ:

Amumuyɛsɛm wɔ deɛ atemmuo wɔ,

atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm wɔ hɔ.

17Medwenee wɔ mʼakomam sɛ,

“Onyankopɔn bɛbu

teneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn,

ɛfiri sɛ adwuma biara bɛnya ne berɛ,

adeyɛ biara ne ne berɛ.”

18Afei medwenee sɛ, “Nnipa deɛ, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wɔhunu sɛ wɔte sɛ mmoa. 19Onipa hyɛberɛ te sɛ mmoa deɛ, na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛdeɛ ɔbaako wuo no, saa ara na ɔfoforɔ nso wuo. Wɔn nyinaa wɔ ahomeɛ baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhudeɛ. 20Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu na wɔsane kɔ dɔteɛ mu. 21Hwan na ɔnim sɛ onipa honhom foro soro, na aboa deɛ siane kɔ asase mu anaa?”

22Enti mehunuu sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, ɛfiri sɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hwan na ɔbɛtumi de no asane aba sɛ ɔmmɛhwɛ deɛ ɛbɛsi ne wuo nʼakyi?

Ang Pulong Sa Dios

Magwawali 3:1-22

May Gitakda nga Panahon alang sa Matag Buluhaton

1May gitakda nga panahon alang sa matag buluhaton dinhi sa kalibotan:

2May panahon sa pagkatawo ug may panahon sa pagkamatay,

may panahon sa pagtanom ug may panahon sa pag-ani,

3may panahon sa pagpatay ug may panahon sa pagtambal,

may panahon sa pagguba ug may panahon sa pagtukod,

4may panahon sa paghilak ug may panahon sa pagkatawa,

may panahon sa pagsubo ug may panahon sa pagmaya,

5may panahon sa pagkatag sa mga bato ug may panahon sa pagtigom niini,

may panahon sa paggaksanay ug may panahon sa pagbulagay,

6may panahon sa pagpangita ug may panahon sa pag-undang sa pagpangita,

may panahon sa pagtipig ug may panahon sa paglabay,

7may panahon sa paggisi ug may panahon sa pagtahi,

may panahon sa paghilom ug may panahon sa pagsulti,

8may panahon sa paghigugma ug may panahon sa pagkasilag,

may panahon sa kagubot ug may panahon sa kalinaw.

9Kon kining mga panahona gitakda na sa Dios, unsa may kapuslanan sa paghago sa tawo? 10Nakita ko ang mga buluhaton nga gihatag sa Dios nga kabalak-an sa tawo, 11ug kining tanan gitakda sa Dios nga mahitabo sa husto nga panahon. Gihatagan niya kita ug tinguha nga masayod sa umaabot, apan dili gayod nato matugkad ang iyang gipanghimo gikan sa sinugdanan hangtod sa kataposan. 12Nasayod ako nga ang labing maayong buhaton sa tawo samtang buhi pa siya mao ang paglipay, ang pagpaharuhay, 13ang pagkaon ug pag-inom, ug magpahimulos sa ilang hinagoan kay kining mga butanga grasya sa Dios. 14Nasayod ako nga ang tanang ginahimo sa Dios magapadayon hangtod sa kahangtoran, ug dili kini madugangan o makuhaan. Gihimo kini sa Dios aron nga motahod ang tawo kaniya. 15Ang nagakahitabo karon ug ang mahitabo sa umaabot nahitabo na kaniadto. Ginabalik-balik lang sa Dios ang mga panghitabo.

16Nakita ko usab dinhi sa kalibotan nga nagahari ang kadaotan imbis nga ang hustisya ug pagkamatarong. 17Miingon ako sa akong kaugalingon, “Hukman sa Dios ang mga tawong matarong ug ang mga daotan, kay may gitakda siya nga panahon sa matag buluhaton.” 18Ginasulayan sa Dios ang mga tawo aron ipakita kanila nga sama ra sila sa mananap. 19Managsama ang dangatan sa tawo ug sa mananap; managsama silang mamatay. Managsama usab silang may gininhawa, busa ang tawo wala makabintaha sa mananap. Tinuod gayod nga ang tanan walay kapuslanan. 20Managsama ang padulngan sa tanang buhing binuhat. Silang tanan gikan sa yuta, ug sa yuta usab sila mobalik. 21Kinsay nasayod kon ang espiritu sa tawo moadto sa itaas ug ang espiritu sa mananap moadto sa ilalom sa yuta? 22Busa nasuta ko nga ang labing maayong himuon sa tawo mao ang pagpahimulos sa iyang hinagoan, kay alang gayod kana kaniya. Walay makasugilon sa tawo kon unsa ang mahitabo human siya mamatay.